Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Amos 1:3 - KYERƐW KRONKRON

3 Sɛ AWURADE se ni: Damasko amumɔyɛ ntoatoaso nti merennan n’asotwe no, sɛ wɔde dade awiporowade dwerɛw Gilead nti:

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

3 Sɛ AWURADE seɛ nie: Damasko amumuyɛ ntoatoasoɔ nti merennane n’asotwe no, sɛ wɔde dadeɛ ayuporeɛadeɛ dwerɛɛ Gilead nti.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Nea Awurade se ni: “Damasko ayɛ bɔne bebree ama no atra so ɛno nti, merennan mʼabufuw. Efisɛ ɔde awiporowbea ade a ɛwɔ dade se dwerɛw Gilead.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

3 Sɛ AWURADE seɛ nie: Damasko amumuyɛ ntoatoasoɔ nti merennane n’asotwe no, sɛ wɔde dadeɛ ayuporeɛadeɛ dwerɛɛ Gilead nti.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Deɛ Awurade seɛ nie: “Damasko ayɛ bɔne bebree ama no atra so ɛno enti, merennane mʼabufuo. Ɛfiri sɛ, ɔde ayuporeeɛ adeɛ a ɛwɔ dadeɛ se dwerɛɛ Gilead.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

3 Sɛ AWURADE se ni: Damasko amumɔyɛ ntoatoaso nti merennan n’asotwe no, sɛ wɔde dade awiporowade dwerɛw Gilead nti:

Ver Capítulo Copiar




Amos 1:3
26 Referencias Cruzadas  

Na nea obefi Hasael nkrante ano no, Yehu bekum no, na nea obefi Yehu nkrante ano no, Elisa bekum no.


Na AWURADE bo fuw hyɛɛ Israel, na ɔde wɔn hyɛɛ Siria hene Hasael nsa, ne Hasael ba Ben-hadad nsa nna nyinaa.


Na wɔannyaw dɔm bi amma Yoahas gye apɔnkɔsotefo aduonum ne nteaseɛnam du ne anammɔnmufo ɔpedu, efisɛ Siria hene asɛe wɔn, na wayɛ wɔn sɛ mfutuma a wotiatia so.


Na Asaria hene tiee no, na Asaria hene foro baa Damasko, na ɔbɛfae, na otuu wɔn kɔtenaa Kir, na okum Resin.


Na Hasael kae sɛ: Ɛdɛn nti na me wura resu? Na ose: Efisɛ minim bɔne a wobɛyɛ Israelfo. Wɔn nkurow a ɛyɛ den no wobɛtoto mu gya, na wode nkrante bekunkum wɔn mmerante, na woatetew wɔn nkokoaa ahwehwe fam, na woapaapae wɔn apemfo mu.


Mpɛn du ni a moasopa me, mo ani nwu sɛ mohow me werɛ.


Obeyi wo afi ahohia asia mu, na nea ɛto so ason no mu, bɔne renka wo.


Ade asia yi na AWURADE tan, Yiw na ade ason na ɛyɛ ne kra akyide,


Kyɛ mu ma nnipa baasɔn anaa baawɔtwe mpo, na wunnim bɔne ko a ɛbɛba asase so.


Na ɛnyɛ awiporow ade na wɔde porow ɛme, na teaseɛnam nan mfa tɛtɛ so; na poma na wɔde boro me, na wɔde abaa boro tɛtɛ.


Hwɛ, mede wo mɛyɛ ɔporow afiri nnamnam foforo anofanu, na woaporow mmepɔw ayam no dukuduku, na woayɛ nkoko sɛ ntɛtɛwa.


na abarimaa no nnya nhuu bɔne kyi, ne papa fa no, wobegyaw asase a wusuro n’ahene baanu anim no.


na Aram ti ne Damasko, na Damasko ti ne Resin. Na ɛha mfirihyia aduosia anum no, wobebubu Efraim na anyɛ ɔman bio.


Na abarimaa no nnya nhuu agya anaa ɛna frɛ no, wɔbɛsoa Damasko ahoɔden ne Samaria asade adi Asaria hene anim.


Sɛ AWURADE se ni: Edom amumɔyɛ abiɛsa ne anan nti merennan n’asotwe no, sɛ ɔde afoa tiw ne nua, na ne yam anhyehye no, na n’abufuw sɛe ade ara, na ɔyɛ n’abohuru no so ade daa nti.


Sɛ AWURADE se ni: Amonfo amumɔyɛ ntoatoaso nti merennan wɔn asotwe no, sɛ bere a wogu so retrɛw wɔn ahye mu no mpo, wɔpaepae Gilead apemfo mu nti


Sɛ AWURADE se ni: Gasa amumɔyɛ ntoatoaso nti merennan n’asotwe no, sɛ wotuu atukɔfo dodow, ɔman mu, kɔe sɛ wɔde wɔn rekɔhyɛ Edom nsa nti.


Sɛ AWURADE se ni: Tiro amumɔyɛ ntoatoaso nti merennan n’asotwe no, sɛ wɔde atukɔfo dodow, ɔman mu hyɛɛ Edom nsa, na wɔankae anuanom apam no nti.


Sɛ AWURADE se ni: Moab amumɔyɛ ntoatoaso nti merennan n’asotwe no, sɛ ɔhyew Edom hene nnompe sɛ akadoo nti.


Sɛ AWURADE se ni: Yuda amumɔyɛ ntoatoaso nti merennan n’asotwe no, sɛ wɔapa AWURADE mmara na wɔanni n’ahyɛde so, na wɔn atoro a wɔn agyanom dii akyiri no ma wɔwɔ ntwɛtwɛdɛ nti.


Sɛ AWURADE se ni: Israel amumɔyɛ ntoatoaso nti merennan n’asotwe no, sɛ wɔtɔn ɔtreneeni gye dwetɛ, na mpaboa nti wɔtɔn ohiani.


Eyi ne Awurade asɛm. Awurade atemmusɛm wɔ Hadrak asase so, ne Damasko ne n’asoɛe; na sɛnea Israel mmusuakuw yɛ Awurade de no, saa ara na Aram ne ne nkuropɔn nso yɛ ne de.


Na saa ara na ɔbɛyɛ Hamat, Tiro ne Sidon, sɛ wosusuw sɛ wonim nyansa mpo a.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios