Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Amos 1:1 - KYERƐW KRONKRON

1 Amos a ɔwɔ Tekoa nguanhwɛfo mu nsɛm a ohui n’ani so, Israel ho, Yuda hene Usia bere so ne Israel hene Yeroboam a ɔyɛ Yoas ba bere so, mfe abien ansa na asasewosow no bae ni.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

1 Amos a ɔwɔ Tekoa nnwanyɛnfoɔ mu nsɛm a ɔhunuu no n’ani soɔ, Israel ho, ɛwɔ Yudahene Usia berɛ soɔ ne Israelhene Yeroboam a ɔyɛ Yoas ba berɛ soɔ, mfeɛ mmienu ansa na asasewosoɔ no reba nie.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Amos, Tekoa nguanhwɛfo no mu baako nsɛm ni. Onyaa saa anisoadehu yi a ɛfa Israel ho mfe abien ansa na asase wosowee, bere a Usia di hene wɔ Yuda na Yoas babarima Yeroboam nso di hene wɔ Israel no.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

1 Amos a ɔwɔ Tekoa nnwanyɛnfoɔ mu nsɛm a ɔhunuu no n’ani soɔ, Israel ho, ɛwɔ Yudahene Usia berɛ soɔ ne Israelhene Yeroboam a ɔyɛ Yoas ba berɛ soɔ, mfeɛ mmienu ansa na asasewosoɔ no reba nie.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Amos, Tekoa nnwanhwɛfoɔ no mu baako nsɛm nie. Ɔnyaa saa anisoadehunu yi a ɛfa Israel ho mfeɛ mmienu ansa na asase wosooɛ no, ɛberɛ a Usia di ɔhene wɔ Yuda na Yoas babarima Yeroboam nso di ɔhene wɔ Israel no.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

1 Amos a ɔwɔ Tekoa nguanhwɛfo mu nsɛm a ohui n’ani so, Israel ho, Yuda hene Usia bere so ne Israel hene Yeroboam a ɔyɛ Yoas ba bere so, mfe abien ansa na asasewosow no bae ni.

Ver Capítulo Copiar




Amos 1:1
23 Referencias Cruzadas  

Na Yoab soma kɔɔ Tekoa kɔfaa ɔbea nyansafo bi fi hɔ bae na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Dan wo ho oyiyɛfo, na hyɛ ayiyɛ ntade nanso nsra ngo, na yɛ sɛ ɔbea a ofi gyam owufo akyɛ.


Ɛnna ofii hɔ kɔe. Na okohuu Safat ba Elisa sɛ ɔrefɛtɛw; anantwi mpamho dumien na edi n’anim, na ɔno ne nea ɛto so dumien na ɛrefuntum; na Elia sen baa ne nkyɛn, na ɔtow ne nguguso guu no so.


Ɛnna Yuda man no nyinaa faa Asaria a wadi mfe dunsia no na wosii no hene sii n’agya Amasia ananmu.


Yuda hene Amasia, Yoas ba, afe a ɛto so dunum so na Israel hene Yeroboam, Yoas ba, bedii hene, Samaria, mfe aduanan biako.


na ɔkyekyee Betlehem ne Etam ne Tekoa,


Na wɔsɔree anɔpatutu, na wofii adi kɔɔ Tekoa sare so; na wɔrefi adi no, Yehosafat gyinae na ɔkae sɛ: Yuda ne Yerusalemfo, muntie me. Munnye AWURADE mo Nyankopɔn nni, na mubetim, na munnye n’adiyifo no nni, na mubedi yiye.


Bere bi a Mose rehwɛ n'ase Yetro, Midian sɔfo no, nguan, na ɔkaa wɔn de wɔn kɔɔ sare no akyi noho, na oduu Onyankopɔn bepɔw Horeb ho.


Amos ba Yesaia anisoade a ohui Yuda ne Yerusalem ho. Yuda ahene Usia ne Yotam ne Ahas ne Hesekia bere so.


Hilkia ba Yeremia a ofi asɔfo a wɔwɔ Anatot, Benyamin asase so, no nsɛm ni.


Adiyifo a wodii m’anim ne w’anim fi teteete no, wɔhyehyɛɛ nsaase bebree ne ahenni akɛse akodi ne bɔne ne owuyare ho nkɔm.


O Benyamin mma, mommɔ mo ho aguaa mfi Yerusalem, na monhyɛn torobɛnto Tekoa, na munsi frankaa Bet-hakerem! Na adebɔne bi ne ɔsɛe kɛse repue afi atifi fam.


Na woka nsɛm yi nyinaa kyerɛ wɔn a, wɔrentie wo, na wofrɛ wɔn a, wɔrennye wo so.


AWURADE asɛm a ɛbaa Beeri ba Hosea nkyɛn Yuda ahene Usia, Yotam, Ahas ne Hesekia bere so ne Israel hene Yeroboam a ɔyɛ Yoas ba bere so ni.


Ɛnna Amos buaa Amasia sɛ: Ɛnyɛ odiyifo ne me na ɛnyɛ odiyifo ba ne me; na meyɛ mmoahwɛfo ne ɔdoma so hwɛfo;


AWURADE asɛm a ɛbaa Moresetni Mika nkyɛn, Yuda ahene Yotam, Ahas ne Hesekia bere so wɔ Samaria ne Yerusalem ho ni.


Na mobeguanguan akɔ me mmepɔw bon mu, na mmepɔw bon no bedu Asal tɔnn, na mobeguan sɛnea moguanee asasewosow no anim, Yuda hene Usia bere so no. Na AWURADE me Nyankopɔn bɛba, na akronkronfo nyinaa bɛka ne ho.


Na Yesu nenam Galilea po ho no, ohuu anuanom baanu, Simon a wɔfrɛ no Petro ne ne nua Andrea, sɛ wɔregu asawu ɛpo mu; na wɔyɛ apofofo.


na mmom wiase nkwaseade na Onyankopɔn apaw sɛ ɔde bɛhyɛ anyansafo aniwu. Na wiase ade a ɛyɛ mmerɛw na Onyankopɔn ayi sɛ ɔde bɛhyɛ nea ɛyɛ den no aniwu.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios