Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Amos 1:2 - KYERƐW KRONKRON

2 Na ose: AWURADE fi Sion bobom, na ofi Yerusalem ma ne nne so; na nguanhwɛfo adidibea no atwintwam, na Karmel atifi akisa.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

2 Na ɔse: AWURADE firi Sion bobom, na ɔfiri Yerusalem ma ne nne so; na nnwanhwɛfoɔ adidibea no atwintwam, na Karmel atifi akusa.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Ɔkae se, “Awurade bobɔ mu fi Sion bepɔw so na ɔde aprannaa nnyigyei nso fi Yerusalem; nguanhwɛfo mmoa adidibea rehyew na Karmel atifi nso kisa.”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

2 Na ɔse: AWURADE firi Sion bobom, na ɔfiri Yerusalem ma ne nne so; na nnwanhwɛfoɔ adidibea no atwintwam, na Karmel atifi akusa.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Ɔkaa sɛ: “Awurade bobom firi Sion bepɔ so na ɔde aprannaa nnyegyeeɛ nso firi Yerusalem; nnwanhwɛfoɔ mmoa adidibea rehye na Karmel atifi nso kusa.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

2 Na ose: AWURADE fi Sion bobom, na ofi Yerusalem ma ne nne so; na nguanhwɛfo adidibea no atwintwam, na Karmel atifi akisa.

Ver Capítulo Copiar




Amos 1:2
23 Referencias Cruzadas  

Na AWURADE fi Sion bobom, na ofi Yerusalem ma ne nne so, na ɔsoro ne asase wosowosow; nanso AWURADE yɛ guankɔbea ma ne man, ne aban a ɛyɛ den ma Israel mma.


Enti hyɛ nsɛm yi nyinaa ho nkɔm kyerɛ wɔn, na se wɔn sɛ: AWURADE fi sorosoro bobom, na ɔma ne nne so fi tenabea kronkron hɔ, ɔpae na ɔpaepae mu gu ne nguan yɛmmea so, ɔbɔ ose sɛ bobe abawɔwfo hyɛ asase no sofo nyinaa.


na sɛ wokohintaw Karmel atifi koraa mpo a, mɛtwe wɔn makɔfa wɔn mafi hɔ; na sɛ wofi m’anim kohintaw ɛpo ase mpo a, ɛhɔ na mɛhyɛ po mu wɔ na wakeka wɔn;


Enkosi da bɛn na asase no nni nkɔmmɔ, na afum ahaban ntwintam? Ɛsofo bɔne no nti mmoa ne nnomaa awie sa, efisɛ wɔka sɛ: Ɔrenhu yɛn awiei.


AWURADE befi adi sɛ dɔmmarima, ɔbɛhwanyan n’abufuw mu sɛ ɔkofoni; obehuro, ɔbɛbɔ ose; obedi n’atamfo so abaninsɛm.


Ɔteɛteɛ ɛpo ma ɛyow, na ɔma nsuten nyinaa mem; Basan ne Karmel twintwam, Lebanon nhwiren nso twintwam;


Na AWURADE ma ne nne so, ne dɔm no anim; na ne nsraban no so sɛ, na nea odi n’asɛm so no ho yɛ den, na AWURADE da no so na ɛyɛ hu sɛ, na hena na obetumi agyina ano?


mɛtow mahyɛ wɔn so sɛ osisi a wɔafa ne mma, na matetew wɔn koko a wɔn koma da mu, na mawe wɔn hɔ sɛ gyatabere; wuram mmoa besunsuane wɔn mu.


na mede Israel masan maba ne yɛmmea, na wabedidi Karmel ne Basan, na ne kra amee, Efraim bepɔw so ne Gilead.


Yuda di nkɔmmɔ, na ne nkurow apon agurogurow, wɔde awerɛhow si wɔn ti ase twann, na Yerusalem nteɛm foro kɔ soro.


nhwiren ara na ebegu, ahosɛpɛw ne osebɔ mu ara na ebedi ahurusi; wɔde Lebanon anuonyam, Karmel ne Saron ahyehyɛde, bɛma no; wobehu AWURADE anuonyam, yɛn Nyankopɔn ahyehyɛde no.


Asase redi nkɔmmɔ, akisa; Lebanon ani awu, na aguan koraa; Saron adan anweatam, Basan ne Karmel so nhaban apo.


Ɔhene ho hu te sɛ gyata mmobom, nea oyi no abufuw no yɛ ne kra bɔne.


Na ɔbarima bi wɔ Maon a n’adwuma wɔ Karmel, na ɔbarima no yɛ onipa kɛse. Ɔwɔ nguan mpensa ne mmirekyi apem; na ɔretwitwa ne nguan ho wɔ Karmel.


Amanaman yɛ hoo, ahenni wosowosow, ɔma ne nne so ma asase nan.


Adiyifo a wodii m’anim ne w’anim fi teteete no, wɔhyehyɛɛ nsaase bebree ne ahenni akɛse akodi ne bɔne ne owuyare ho nkɔm.


Wobedi AWURADE a ɔbɛbobom sɛ gyata akyi; na Yiw! Ɔbɛbobom, na mma de ahopopo afi po akyi aba.


Wo, AWURADE, na misu mefrɛ wo, efisɛ ogya ahyew sare so wura momono, na ogyaframa ahyew petee mu nnua nyinaa.


AWURADE nne mu yɛ den sɛ, AWURADE nne mu wɔ anuonyam.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios