Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Adiyisɛm 7:2 - KYERƐW KRONKRON

2 Na mihuu ɔbɔfo foforo a okura Onyankopɔn a ɔte ase no nsɔano sɛ ofi owia apuei reba, na ɔde nne kɛse teɛɛm kyerɛɛ abɔfo baanan a wɔama wɔn kwan sɛ wɔnhaw asase ne ɛpo no

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

2 Na mehunuu ɔbɔfoɔ foforɔ a ɔkura Onyankopɔn a ɔte aseɛ no nsɔano sɛ ɔfiri owia apueeɛ reba, na ɔde nne kɛseɛ teaa mu kyerɛɛ abɔfoɔ baanan a wɔama wɔn kwan sɛ wɔnha asase ne ɛpo no

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Na mihuu ɔbɔfo foforo a ofi apuei reba a okura Onyankopɔn a ɔte ase no nsɔwano. Ɔteɛɛ mu frɛɛ abɔfo baanan no a na Onyankopɔn ama wɔn tumi sɛ wɔnsɛe asase ne po no.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

2 Na mehunuu ɔbɔfoɔ foforɔ a ɔkura Onyankopɔn a ɔte aseɛ no nsɔano sɛ ɔfiri owia apueeɛ reba, na ɔde nne kɛseɛ teaa mu kyerɛɛ abɔfoɔ baanan a wɔama wɔn kwan sɛ wɔnha asase ne ɛpo no

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Ɛnna mehunuu ɔbɔfoɔ foforɔ a ɔfiri apueeɛ reba a ɔkura Onyankopɔn a ɔte ase no nsɔano. Ɔteaam frɛɛ abɔfoɔ baanan no a na Onyankopɔn ama wɔn tumi sɛ wɔnsɛe asase ne ɛpo no.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

2 Na mihuu ɔbɔfo foforo a okura Onyankopɔn a ɔte ase no nsɔano sɛ ofi owia apuei reba, na ɔde nne kɛse teɛɛm kyerɛɛ abɔfo baanan a wɔama wɔn kwan sɛ wɔnhaw asase ne ɛpo no

Ver Capítulo Copiar




Adiyisɛm 7:2
29 Referencias Cruzadas  

Ebia AWURADE wo Nyankopɔn bɛte Rabsake a ne wura Asaria hene asoma no sɛ ɔmmɛsopa Onyankopɔn teasefo no nsɛm, na nsɛm a AWURADE wo Nyankopɔn ate no nti watwe n’aso. Enti ma wo mpaebɔ so ma nkae a wɔwɔ hɔ no.


Fa me si wo koma so sɛ nsɔanode, fa me si wo basa so sɛ nsɔanode. Na ɔdɔ yɛ den sɛ owu, ninkuntwe mu yɛ duru sɛ asaman, ne nsramma yɛ ogya nsramma, AWURADE gyaframa.


Hena na onyan nea ofi apuei no a trenee hyia no, baabiara a ɔnam no? Ɔde amanaman gu n’anim, na ɔde ahene hyɛ n’ase. N’afoa ma wɔyɛ sɛ otutuw, ne ta yɛ wɔn sɛ ntɛtɛwa a ɛbɔ gu.


na AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: Sen fa kurow no mu, Yerusalem mu, na hyɛ mmarima a wosisi apini di akyide a wɔyɛ wɔ mu no so nkɔmmɔ no nyinaa moma so agyirae.


Hwɛ, meresoma me bɔfo, na wasiesie ɔkwan adi m’anim, na mpofirim na Awurade a mohwehwɛ no no, yiw apam bɔfo a mopɛ no no bɛba n’asɔrefi; hwɛ, ɔreba, asafo Awurade na ose.


Na mo a musuro me din no, trenee wia bepue ama mo, na ayaresa wɔ ne ntaban ase, na mubefi adi ahuruhuruw sɛ anantwiforo a wɔadi adɔ,


Na Simon Petro buae sɛ: Wone Kristo no, Onyankopɔn teasefo no ba!


Na Yesu muaa n’ano. Na ɔsɔfo panyin no ka kyerɛɛ no sɛ: Meka Onyankopɔn teasefo no sɛ, sɛ wone Kristo, Onyankopɔn ba no a, ka kyerɛ yɛn.


Monnyɛ aduan a ɛsɛe ho adwuma, na mmom aduan a ɛtena hɔ kɔ daa nkwa mu a Onipa Ba no de bɛma mo; na ɔno na Agya Onyankopɔn asɔ no ano.


ɔno nso na wasɔ yɛn ano, na wama yɛn Honhom no de ayɛ guaha ama yɛn wɔ yɛn koma mu.


Ɔno ara mu na mo nso, motee nokware asɛm a ɛne mo nkwagye ho asɛmpa no. Ɔno ara nso mu na mugye dii no, wɔde Honhom Kronkron a wɔde ahyɛ mo bɔ no,


Na monnhow Onyankopɔn Honhom Kronkron a wɔde no asɔw mo ano ama ogye da no werɛ.


Na ɔhonam nyinaa mu hena na wate Onyankopɔn teasefo no nne sɛ ɛrekasa afi ogya mu, sɛ yɛn, na wanya nkwa?


Na nnipa a wɔwɔ mantam hɔ no ara ka gye a mugyee yɛn too mu, ne sɛnea moadan afi ahoni ho aba Onyankopɔn nkyɛn, sɛ mobɛsom Onyankopɔn teasefo nokwafo,


Nanso Onyankopɔn nnyinaso tim hɔ pintinn kura nsɔano yi: Awurade nim wɔn a wɔyɛ ne de; Ma obiara a ɔbɔ Awurade din ntwe ne ho mfi nea ɛnteɛ ho.


Na mmom, moaba Sion bepɔw ne Onyankopɔn teasefo kurow, ɔsoro Yerusalem, ho, ne abɔfo mpempem nhyiam,


Nhyira ne nea ɔkekan ne wɔn a wotie adiyi nsɛm no, na wɔde nea wɔakyerɛw wɔ mu no sie; na ɛbere no abɛn.


Na mihuu ɔbɔfo foforo ahoɔdenfo bi sɛ ofi soro baa fam, na ofura omununkum, na nyankontɔn wɔ ne ti so, na n’anim te sɛ owia, na ne nan te sɛ ogya fadum.


Na aprannaa ason no kasae no, anka meyɛ makyerɛw. Na metee sɛ ɛnne bi fi soro ka kyerɛɛ me sɛ: Sɔ nea aprannaa ason no aka no ano, na nkyerɛw!


Na nea ɔto so asia no hwiee ne kuruwa no guu asubɔnten kɛse Eufrate mu, na emu nsu yowee, na wɔasiesie kwan ama ahene a wofi owia apuei noho.


Na mihuu ɔbɔfo hoɔdenfo bi a ɔde nne kɛse teɛɛm sɛ: Hena na ɔfata sɛ obue nhoma no mu na ɔtew ne nsɔano no?


Na ɔbɔfo foforo ba begyinaa afɔremuka no ho, okura sika huam kuruwa, na wɔmaa no nnuhuam pii, sɛ ɔmfa nka ahotefo nyinaa mpaebɔ ho, sika afɔremuka a esi ahengua no anim no so.


a ɛka kyerɛ ɔbɔfo a ɔto so asia a ɔwɔ torobɛnto no sɛ: Sansan abɔfo baanan a wɔasesa wɔn asubɔnten kɛse Eufrate ho no.


Na wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnnka asase so nwura anaa ahaban momono biara anaa dua biara, gye nnipa a wonni Nyankopɔn nsɔano wɔn moma so no nko.


Na Dawid ka kyerɛɛ mmarima a wɔne no gyina hɔ no sɛ: Dɛn na wɔbɛyɛ onipa a obekum Filistini yi na wayi ahohora afi Israel so no? Na hena po ne Filistini momonoto yi a ɔbɔ Onyankopɔn teasefo mpasua ahohora yi?


W’akoa akum gyata ne sisi nyinaa, na Filistini momonoto yi nyɛ sɛ wɔn mu biako, sɛ wabɔ Onyankopɔn teasefo mpasua ahohora yi.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios