Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Adiyisɛm 3:1 - KYERƐW KRONKRON

1 Na Sardi asafo mu bɔfo no, kyerɛw kɔma no sɛ: Sɛɛ na nea ɔwɔ Onyankopɔn ahonhom ason ne nsoromma ason no se: Minim wo nnwuma, sɛ wowɔ din sɛ wote ase, nanso woawu.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

1 Na Sardi asafo mu bɔfoɔ no, twerɛ kɔma no sɛ: Sɛɛ na deɛ ɔwɔ Nyankopɔn ahonhom nson ne nsoromma nson no seɛ: Menim wo nnwuma, sɛ wowɔ din sɛ wote aseɛ, nanso woawuo.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 “Kyerɛw krataa yi kɔma ɔbɔfo a ɔwɔ asafo a ɛwɔ Sardi no se: Eyi ne asɛm a efi nea ɔwɔ Onyankopɔn ahonhom ason ne nsoromma ason no nkyɛn. Minim nea woreyɛ. Minim sɛ woagye din sɛ wote ase, nanso woawu.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

1 Na Sardi asafo mu bɔfoɔ no, twerɛ kɔma no sɛ: Sɛɛ na deɛ ɔwɔ Nyankopɔn ahonhom nson ne nsoromma nson no seɛ: Menim wo nnwuma, sɛ wowɔ din sɛ wote aseɛ, nanso woawuo.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 “Twerɛ krataa yi kɔma ɔbɔfoɔ ɔwɔ asafo a ɛwɔ Sardi no sɛ: Yei ne asɛm a ɛfiri deɛ ɔwɔ Onyankopɔn ahonhom nson ne nsoromma nson no nkyɛn. Menim deɛ woreyɛ. Menim sɛ woagye din sɛ wote ase, nanso woawu.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

1 Na Sardi asafo mu bɔfo no, kyerɛw kɔma no sɛ: Sɛɛ na nea ɔwɔ Onyankopɔn ahonhom ason ne nsoromma ason no se: Minim wo nnwuma, sɛ wowɔ din sɛ wote ase, nanso woawu.

Ver Capítulo Copiar




Adiyisɛm 3:1
30 Referencias Cruzadas  

efisɛ me ba yi wui, na wanyan bio; ɔyerae, na wɔahu no. Na wofii ase gyee wɔn ani.


Na ɛsɛ sɛ yɛn ani gye na yɛn bo tɔ yɛn yam, efisɛ wo nua yi wui, na wanyan; na ɔyerae, na wɔahu no.


Na efi ne mayɛ mu na yɛn nyinaa anya adom de abɔ adom so.


Na me de, anka minnim no, na nea ɔsomaa me sɛ memmɛbɔ asu nsu mu no, ɔno ara na osee me sɛ: Nea wubehu sɛ Honhom no resian abɛtena no so no, ɔno ne nea ɔbɔ asu Honhom Kronkron mu.


Na ɔkaa saa no, ɔhome guu wɔn so, na osee wɔn sɛ: Munnye Honhom Kronkron!


Na nea Onyankopɔn asoma no no ka Onyankopɔn asɛm; na Onyankopɔn nsusuw Honhom ansa na ɔde ma.


Afei wɔmaa no so kɔɔ Onyankopɔn nifa, na onyaa Agya no nkyɛn Honhom Kronkron bɔhyɛ no nti na wahwie nea muhu na mote yi agu.


Na mo a anka moyɛ awufo wɔ mfomso ne bɔne mu,


ama yɛn a anka yɛyɛ awufo mfomso mu no ne Kristo anya nkwa, (adom na wɔde agye mo nkwa.)


Na mo a anka moyɛ awufo, esiane mo mfomso ne mo honam a twetiatwa nni mu no nti, wama mo ne no nkwa bi, sɛ ɔnam adom so de mo mfomso nyinaa akyɛ yɛn,


Na nea ɔbɔ ahohwi no de, ɔyɛ teaseawu.


Na sɛnea nipadua a honhom nni mu awu no, saa ara nso na gyidi a nnwuma nni mu awu.


Wɔhwehwɛɛ bere ko ne bere horow a Kristo honhom a ɛwɔ wɔn mu dii kan daa no adi faa n’amanehunu ne akyiri animuonyam a ɛbɛba no ho.


Eyinom yɛ mo dɔ adidi mu nkekae, wɔne mo redidi, wɔmfɛre ade, wɔyɛn wɔn ho; wɔyɛ omununkum a nsu nni mu a mframa twetwe kyinkyin, nnua a ɛso nhaban aporow a enni aba na awuwu mprenu a ne ntini atutu,


sɛ: Kyerɛw nea wuhu hyɛ nhoma mu, na fa kɔma asafo ahorow ason no, fa kɔ Efeso, Smirna, Pergamum, Tiatira, Sardi, Filadelfia ne Laodikea.


na okura nsoromma ason ne nifa mu, na afoa anofanu nnamnam fi n’ano; na n’anim te sɛ owia hyerɛn n’ahoɔden mu.


Nsoromma ason a wuhui no me nifa so no ahintasɛm no, ne sika akaneadua ason no: Nsoromma ason no yɛ asafo ason no abɔfo, na akaneadua ason a wuhui no yɛ asafo ason no.


Yohane de kɔma asafo horow ason a ɛwɔ Asia no: Adom ne asomdwoe mfi nea ɔwɔ hɔ seisei, nea na ɔwɔ hɔ dedaw, nea ɔreba no ne ahonhom ason a ɛwɔ n’ahengua anim,


Minim nea wote, nea Satan ahengua si, na wukura me din mu, na woampa me gyidi, nna a wokum me dansefo nokwafo Antipa wɔ mo hɔ no mu, nea ɔbonsam te hɔ.


Minim wo nnwuma ne wo dɔ ne wo gyidi ne wo som ne wo boasetɔ no, ne sɛ wo nnwuma a edi akyiri sen nea edi kan no.


Minim wo nnwuma ne wo brɛ ne wo boasetɔ, ɛne sɛ wuntumi nkura wɔn a wɔyɛ abɔnefo, na woasɔ wɔn a wose wɔyɛ asomafo a wɔnyɛ no ahwɛ, na woahu wɔn sɛ atorofo.


Minim w’ahohia ne wo hia no, nanso woyɛ ɔdefo, ne wɔn a wose wɔyɛ Yudafo, na wɔnyɛ, na mmom wɔyɛ Satan hyiadan no abususɛm.


Minim wo nnwuma sɛ wonyɛ nwini na wonyɛ hyew. Sɛ woyɛ nwini anaa hyew a, anka eye.


Nyan, na hyɛ nkae a ɛrebewu no den. Na manhu wo nnwuma sɛ ɛyɛ pɛ me Nyankopɔn anim.


minim wo nnwuma. Hwɛ, mede ɔpon a wɔahiɛ masi w’anim a obi ntumi ntom, efisɛ wowɔ ahoɔden ketewa, na woadi m’asɛm so, na woampa me din.


Na anyinam ne ɛnne horow ne aprannaa fi ahengua no mu fii adi, na ogya akanea ason a ɛyɛ Onyankopɔn ahonhom ason no redɛw ahengua no anim.


Na mehwɛe, na ahengua no ne ateasefo baanan no ntam ne mpanyimfo no ntam no, oguammaa bi gyina hɔ a ɔte sɛ wɔakum no. Ɔwɔ mmɛn ason ne aniwa ason a ɛyɛ Onyankopɔn ahonhom ason a wɔasoma wɔn akɔ asase nyinaa so no.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios