Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Adiyisɛm 10:3 - KYERƐW KRONKRON

3 Na ɔde nne kɛse teɛɛm sɛnea gyata bom. Na ɔteɛɛm no, aprannaa ason no de wɔn nne kasae.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

3 Na ɔde nne kɛseɛ teaa mu sɛdeɛ gyata bobɔ mu. Na ɔteaa mu no, aprannaa nson no de wɔn nne kasae.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Ɔde nne kɛse teɛɛ mu sɛnea gyata bobɔ mu. Ɔteɛɛ mu no, aprannaa ason kasae.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

3 Na ɔde nne kɛseɛ teaa mu sɛdeɛ gyata bobɔ mu. Na ɔteaa mu no, aprannaa nson no de wɔn nne kasae.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Ɔde nne kɛseɛ teaam sɛdeɛ gyata bobom. Ɔteaam no, aprannaa nson kasaeɛ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

3 Na ɔde nne kɛse teɛɛm sɛnea gyata bom. Na ɔteɛɛm no, aprannaa ason no de wɔn nne kasae.

Ver Capítulo Copiar




Adiyisɛm 10:3
16 Referencias Cruzadas  

Na sɛ AWURADE aka akyerɛ me ni: Sɛnea gyata bobom na gyataforo su ne hanam so, na wɔfrɛ mmoahwɛfo pii ara ba no so mpo a, wɔn nne mma ɔmmɔ piriw, na wɔn hooyɛ mma ɔmmrɛ ne ho ase no, saa ara na asafo AWURADE beduru sɛ ɔrebedi ako wɔ Sion bepɔw ne ne koko so.


Na anyinam ne ɛnne horow ne aprannaa fi ahengua no mu fii adi, na ogya akanea ason a ɛyɛ Onyankopɔn ahonhom ason no redɛw ahengua no anim.


Na ose: AWURADE fi Sion bobom, na ofi Yerusalem ma ne nne so; na nguanhwɛfo adidibea no atwintwam, na Karmel atifi akisa.


Na AWURADE fi Sion bobom, na ofi Yerusalem ma ne nne so, na ɔsoro ne asase wosowosow; nanso AWURADE yɛ guankɔbea ma ne man, ne aban a ɛyɛ den ma Israel mma.


Na mihuu sɛnkyerɛnne foforo bi a ɛso na ɛyɛ nwonwa ɔsoro: Abɔfo baason a wokurakura ɔhaw mmusu ason a etwa to no a ɛno na etwa Onyankopɔn abufuw no to.


Na metee nne bi fi soro te sɛ nsu bebree nne ne aprannaa kɛse nne. Na nne a metee no te sɛ asankubɔfo a wɔrebɔ wɔn asanku.


Na ɔbɔfo no faa ohuam kuruwa no de afɔremuka no so gya bi hyɛɛ mu ma, na ɔtow guu asase so. Na aprannaa ne nne horow ne anyinam ne asasewosow bae.


Gyata abobom, hena na ɔrensuro? AWURADE Nyankopɔn akasa, hena na ɔrenhyɛ nkɔm?


Enti hyɛ nsɛm yi nyinaa ho nkɔm kyerɛ wɔn, na se wɔn sɛ: AWURADE fi sorosoro bobom, na ɔma ne nne so fi tenabea kronkron hɔ, ɔpae na ɔpaepae mu gu ne nguan yɛmmea so, ɔbɔ ose sɛ bobe abawɔwfo hyɛ asase no sofo nyinaa.


AWURADE befi adi sɛ dɔmmarima, ɔbɛhwanyan n’abufuw mu sɛ ɔkofoni; obehuro, ɔbɛbɔ ose; obedi n’atamfo so abaninsɛm.


wɔn mmobom te sɛ gyata de, na wɔbobom sɛ agyataforo, wɔpa so kyere wɔn hanam kɔ a ogyefo bi nni hɔ.


Ɔhene abufuw te sɛ gyata mmobom, na n’anisɔ te sɛ wura so bosu.


Na ateasefo baanan no mu biako maa abɔfo baason no sika nkuruwa ason a wɔde Nyankopɔn a ɔte ase daa daa no abufuw ahyɛ no mama.


AWURADE nne wɔ asu so, anuonyam Nyankopɔn ma aprannaa bom, AWURADE wɔ nsu bebree so.


Na wɔtee Kerubim no ntaban mu gyigye no kosii ɛho fam abangua no so, sɛ Onyankopɔn Tumfo a ɔrekasa no nne.


Wobedi AWURADE a ɔbɛbobom sɛ gyata akyi; na Yiw! Ɔbɛbobom, na mma de ahopopo afi po akyi aba.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios