Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Adiyisɛm 3:2 - KYERƐW KRONKRON

2 Nyan, na hyɛ nkae a ɛrebewu no den. Na manhu wo nnwuma sɛ ɛyɛ pɛ me Nyankopɔn anim.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

2 Nyane, na hyɛ nkaeɛ a ɛrebɛwuo no den. Na menhunuu wo nnwuma sɛ ɛyɛ pɛ me Nyankopɔn anim.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Enti nyan, na kanyan nea aka wɔ wo nkyɛn no na anwu koraa. Efisɛ mahu sɛ nea woayɛ no nnya nnii mu wɔ Onyankopɔn anim ɛ.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

2 Nyane, na hyɛ nkaeɛ a ɛrebɛwuo no den. Na menhunuu wo nnwuma sɛ ɛyɛ pɛ me Nyankopɔn anim.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Enti nyane, na kanyane deɛ aka wo nkyɛn no na anwu koraa. Ɛfiri sɛ, mahunu sɛ deɛ woayɛ no nya nnii mu wɔ Onyankopɔn anim.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

2 Nyan, na hyɛ nkae a ɛrebewu no den. Na manhu wo nnwuma sɛ ɛyɛ pɛ me Nyankopɔn anim.

Ver Capítulo Copiar




Adiyisɛm 3:2
31 Referencias Cruzadas  

Mo ani nna hɔ, monwɛn, efisɛ mo tamfo bonsam no nam sɛ gyata a ɔbobom hwehwɛ nea obenya no amene.


(Hwɛ, mereba sɛ owifo. Nhyira ne nea ɔwɛn na ɔhwɛ ne ntade so, na wannantew adagyaw mu, na wɔanhu ne kwaterekwa).


Nanso ade nyinaa awiei abɛn. Enti momma mo adwenem ntew, na mo ani nna hɔ mma mpaebɔ.


Monhyɛ nsa a ayɛ bɛtɛɛ den, mummia anankoroma a agow mu;


Na ɔyɛɛ nea ɛteɛ AWURADE ani so, nanso ɛnyɛ ne koma pɛyɛ mu.


Na ɔkyɛɛ hɔ kakra no, ofii hɔ kokyinii Galatia ne Frigia nkurow nyinaa mu hyɛɛ asuafo no nyinaa den.


Enti monwɛn, na munnim da anaa dɔn ko no, (a Onipa Ba no reba.)


Na fa adwuma yi hyɛ Yosua nsa, na hyɛ no den na hyɛ no baninha, efisɛ ɔno na ɔbɛkyɛ asase a wubehu no mu ama wɔn.


Nanso mewɔ wo ho asɛm bi, ɛne sɛ woagyaw wo kan dɔ no.


Nea wayera no, mɛhwehwɛ no, na nea wɔapam no no, mɛkɔ makɔfa no aba, na nea wabubu no, mɛkyekyere no, na nea ɔyare no, mɛhyɛ no den; na nea wadɔ srade ne nea ne ho yɛ den no, mɛhwɛ no so; mɛhwɛ wɔn trenee mu.


Na wɔyɛ wɔn nnwuma nyinaa sɛnea nnipa behu wɔn. Na wɔyɛ wɔn nkae nhoma atɛtrɛtɛ, na wɔyɛ wɔn ntade ano nnwow akɛse.


TEKEL, wɔakari wo nsenia mu, na wɔahu wo sɛ wunnu;


Mɛka wo trenee ne wo nneyɛe makyerɛ, nso ɛrenyɛ wo mfaso bi.


N’awɛmfo yɛ anifuraefo, wɔn nyinaa nnim de; wɔn nyinaa yɛ akraman mum, wontumi mmobom; wɔyɛ nnamukasafo deda hɔ, wɔtɔ nko.


Na ɔyɛɛ bɔne a n’agya yɛe no ara bi, na ne koma anni mu AWURADE ne Nyankopɔn ho.


Na Solomon nkwakorabere mu no, ne yerenom dan ne koma kodii anyame foforo akyi, na ne koma anni mu AWURADE ne Nyankopɔn ho sɛ n’agya Dawid koma.


Na hwɛ, merema oguanhwɛfo bi so asase no so a nea ɛresɛe no, ɔrenhwɛ, nea apansam no, ɔrenhwehwɛ, na nea abubu no, ɔrensa no yare; nea ɛwɔ ahoɔden no, ɔrennyigye no, na nea adɔ srade no nam na obedi, na wapaepae wɔn ntɔte mu.


Yiw anka mede m’ano mɛhyɛ mo den, na m’anom duema ama mo yaw abotow.


Na Sardi asafo mu bɔfo no, kyerɛw kɔma no sɛ: Sɛɛ na nea ɔwɔ Onyankopɔn ahonhom ason ne nsoromma ason no se: Minim wo nnwuma, sɛ wowɔ din sɛ wote ase, nanso woawu.


Enti kae sɛnea woanya na woate, na di so, na sakra w’adwene! Na sɛ woanwɛn a, mɛba sɛ owifo, na worenhu dɔn ko a mɛba wo so.


Ɛnna mmabaa no nyinaa sɔre kekaa wɔn akanea.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios