Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Adiyisɛm 13:3 - KYERƐW KRONKRON

3 Na mihuu sɛ ne ti no mu biako te sɛ wɔabɔ no bɔtorɔ, na wɔasa ne n'apirakuru no, na aboa no ho yɛɛ wiasefo nyinaa nwonwa ma wodii n’akyi.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

3 Na mehunuu sɛ ne tire no mu baako te sɛdeɛ wɔabɔ no bɔtorɔ, na wɔasa ne pira no, na aboa no ho yɛɛ wiasefoɔ nyinaa nwanwa maa wɔdii n’akyi.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Mihuu sɛ na opirakuru kɛse bi aba ne ti baako ho a kuru no ayɛ sɛ nea awu. Aboa no ho yɛɛ wiasefo nyinaa nwonwa, enti wotu dii nʼakyi.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

3 Na mehunuu sɛ ne tire no mu baako te sɛdeɛ wɔabɔ no bɔtorɔ, na wɔasa ne pira no, na aboa no ho yɛɛ wiasefoɔ nyinaa nwanwa maa wɔdii n’akyi.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Mehunuu sɛ wɔapira ne tiri no baako a ayɛ sɛ wɔrentumi nkum kuro no, nanso na kuro no awu. Aboa no ho yɛɛ ewiasefoɔ nyinaa nwanwa, enti wɔtu dii nʼakyi.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

3 Na mihuu sɛ ne ti no mu biako te sɛ wɔabɔ no bɔtorɔ, na wɔasa ne n'apirakuru no, na aboa no ho yɛɛ wiasefo nyinaa nwonwa ma wodii n’akyi.

Ver Capítulo Copiar




Adiyisɛm 13:3
15 Referencias Cruzadas  

Na mɛhyɛ Babel hene abasa den, na mede ne nkrante mahyɛ ne nsa, na mabubu Farao abasa, na wapenepene ɔtɔfo pene n’anim.


Nna no mu no, mmara bi fi Kaesare Augusto nkyɛn bae sɛ wɔnkan wiasefo nyinaa nkyerɛw wɔn din.


Ɛnna Farisifo no ka kyerɛɛ wɔn ho wɔn ho sɛ: Muhu sɛ muntumi nyɛ ho hwee; hwɛ, wiase atu adi n’akyi.


Na Simon ankasa nso gye dii, na wɔbɔɔ no asu no, ɔde ne ho bataa Filipo ho; na ohuu nsɛnkyerɛnne ne ahoɔdenne akɛse a ɔyɛe no, ne ho dwiriw no.


Na ɔyɛ aboa a odi kan no ahoɔdenne nyinaa wɔ n’anim, na ɔma asase ne wɔn a wɔtete so kotow aboa a odi kan a wɔasa ne wupira no.


Na nsɛnkyerɛnne a wɔde maa no sɛ ɔnyɛ aboa no anim no nti, ɔdaadaa wɔn a wɔtete asase so no ka kyerɛ asase sotefo no sɛ wɔnyɛ ohoni mma aboa a nkrante apira no na ɔte ase bio no.


Baanum agu, obiako wɔ hɔ, ɔfoforo no nnya mmae ɛ, na ɔba a, etwa sɛ ɔtena hɔ kakraa bi.


Na aboa a da bi na ɔwɔ hɔ na afei de, onni hɔ no, ɔno ara nso ne nea ɔto so awotwe, na ofi ason no mu, na ɔkɔ ɔsɛe mu.


Eyinom wɔ adwenkoro, na wɔde wɔn tumi ne wɔn ahoɔden bɛma aboa no.


Na Onyankopɔn na ɔde ahyɛ wɔn komam sɛ wɔmma ne tirim asɛm mmra mu, na wɔnyɛ adwenkoro, na wɔmfa wɔn ahenni mma aboa no nkosi sɛ Onyankopɔn nsɛm no bewie du.


Na mihui sɛ ahotefo mogya ne Yesu adansefo mogya abow ɔbea no, na mihuu no no, ɛyɛɛ me nwonwa kɛse.


Aboa a wuhuu no no, da bi na ɔwɔ hɔ, na afei de, onni hɔ, na obefi bun no mu aba, na wabɛsen akɔ ɔsɛe mu. Na ɛbɛyɛ wɔn a wɔtete asase so a wɔamfi wiase asehyɛ ankyerɛw wɔn din nkwa nhoma mu no nwonwa sɛ wobehu aboa no, sɛ da bi na ɔwɔ hɔ, na afei de, onni hɔ, nanso ɔwɔ hɔ ara.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios