Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Adiyisɛm 4:1 - KYERƐW KRONKRON

1 Eyi akyi no, mehwɛe, na hwɛ, wɔahiɛ ɔpon ɔsoro, na ɛnne a metee kan sɛ torobɛnto a ɛne me kasae no se: Foro bra ha na mɛkyerɛ wo nea etwa sɛ eyinom akyi no ɛba.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

1 Yei akyiri no, mehwɛe, na hwɛ, wɔahini ɛpono ɔsoro, na ɛnne a metee kane sɛ totorobɛnto a ɛne me kasaeɛ no se: Foro bra ha na mɛkyerɛ wo deɛ ɛtwa sɛ yeinom akyiri no ɛba.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Eyi akyi no, mehwɛ huu ɔpon a abue wɔ ɔsoro. Na nne bi akasa akyerɛ me pɛn na nnyigyei a ɛte sɛ torobɛnto no kae se, “Foro bra ha, na mɛkyerɛ wo nea ɛsɛ sɛ esi wɔ eyi akyi.”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

1 Yei akyiri no, mehwɛe, na hwɛ, wɔahini ɛpono ɔsoro, na ɛnne a metee kane sɛ totorobɛnto a ɛne me kasaeɛ no se: Foro bra ha na mɛkyerɛ wo deɛ ɛtwa sɛ yeinom akyiri no ɛba.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Yei akyiri no, mehwɛ mehunuu ɛpono a abue wɔ ɔsoro. Na ɛnne bi akasa akyerɛ me pɛn na ɛgyegye sɛ totorobɛnto kaa sɛ, “Bra ɔsoro ha, na mɛkyerɛ wo deɛ ɛbɛba yei akyi.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

1 Eyi akyi no, mehwɛe, na hwɛ, wɔahiɛ ɔpon ɔsoro, na ɛnne a metee kan sɛ torobɛnto a ɛne me kasae no se: Foro bra ha na mɛkyerɛ wo nea etwa sɛ eyinom akyi no ɛba.

Ver Capítulo Copiar




Adiyisɛm 4:1
21 Referencias Cruzadas  

Na eyinom ne Israel mma a wɔne Yakob baa Misraim no din. Wɔn mu biara ne ne fifo na ɛbae.


Na AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: Sian kɔ, na wo ne Aaron mforo mmra; na mma asɔfo no ne ɔman no nnhwirew mu mmforo mmma AWURADE nkyɛn, na wantow anhyɛ wɔn so.


Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Foro bra me nkyɛn bepɔw no so bɛtena ha, na mɛma wo abo pon ne mmara ne ahyɛde a makyerɛw, na woakyerɛkyerɛ wɔn.


Na eye sɛ wɔka kyerɛ wo sɛ: Bra ɔsoro ha! Sen sɛ wɔbɛbrɛ wo ase ɔberɛmpɔn a w’aniwa ahu no no anim.


Na afe a ɛto so aduasa, ɔsram a ɛto so anan, da a ɛto so anum no, na mewɔ atukɔfo no mu, asu Kebar ho, na ɔsoro buei, na mihuu Onyankopɔn hɔ anisoade.


Na wɔbɔɔ Yesu asu wiei no, ofii nsu no mu, na hwɛ, ntɛm ara ɔsoro bue maa no, na ohuu Onyankopɔn Honhom sɛ ɛresian sɛ aborɔnoma reba no so.


Na ofii nsu no mu no, ntɛm ara na ohui sɛ ɔsoro abue, na Honhom no resian sɛ aborɔnoma ba no so.


Na ɛbae sɛ ɔbɔɔ ɔman no nyinaa asu no, ɔbɔɔ Yesu nso asu, na ɔrebɔ mpae no, ɔsoro buei,


Na sɛ ɔno, nokware Honhom no nya ba a, ɔbɛkyerɛ mo kwan akɔ nokware no nyinaa mu. Na emfi n’ankasa mu na ɔbɛkasa, na biribiara a ɔbɛte no, ɔbɛka, na ɔbɛkyerɛ mo nneɛma a ɛreba.


na ohuu ɔsoro sɛ abue, na ade bi a ɛte sɛ nwera kɛse a wɔakyekyere no ahinanan resian aba no so, na wɔregyaa mu ato fam.


na ɔkae sɛ: Hwɛ, mihu soro sɛ abue, na Onipa Ba no gyina Onyankopɔn nifa.


Mewɔ honhom mu, Awurade da no, na metee nne kɛse bi wɔ m’akyi sɛ torobɛnto


Na medan m’ani sɛ mekɔhwɛ nne a ɛkasa kyerɛɛ me no. Na medan me ho no, mihuu sika akaneadua asɔn,


Kyerɛw nea woahu, ne nea ɛwɔ hɔ, ne nea eyi akyi no ɛrebɛba:


Na wɔtee nne kɛse bi fi soro a ɛka kyerɛɛ wɔn sɛ: Momforo mmra ha! Na wɔforo faa omununkum no mu, na wɔn atamfo no huu wɔn.


Na wohiɛɛ Onyankopɔn asɔredan no ɔsoro, na wohuu n’apam adaka no n’asɔredan no mu. Na anyinam ne nne ne aprannaa ne asasewosow ne asukɔtweaagu kɛse bae.


Na nea ɔto so ason no hwiee ne kuruwa no guu ahun mu. Na ɛnne kɛse bi fi asɔredan no mu, fi ahengua no mu, se: Wɔawie.


Na mihui sɛ ɔsoro abue, na hwɛ, ɔpɔnkɔ fitaa bi ni, na nea ɔte no so no, wɔfrɛ no Ɔseadeɛyɔ ne Ɔnokwafo, na obu atɛn na otu sa trenee mu.


Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Nsɛm yi wom, na ɛyɛ nokware, na Awurade, adiyifo ahonhom Nyankopɔn no, asoma ne bɔfo sɛ ɔmmɛkyerɛ ne nkoa ade a etwa sɛ ɛba ntɛm.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios