Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Adiyisɛm 11:3 - KYERƐW KRONKRON

3 Na mɛma m’adansefo baanu afurafura atweaatam abɛka adiyisɛm nna apem ahanu aduosia.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

3 Na mɛma m’adansefoɔ baanu afirafira ayitoma abɛka adiyisɛm nna apem ahanu aduosia.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Mɛsoma me nnansefo baanu a wofurafura atweaatam, na wɔaka Onyankopɔn asɛm saa nna apem ahannu ne aduosia no mu.”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

3 Na mɛma m’adansefoɔ baanu afirafira ayitoma abɛka adiyisɛm nna apem ahanu aduosia.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Mɛsoma mʼadansefoɔ baanu a wɔfirafira ayitoma, na wɔaka Onyankopɔn asɛm saa nna apem ahanu ne aduosia no mu.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

3 Na mɛma m’adansefo baanu afurafura atweaatam abɛka adiyisɛm nna apem ahanu aduosia.

Ver Capítulo Copiar




Adiyisɛm 11:3
43 Referencias Cruzadas  

Na ɔbea no guan kɔɔ sare so, nea Onyankopɔn asiesie baabi ama no sɛ wɔnhwɛ no hɔ nna apem ahanu aduosia.


Na adiwo a ɛwɔ asɔredan no ho no de, gyaw to hɔ, na nsusuw, efisɛ wɔde ama amanaman mufo, na wobetiatia kurow kronkron no so asram aduanan abien.


Na wɔmaa no ano a ɔde kaa nsɛm akɛse ne abususɛm, na wɔmaa no kwan asram aduanan abien.


Ɔdansefo biako nnsɔre nnhyɛ obi, amumɔyɛ biara anaa bɔne biara ho, bɔne biara a wɔyɛ mu: Adansefo baanu anaa baasa anom nsɛm so na asɛm biara nnyina.


na nna bebree, oyii ne ho kyerɛɛ wɔn a wɔne no fi Galilea baa Yerusalem no; wɔn ara ne n’adansefo ma ɔman no.


na mmom sɛ Honhom Kronkron no nya ba mo so a, mubenya ahoɔden, na moayɛ m’adansefo Yerusalem ne Yudea nyinaa ne Samaria de akɔpem asase ano noho.


Na mone eyinom ho adansefo.


Na ɛda no, AWURADE, asafo AWURADE, frɛɛ nnipa baa osu ne adwotwa ne tikwawbɔ ne atweaatamfura mu,


Ɛnna Yakob sunsuanee ne ntade mu, na ɔde ayitoma bɔɔ n'asen, na osuu ne ba no kyɛe.


Mpɛnsa ni a mereba mo nkyɛn. Adansefo baanu anaa baasa anom na asɛm biara begyina.


Yesu yi ara na Onyankopɔn anyan no; na yɛn nyinaa yɛ ɛho adansefo.


na mo nso mubedi adanse, efisɛ moka me ho fi mfiase.


Na sɛ wantie a, fa onipa biako anaa baanu ka wo ho, na nsɛm nyinaa nnyina adansefo baanu anaa baasa anom asɛm so.


Sion babea mpanyimfo tete fam ayeyɛ komm; wɔde dɔte agugu wɔn atifi, wɔafurafura ayitam; Yerusalem mmabaa asisi wɔn ti ase.


Mepam atweaatam mekataa me were so, na mede m’ahoɔden metoo mfutuma mu.


Na Dawid maa n’ani so na ohuu AWURADE bɔfo no sɛ ogyina asase ne ɔsoro ntam, na n’afoa a watwe kura ne nsam, na wateɛ Yerusalem so. Ɛnna Dawid ne mpanyimfo a wofurafura ayitama no de wɔn anim butubutuw fam.


Na mmarima baanu kaa nsra no mu, obiako din de Eldad na obiako no de Medad; na honhom no besisii wɔn so, na wɔfra nnipa a wɔkyerɛw wɔn din no mu, nanso wɔamfi adi ankɔ ntamadan no ho; enti wɔkaa adiyisɛm nsra no mu.


Na mehwee ne nan ase mekotow no. Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Hwɛ, nyɛ sa, meyɛ w’awurakwaa ne wo nuanom a wokura Yesu adanse no mu bi. Kotow Nyankopɔn! Na Yesu adanse ne adiyi honhom no.


ne Yesu Kristo a ɔyɛ ɔdansefo nokwafo ne awufo mu abakan ne asase so ahene sodifo no nkyɛn nka mo. Nea ɔdɔ yɛn, na ɔde ne mogya aguare yɛn afi yɛn bɔne mu,


Na nkwa hene no de, mukum no. Ɔno na Onyankopɔn anyan no afi awufo mu; ɛho adansefo ne yɛn.


Na metee onipa a ofura nwera a ɔwɔ asubɔnten no nsu no so no nka, na ɔmaa ne nifa ne ne benkum so kyerɛɛ ɔsoro, na ɔkaa nea ɔte ase daa no ho ntam sɛ enkodu bere, mmere ne fa, na sɛ wɔpansam ɔman kronkron no tumi wie a, wobewie eyinom nyinaa.


Adansefo baanu anaa baasa anom asɛm so na wɔmfa nkum nea ɔsɛ owu; wɔmmfa ɔdansefo biako anom asɛm so nnkum no.


Na mihuu nhengua bi, na wɔn a wɔtete so no, wɔde atemmu maa wɔn. Na mihuu wɔn a Yesu adanse ne Nyankopɔn asɛm nti wotwitwaa wɔn ti no akra ne wɔn a wɔankotow aboa no anaa ne honi na wɔannye agyirae no wɔ wɔn moma ne wɔn nsa so no. Na wonyaa nkwa bio, na wɔne Kristo dii ahene mfirihyia apem.


Na ɔno na wama ebinom ayɛ asomafo, ebinom adiyifo, ebinom asɛmpakafo, ebinom ahwɛfo ne akyerɛkyerɛfo,


Na Onyankopɔn de ebinom asi asafo no mu sɛ asomafo kan, nea ɛto so abien, adiyifo, nea ɛto so abiɛsa, akyerɛkyerɛfo, bio nso tumide, ne ayaresa adom akyɛde, aboafo, mpanyin nnwuma, kasa ahorow.


Yohane bua kae sɛ: Onipa ntumi nnya biribi, gye sɛ wɔde fi soro ama no ansa.


Na Dawid ka kyerɛɛ Yoab ne ɔman a wɔka ne ho no nyinaa sɛ: Munsunsuane mo ntade mu na mumfurafura atweatam na muntwa adwo mma Abner. Na ɔhene Dawid dii funnaka no akyi.


Na Ahab tee nsɛm yi no, osunsuanee ne ntade mu, na ɔde atweaatam guu ne ho so, na odii abuada, na ɔdaa atweaatam no mu, na ɔnam siamoo.


Na ɔhene Hesekia tee no, osunsuanee ne ntade mu na ofuraa atweatam na osiim kɔɔ AWURADE fi.


Na ɔsram yi da a ɛto so aduonu anan no, Israelfo no boaa wɔn ho ano hyiae mmuadadi ne ayitam mu, na wɔtwitwaa ntwoma.


Mede atweaatam meyɛɛ me ntama, na meyɛɛ wɔn akasabebui.


Hwɛ, ɛnnɛ da yi mede wo masi amanaman so ne ahenni horow so, na woatutu na woabubu, na woasɛe na woadwiriw, na woasi na woatɛw nso.


Na wuwie eyinom a, san da wo nifa so soa Yuda fi amumɔyɛ adaduanan; mede afe afe mayɛ wo da koro da koro.


Na ɔbɛkeka nsɛm atia nea ɔwɔ ɔsorosoro no, na ɔbɛhaw ɔsorosoroni no akronkronfo, na ɔbɛbɔ ne tirim sɛ ɔbɛdan mmere ne mmara, na wɔde wɔn bɛhyɛ ne nsa, ɛbere bi ne mmere ne bere fa.


Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Ɛbɛkɔ akosi anadwofa ne anɔpa mpennu ahasa, ansa na wɔayɛ kronkronbea hɔ yiye.


Asɔfo, mommɔ mo ho so na mommɔ bena, afɔremuka asomfo, muntwa adwo, me Nyankopɔn asomfo, mommra mmɛda ayitam mu anadwo nyinaa. Na aduan ayɛyɛde ne ahwiesa agyae mo Nyankopɔn fi ba.


Ɛnna Niniwefo no gyee Onyankopɔn dii, na wɔpaee mmuadadi, na wofurafuraa ayitama fi wɔn mu nnipa akɛse so kosii wɔn mu akumaa so.


Na nnipa ne afieboa mfurafura ayitama, na wonsu dennennen mfrɛ Onyankopɔn, na obiara nsan mfi ne kwammɔne so ne amim ade a ɛwowɔ wɔn nsam no ho.


Korasin, due! Betsaida, due! Efisɛ tumide a wɔayɛ no mo mu yi, sɛ wɔyɛɛ no Tiro ne Sidon a, anka wɔasakra wɔn adwene ayitoma ne nso mu dedaw.


Korasin, due! Betsaida, due! Efisɛ ahoɔdenne a wɔayɛ no mo mu yi, sɛ wɔyɛɛ no Tiro ne Sidon a, anka wɔfurafuraa ayitam tenatenaa nso mu sakraa wɔn adwene ntɛm ara.


Eyinom wɔ tumi sɛ wɔto ɔsoro mu na osu ntɔ wɔn adiyi nna no mu, na wɔwɔ nsu so tumi sɛ wɔma ɛdan mogya, ne sɛ wɔde haw biara haw asase da biara a wɔpɛ.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios