Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Adiyisɛm 1:9 - KYERƐW KRONKRON

9 Me, Yohane a meyɛ mo nua ne Yesu ahohia ne ahenni ne boasetɔ no mu yɔnko no, esiane Nyankopɔn asɛm ne Yesu adanse nti, mewɔ supɔw a wɔfrɛ no Patmo no so, Onyankopɔn asɛm ne Yesu adanse nti.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

9 Me, Yohane a meyɛ mo nua ne Yesu ahohia ne ahennie ne boasetɔ no mu yɔnkoɔ no, ɛsiane Nyankopɔn asɛm ne Yesu adanseɛ nti, mewɔ supɔ a wɔfrɛ no Patmo no so.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 Me Yohane, a me ne mo nyinaa yɛ akyidifo. Yehu amane efisɛ Yesu ne yɛn hene, na ɔma yɛn ahoɔden wɔ ahohia mu. Esiane sɛ mekaa Onyankopɔn asɛm kaa nokware a Yesu daa no adi nti, wotwaa me asu de me kɔɔ Supɔw Patmo so.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

9 Me, Yohane a meyɛ mo nua ne Yesu ahohia ne ahennie ne boasetɔ no mu yɔnkoɔ no, ɛsiane Nyankopɔn asɛm ne Yesu adanseɛ nti, mewɔ supɔ a wɔfrɛ no Patmo no so.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 Mene Yohane, a me ne mo nyinaa yɛ akyidifoɔ. Yɛhunu amane ɛfiri sɛ Yesu ne yɛn ɔhene, na ɔma yɛn ahoɔden wɔ ahohia mu. Esiane sɛ mekaa Onyankopɔn asɛm kaa nokorɛ a Yesu daa no adi enti, wɔtwaa me asuo de me kɔɔ Supɔ Patmo so.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

9 Me, Yohane a meyɛ mo nua ne Yesu ahohia ne ahenni ne boasetɔ no mu yɔnko no, esiane Nyankopɔn asɛm ne Yesu adanse nti, mewɔ supɔw a wɔfrɛ no Patmo no so, Onyankopɔn asɛm ne Yesu adanse nti.

Ver Capítulo Copiar




Adiyisɛm 1:9
35 Referencias Cruzadas  

Na osee wɔn sɛ: Me kuruwa de, mobɛnom; (na m'asubɔ nso mubenya) na me nifa ne me benkum tena de, ɛnyɛ me dea sɛ mede bɛma, na wɔde bɛma wɔn a m’agya asiesie ama wɔn.


Na wosee no sɛ: Yebetumi. Na Yesu see wɔn sɛ: Kuruwa a menom ano no de, mobɛnom, na asubɔ a wɔde bɔ me no, wɔde bɛbɔ mo;


Eyinom na maka mo, na moanya me mu asomdwoe. Mo ho behia mo wiase de, nanso momma mo bo ntɔ mo yam! Me na madi wiase so nkonim.


Na nna yi mu Petro sɔre gyinaa anuanom no mfinimfini (na nkurɔfokuw a wɔahyia faako no bɛyɛ nnipa ɔha aduonu) na ɔkae sɛ:


hyehyɛɛ asuafo no akra den, tutuu wɔn fo sɛ wɔntena gyidi mu, kae nso sɛ etwa yɛn sɛ yɛnam amanehunu pii mu kɔ Onyankopɔn ahenni mu.


Na yɛyɛ mma a, yɛyɛ adedifo nso, Onyankopɔn adedifo ne Kristo yɔnko adedifo, nanso gye sɛ yɛne no hu amane ansa na wɔahyɛ yɛn ne no anuonyam bi.


Na sɛ yɛn ani da nea yenhu so a, yɛde boasetɔ twɛn.


Na mo ho anidaso a yɛwɔ no mu yɛ den, efisɛ yenim sɛ, sɛnea muhu amane no bi no, saa ara nso na munya awerɛkyekye no bi.


Ɛye ma me sɛ midwen saa fa mo ho, efisɛ moda m'akoma so pa ara, na mo nyinaa ne me wɔ kyɛfa wɔ Onyankopɔn adom no mu, me mpokyerɛ mu ne bere a migyina pintinn twitwa gyee asɛmpa no na mepae mu kae no.


Nanso moyɛɛ no yiye sɛ moboaa me m’ahohia no mu.


Na Awurade mma monhu Onyankopɔn dɔ ne Kristo boasetɔ no mu.


Enti mma w’ani nnwu yɛn Awurade adansedi ne me a meyɛ ne deduani no ho, na mmom hu asɛmpa no ho amane bi, sɛnea Onyankopɔn ahoɔden te no.


Na boasetɔ hia mo, na, sɛ muwie nea Onyankopɔn pɛ no yɛ a, mo nsa aka bɔhyɛ no.


Me a meyɛ ɔpanyin bi ne Kristo amanehunu ho dansefo ne anuonyam a wɔrebeyi adi no fafafo nso, mitu mpanyimfo a ɛwɔ mo mu no fo sɛ:


Yesu Kristo adiyi a Onyankopɔn de maa no sɛ ɔnkyerɛ ne nkoa nea etwa sɛ ɛba ntɛm, na ɔnam ne bɔfo so de bɛkyerɛɛ n’akoa Yohane


a wadi Nyankopɔn asɛm, ne Yesu Kristo adanse ne nea ohui nyinaa ho adanse.


Yohane de kɔma asafo horow ason a ɛwɔ Asia no: Adom ne asomdwoe mfi nea ɔwɔ hɔ seisei, nea na ɔwɔ hɔ dedaw, nea ɔreba no ne ahonhom ason a ɛwɔ n’ahengua anim,


na wayɛ yɛn ahemman sɛ yɛnyɛ asɔfo mma n’Agya Onyankopɔn no, ɔno na wɔmfa anuonyam ne tumi mma no daa daa. Amen.


Na sɛ wowie wɔn adansedi a, aboa a ofi ebun no mu no betu wɔn so sa, na wadi wɔn so nkonim na wakum wɔn.


Na wɔnam oguammaa no mogya ne wɔn adanse asɛm no so adi no so nkonim, na wɔansuro sɛ wɔbewu.


Na ɔtweaseɛ no bo fuw ɔbea no, na okotuu n’asefo nkae a wodi Nyankopɔn ahyɛde so na wokura Yesu Kristo adanse no so sa.


Sɛ obi fa nnommum a, wɔbɛfa no dommum. Sɛ obi de nkrante kum a, etwa sɛ wɔde nkrante kum no. Ɛha na ahotefo boasetɔ ne gyidi no wɔ.


Ɛha na ahotefo boasetɔ wɔ, wɔn a wokura Onyankopɔn ahyɛde ne Yesu gyidi mu no.


Na mehwee ne nan ase mekotow no. Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Hwɛ, nyɛ sa, meyɛ w’awurakwaa ne wo nuanom a wokura Yesu adanse no mu bi. Kotow Nyankopɔn! Na Yesu adanse ne adiyi honhom no.


Na mihuu nhengua bi, na wɔn a wɔtete so no, wɔde atemmu maa wɔn. Na mihuu wɔn a Yesu adanse ne Nyankopɔn asɛm nti wotwitwaa wɔn ti no akra ne wɔn a wɔankotow aboa no anaa ne honi na wɔannye agyirae no wɔ wɔn moma ne wɔn nsa so no. Na wonyaa nkwa bio, na wɔne Kristo dii ahene mfirihyia apem.


Esiane sɛ woadi me boasetɔ asɛm so nti, me nso mɛkora wo, sɔhwɛ bere a ɛbɛba wiase nyinaa so, sɛ wɔbɛsɔ wɔn a wɔte asase so ahwɛ, no mu.


Na ɔtew nsɔano a ɛto so anum no ano no, mihuu wɔn a Onyankopɔn asɛm ne wɔn adanse a wodii no nti wɔakunkum wɔn no akra afɔremuka no ase.


Na meka mekyerɛɛ no sɛ: Owura, wo na wunim. Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Eyinom ne wɔn a wofi ahohia kɛse no mu, na wɔahohoro wɔn ntade ama ahoa oguammaa no mogya no mu.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios