Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Adiyisɛm 2:1 - KYERƐW KRONKRON

1 Efeso asafo mu bɔfo no, kyerɛw kɔma no sɛ: Sɛɛ na nea okura nsoromma ason ne nifa mu, nea ɔnam sika akaneadua ason no mfinimfini no se:

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

1 Efeso asafo mu bɔfoɔ no, twerɛ kɔma no sɛ: Sɛɛ na deɛ ɔkura nsoromma nson ne nifa mu, deɛ ɔnam sika nkaneadua nson no mfimfini no seɛ:

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 “Kyerɛw krataa yi kɔma ɔbɔfo a otua Efeso asafo no ano, na ka kyerɛ no se: Eyi ne nsɛm a efi obi a okura nsoromma ason wɔ ne nsa nifa mu a ɔnantew wɔ sika akaneadua ason no ntam no hɔ.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

1 Efeso asafo mu bɔfoɔ no, twerɛ kɔma no sɛ: Sɛɛ na deɛ ɔkura nsoromma nson ne nifa mu, deɛ ɔnam sika nkaneadua nson no mfimfini no seɛ:

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 “Twerɛ krataa yi kɔma ɔbɔfoɔ a ɔtua Efeso asafo no ano, na ka kyerɛ no sɛ: Yei ne nsɛm a ɛfiri obi a ɔkura nsoromma nson wɔ ne nsa nifa mu a ɔnante wɔ sika nkaneadua nson no ntam no.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

1 Efeso asafo mu bɔfo no, kyerɛw kɔma no sɛ: Sɛɛ na nea okura nsoromma ason ne nifa mu, nea ɔnam sika akaneadua ason no mfinimfini no se:

Ver Capítulo Copiar




Adiyisɛm 2:1
20 Referencias Cruzadas  

Na ɔberɛmpɔn no, sɛ wɔreba mu a, ɔmfra wɔn mu mmra mu, na sɛ wɔrefi adi a, ɔne wɔn mfi adi.


Na nea baanu anaa baasa ahyiam me din mu no, ɛhɔ na mewɔ wɔ wɔn mfinimfini.


na monkyerɛkyerɛ wɔn sɛ wonni nea mahyɛ mo nyinaa so. Na hwɛ, me ne mo wɔ hɔ nna nyinaa de bɛkɔ akosi wiase awiei.


Ɔno ne kanea a ɛdɛw na ɛhyerɛn; na mo de, mopɛe sɛ mo ani gye kakra ne hann no mu.


Na wɔbaa Efeso, na ogyaw wɔn hɔ; na ɔno ankasa de, ɔkɔɔ hyiadan mu ne Yudafo kɔyɛɛ nhwehwɛ mu dennennen.


Na ɔkraa wɔn sɛ: Sɛ Onyankopɔn pɛ a, mɛsan maba mo nkyɛn bio. Na ofii Efeso sii nsu ani.


Na ɛbae sɛ bere a Apolo wɔ Korinto no, Paulo kyinii amantifi asase so na obeduu Efeso; na ɔbɛtoo asuafo bi no,


Na biakoyɛ bɛn na Onyankopɔn asɔrefi ne abosom wɔ? Na yɛyɛ Onyankopɔn a ɔte ase no asɔrefi, sɛnea Onyankopɔn aka sɛ: Mɛtena wɔn mu, na manantew wɔn mu, na mayɛ wɔn Onyankopɔn, na wɔayɛ me ɔman.


na okura nsoromma ason ne nifa mu, na afoa anofanu nnamnam fi n’ano; na n’anim te sɛ owia hyerɛn n’ahoɔden mu.


Nsoromma ason a wuhui no me nifa so no ahintasɛm no, ne sika akaneadua ason no: Nsoromma ason no yɛ asafo ason no abɔfo, na akaneadua ason a wuhui no yɛ asafo ason no.


Na sɛnkyerɛnne kɛse bi yii ne ho adi ɔsoro: Ɔbea bi a ofura owia, na ɔsram wɔ ne nan ase, na nsoromma dumien abotiri bobɔ ne ti,


Na Pergamum asafo mu bɔfo no, kyerɛw kɔma no sɛ: Sɛɛ na nea okura afoa anofanu nnamnam no se:


Na Tiatira asafo mu bɔfo no, kyerɛw kɔma no sɛ: Sɛɛ na Onyankopɔn ba a n’ani te sɛ ogyaframa na ne nan te sɛ ayowa fɛfɛ no se:


Na Smirna asafo mu bɔfo no, kyerɛw kɔma no sɛ: Sɛɛ na ɔkannifo ne okyikafo, nea owui na ɔte ase bio no se:


Na Sardi asafo mu bɔfo no, kyerɛw kɔma no sɛ: Sɛɛ na nea ɔwɔ Onyankopɔn ahonhom ason ne nsoromma ason no se: Minim wo nnwuma, sɛ wowɔ din sɛ wote ase, nanso woawu.


Na Laodikea asafo mu bɔfo no, kyerɛw kɔma no sɛ: Sɛɛ na Amen, ɔdansefo a ɔsɛ sɛ wogye no di na ɔyɛ ɔnokwafo no, Onyankopɔn abɔde farebae no, se:


Na Filadelfia asafo mu bɔfo no, kyerɛw kɔma no sɛ: Sɛɛ na ɔkronkronni ne ɔnokwafo no, nea okura Dawid safe, na ohiɛ na obi ntom, na ɔtom na obi nhiɛ no,


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios