Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Adiyisɛm 4:4 - KYERƐW KRONKRON

4 Na nhengua aduonu anan atwa ahengua no ho ahyia, na mihuu mpanyimfo aduonu anan sɛ wɔtete nhengua no so hyehyɛ ntade fitaa na sika abotiri bobɔ wɔn ti.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

4 Na nhennwa aduonu nan atwa ahennwa no ho ahyia, na mehunuu mpanimfoɔ aduonu nan sɛ wɔtete nhennwa no so hyehyɛ ntadeɛ fitaa na sika abotire bobɔ wɔn ti.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Na ahengua nketewa aduonu anan atwa ahengua kɛse no ho ahyia a mpanyimfo aduonu anan na wɔtete so a wɔhyehyɛ ntade fitafitaa ne sikakɔkɔɔ ahenkyɛw.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

4 Na nhennwa aduonu nan atwa ahennwa no ho ahyia, na mehunuu mpanimfoɔ aduonu nan sɛ wɔtete nhennwa no so hyehyɛ ntadeɛ fitaa na sika abotire bobɔ wɔn ti.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Na ahennwa nketewa aduonu nan atwa ahennwa kɛseɛ no ho ahyia a mpanimfoɔ aduonu ɛnan na wɔtete so a wɔhyehyɛ ntadeɛ fitaa ne sikakɔkɔɔ ahenkyɛ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

4 Na nhengua aduonu anan atwa ahengua no ho ahyia, na mihuu mpanyimfo aduonu anan sɛ wɔtete nhengua no so hyehyɛ ntade fitaa na sika abotiri bobɔ wɔn ti.

Ver Capítulo Copiar




Adiyisɛm 4:4
24 Referencias Cruzadas  

Na mpanyimfo aduonu anan a wɔtete wɔn nhengua so Onyankopɔn anim no de wɔn anim butubutuw fam, na wɔkotow Onyankopɔn


Na Yesu see wɔn sɛ: Nokware mise mo sɛ mo a moabedi m’akyi yi, wiase foforo no mu no, da a Onipa Ba no bɛtena n’anuonyam ahengua so no, mo nso mobɛtena nhengua dumien so abu Israel mmusuakuw dumien no atɛn.


mpanyimfo aduonu anan no hwehwe nea ɔte ahengua no so no anim ase, na wɔkotow nea ɔte ase daa daa no, na woyiyi wɔn abotiri no gu ahengua no anim to dwom sɛ:


Na abɔfo no nyinaa atwa ahengua no ne mpanyimfo no ne ateasefo baanan no ho ahyia, na wɔde wɔn anim butubutuw fam, ahengua no anim, na wɔkotow Nyankopɔn


Na mihuu nhengua bi, na wɔn a wɔtete so no, wɔde atemmu maa wɔn. Na mihuu wɔn a Yesu adanse ne Nyankopɔn asɛm nti wotwitwaa wɔn ti no akra ne wɔn a wɔankotow aboa no anaa ne honi na wɔannye agyirae no wɔ wɔn moma ne wɔn nsa so no. Na wonyaa nkwa bio, na wɔne Kristo dii ahene mfirihyia apem.


Na ateasefo baanan no kae sɛ: Amen. Na mpanyimfo no hwehwee ase, na wɔkotow sɔree.


Na ogyee nhoma no no, ateasefo baanan no ne mpanyimfo aduonu anan no hwehwee oguammaa no anim, wɔn nyinaa kurakura asanku ne sika ayowa a ohuam ayɛ no mama a ɛyɛ ahotefo mpaebɔ no.


na moadidi na moanom me pon so wɔ m’ahenni mu, na moatena nhengua so abu Israel mmusuakuw dumien no atɛn.


Nea aka a ɛda me hɔ ne trenee abotiri a Awurade, ɔtemmufo trenee no, de bɛma me ɛda no, na ɛnyɛ me nko, na mmom wɔn a wɔdɔ n’ahoyi no nyinaa nso bi.


Na mpanyimfo aduonu anan ne ateasefo baanan no kotow sɔree Nyankopɔn a ɔte ahengua no so no se: Amen, Haleluia!


Eyinom akyi no mihui, na hwɛ, nnipakuw kɛse a obi ntumi nkan wɔn a wofi aman ne mmuasuakuw ne nkurɔfo ne ɔkasa nyinaa mu no gyinagyina ahengua no ne oguammaa no anim hyehyɛ ntade fitaa, na wokurakura berɛw,


Na wode papa mu nhyira hyia no, wode sika kɔkɔɔ abɔ no abotiri.


Na ɛdɔm a wɔwɔ ɔsoro no tete apɔnkɔ fitafitaa so di n’akyi hyehyɛ nwera pa fitaa a ɛho tew.


Na wɔmaa wɔn mu biara atade fitaa, na wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnhome bere tiaa bi bio nkosi sɛ wɔn nwurakwaa ne wɔn nuanom a wobekum wɔn te sɛ wɔn no nso dodow bɛso ano.


Na mmoadabi no suban te sɛ apɔnkɔ a wɔasiesie wɔn ama ɔko de, na biribi wowɔ wɔn ti so te sɛ sika kɔkɔɔ abotiri, na wɔn anim te sɛ nnipa anim.


Nsuro amane a worebehu biara. Hwɛ, ɔbonsam de mo mu binom begu afiase, na wɔasɔ mo ahwɛ, na mubehu amane dadu. Di nokware kodu wu mu, na mɛma wo nkwa abotiri.


Na Mordekai fii adi fii ɔhene no anim no, na ɔhyɛ ahentade bibiri ne fufu ne sika abotiri kɛse no ne nwera pa ne ɔtankɔkɔɔ atade yuu. Na Susan kurow no dii ahurusi, na wɔn ani gyei.


Mitu wo fo sɛ, tɔ me nkyɛn sika a wɔbere ho ogya mu, na woanya ade, ne atade fitaa na woahyɛ, na w’adagyaw ahohora anna adi, ne aniduru a wode bɛsra w’aniwa, na woahu ade.


Na ahwehwɛ po a ɛte sɛ ahwehwɛ wɔ ahengua no anim, na ateasefo baanan a aniwa ayeyɛ wɔn anim ne wɔn akyi mama wowɔ ahengua no ho wɔ mfinimfini, na wɔatwa ahengua no ho ahyia.


Na mehwɛe, na ahengua no ne ateasefo baanan no ntam ne mpanyimfo no ntam no, oguammaa bi gyina hɔ a ɔte sɛ wɔakum no. Ɔwɔ mmɛn ason ne aniwa ason a ɛyɛ Onyankopɔn ahonhom ason a wɔasoma wɔn akɔ asase nyinaa so no.


Na mehwɛe, na metee abɔfo bebree a wɔatwa ahengua no ne ateasefo no ne mpanyimfo no ho kɔntɔnkrɔn nne, wɔn ano si mpempem ne mpem ahorow mpem,


Na wɔtoo dwom foforo bi, ahengua ne ateasefo baanan ne mpanyimfo no anim, na obiara antumi ansua dwom no, gye mpem ɔha aduanan anan a wɔagye wɔn afi asase so no nko.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios