Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Adiyisɛm 2:3 - KYERƐW KRONKRON

3 Na wowɔ boasetɔ, na me din nti woahu amane nanso woampa abaw.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

3 Na wowɔ boasetɔ, na me din nti, woahunu amane, nanso woampa aba.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Wowɔ boasetɔ, na me nti woahu amane bebree, nanso wompaa abaw ɛ.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

3 Na wowɔ boasetɔ, na me din nti, woahunu amane, nanso woampa aba.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Wowɔ boasetɔ, na me enti, woahunu amane bebree, nanso wompaa aba.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

3 Na wowɔ boasetɔ, na me din nti woahu amane nanso woampa abaw.

Ver Capítulo Copiar




Adiyisɛm 2:3
49 Referencias Cruzadas  

Na boasetɔ hia mo, na, sɛ muwie nea Onyankopɔn pɛ no yɛ a, mo nsa aka bɔhyɛ no.


Ne saa nti yɛn nso, sɛ yɛwɔ adansefo pii a wɔte sɛ mununkum a ɛte sɛɛ a atwa yɛn ho ahyia yi, momma yɛntow adesoa biara ne bɔne a ɛnkyɛ na etwa yɛn ho hyia siw yɛn kwan no ngu, na yɛmfa boasetɔ ntu akansi a ɛda yɛn anim no mu mmirika,


Na mommma yɛmmmrɛ papayɛ mu; na sɛ yɛampa abaw a, yebetwa so aba ne bere mu.


na ama wɔde tumi nyinaa ahyɛ mo den, sɛnea n’anuonyam tumidi te no, akɔ boasetɔ ne abodwokyɛre nyinaa mu, wɔ anigye mu


Na eyinom nyinaa, me din nti na wɔde bɛyɛ mo, efisɛ wonnim nea ɔsomaa me no.


Etie ade nyinaa, egye ade nyinaa di, enya ade nyinaa mu anidaso, ɛtɔ ne bo ase ade nyinaa mu.


Esiane sɛ woadi me boasetɔ asɛm so nti, me nso mɛkora wo, sɔhwɛ bere a ɛbɛba wiase nyinaa so, sɛ wɔbɛsɔ wɔn a wɔte asase so ahwɛ, no mu.


Na ɔtɔɔ ne bo ase twɛnee saa no, ne nsa kaa bɔhyɛ no.


na moanyɛ nyaa, na mmom moayɛ wɔn a wɔnam gyidi ne abodwokyɛre so nyaa bɔhyɛ no asuafo.


Efisɛ Onyankopɔn nyɛ nea ɔnteɛ, a ne werɛ befi mo adwuma ne mo dɔ mmɔden a mobɔe ne din ho, sɛ mosom ahotefo na moda so som wɔn.


Eyi nti na yɛyɛ adwuma brɛ na yɛpere, efisɛ yɛde yɛn ani ato Onyankopɔn teasefo a ɔyɛ nnipa nyinaa, ne titiriw no gyidifo, Agyenkwa no so.


Na mo de, anuanom, mommmrɛ papayɛ mu.


Eyi nti na yɛmpa abaw, na sɛ yɛn honam ani nipa resɛe mpo a, emu nohoa nipa no dan foforo daa daa.


Saa nti, sɛ yɛnam Nyankopɔn mmɔborohunu so wɔ saa som yi nti, yɛmpa abaw,


Momma mo ani nnye anidaso mu, ahohia mu montɔ mo bo ase, munkura mpaebɔ mu ara!


Na sɛ yɛn ani da nea yenhu so a, yɛde boasetɔ twɛn.


Na obiara a ɔnsoa n’asɛnnua na onni m’akyi no, ontumi nyɛ me suani.


Yɛ komm ma AWURADE, na tɔ wo bo ase twɛn no. Nhoran wo bo, nea ne kwan asi no yiye no nti, onipa a odi ne koko so asɛm so nti.


Me, Yohane a meyɛ mo nua ne Yesu ahohia ne ahenni ne boasetɔ no mu yɔnko no, esiane Nyankopɔn asɛm ne Yesu adanse nti, mewɔ supɔw a wɔfrɛ no Patmo no so, Onyankopɔn asɛm ne Yesu adanse nti.


na anidahɔ nka nimdeɛ ho, na boasetɔ nka anidahɔ ho,


na daa yɛkae mo gyidi adwuma ne mo dɔ mmɔdemmɔ ne yɛn Awurade Yesu Kristo ho anidaso mu boasetɔ, yɛn Nyankopɔn ne agya anim.


Wɔyɛ Kristo asomfo? Meka no sɛ adammɔ, mekyɛn saa. Ɔbrɛ adwuma a ɛboro so mu, afiaseda a ɛboro so mu, ɔhwe a ɛtra so mu, owu amane a manya nhui mu.


Enti nso yɛbɔ mmɔden sɛ, sɛ yɛwɔ nipadua mu fie oo, yefi ha oo, yɛbɛsɔ n’ani.


Wɔn a wɔde papayɛ mu boasetɔ hwehwɛ anuonyam ne nidi ne ade a ɛmporɔw no, ɔbɛma wɔn daa nkwa;


Na obuu wɔn bɛ bi de kyerɛe sɛ etwa sɛ nnipa bɔ mpae daa a wɔmmrɛ ho


Na asase pa mu de no ne wɔn a wɔde koma pa a eye te asɛm no, na wɔde sie, na wɔnam boasetɔ mu sow aba.


Ɛno nti momma yemfi adi nkɔ ne nkyɛn nsra no akyi nkɔsoa n’ahohora.


Mpanyimfo a wɔhwɛ asafo no so yiye no, wɔmfa nidi mmɔho nni wɔn, ne titiriw no wɔn a wɔyɛ asɛnka ne nkyerɛkyerɛ ho adwuma.


nanso yɛanni obiara aduan kwa, na mmom yɛyɛɛ adwuma, mmɔdemmɔ ne ɔbrɛ mu, anadwo ne awia, na yɛanyɛ adesoa amma mo mu biara,


Na Awurade mma monhu Onyankopɔn dɔ ne Kristo boasetɔ no mu.


Na anuanom, mokae yɛn mmɔdemmɔ adwuma ne ɔbrɛ, yɛyɛɛ adwuma awia ne anadwo, na yɛanyɛ adesoa amma mo mu biara, na yɛde kaa Onyankopɔn asɛmpa no kyerɛɛ mo.


Na mesrɛ wo nso, me yɔnko kɔnnuasuafo nokwafo, so saa mmea yi mu abia, efisɛ wɔn na wɔkaa me ho peree asɛmpa no, wɔne Klement nso ne me yɔnko adwumayɛfo a aka a wɔn din hyehyɛ nkwa nhoma mu no.


sɛ mukura nkwa asɛm no mu yiye, sɛnea Kristo da no mahoahoa me ho sɛ ammirika a mitui anyɛ hunu, na me brɛ adwuma nso anyɛ ɔkwa.


Monsoa mo ho mo ho nnosoa abia na saa na mode bɛhyɛ Kristo mmara no ma.


Na yɛnhoahoa yɛn ho mma no mma no ntra so ebinom adwuma mu, na yɛn ani da so sɛ, mo gyidi nyin a, yɛbɛyɛ mo mu kɛse aboro so, sɛnea yɛn susuhama no te


ɔhwe mu, afiaseda mu, mansotwe mu, adwuma den mu, apɛsi mu, mmuada mu;


Munkyia Trifaina ne Trifosa a wɔbɔ Awurade mu mmɔden no. Munkyia ɔdɔfo Persi a ɔbɔɔ Awurade mu mmɔden pii no.


Mo boasetɔ mu na mubenya mo kra.


Na wɔhyɛɛ Simon, Kireneni bi a ofi afum retwam a ɔyɛ Aleksandro ne Rufo n’agya, sɛ ɔnsoa n’asɛnnua no.


Mɛsoa AWURADE abufuhyew no, efisɛ mayɛ no bɔne, de akosi sɛ ɔbɛham me ham ama me, na wabu atɛn ama me; obeyi me afi sum mu aba hann mu; mɛhwɛ ne trenee no.


Na wo nti na magye ahohora, na aniwu ahyɛ m’ani so ma.


Na yɛsrɛ mo, anuanom, sɛ munhu wɔn a wɔyɛ mo mu adwuma na wodi mo so mpanyin Awurade mu na wɔkasa kyerɛ mo,


sɛ mo nso mommrɛ mo ho ase mma wɔn a wɔte saa ne obiara a ɔyɛ adwuma no bi na ɔbrɛ mu no.


Na Simon buae sɛ: Owura, yɛayɛ adwuma anadwo yi nyinaa, na yɛannya hwee, nanso w’asɛm nti megu asawu no.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios