Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Adiyisɛm 1:7 - KYERƐW KRONKRON

7 Hwɛ, ɔnam amununkum mu reba, na aniwa nyinaa behu no, ɛne wɔn a wɔwɔɔ no peaw no, na asase so mmusua nyinaa bɛbɔ ne ho abubuw. Saa ara na ɛbɛyɛ. Amen.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

7 Hwɛ, ɔnam mununkum mu reba, na aniwa nyinaa bɛhu no, ɛne wɔn a wɔwɔɔ no pea no, na asase so mmusua nyinaa bɛbɔ ne ho bena. Saa ara na ɛbɛyɛ. Amen.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 Hwɛ, ɔnam omununkum mu reba. Wɔn a wɔwɔɔ no peaw no ne obiara behu no. Asase so nnipa nyinaa besu no; ne nti Ɛbɛba mu saa. Amen.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

7 Hwɛ, ɔnam mununkum mu reba, na aniwa nyinaa bɛhu no, ɛne wɔn a wɔwɔɔ no pea no, na asase so mmusua nyinaa bɛbɔ ne ho bena. Saa ara na ɛbɛyɛ. Amen.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 Ɔnam omununkum mu reba. Wɔn a wɔwɔɔ no pea no ne obiara bɛhunu no. Asase so nnipa nyinaa bɛsu no. Ɛbɛba mu saa. Amen.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

7 Hwɛ, ɔnam amununkum mu reba, na aniwa nyinaa behu no, ɛne wɔn a wɔwɔɔ no peaw no, na asase so mmusua nyinaa bɛbɔ ne ho abubuw. Saa ara na ɛbɛyɛ. Amen.

Ver Capítulo Copiar




Adiyisɛm 1:7
36 Referencias Cruzadas  

Ɛno na Onipa Ba no sɛnkyerɛnne bɛda adi ɔsoro, na asase so mmusuakuw nyinaa ho behiahia wɔn kɛse, na wobehu Onipa Ba no sɛ ɔreba ɔsoro mununkum so tumi ne anuonyam kɛse mu.


Na mehwie ɔdom ne nkotɔsrɛ honhom magu Dawid fi ne Yerusalemfo so, na wɔahwɛ nea wɔahwirew me mu no, na wɔatue no so su sɛ ɔba koro so su, na wɔabɔ no so abubuw a ɛyɛ yaw ara sɛ abakan so de.


Mede hwɛ, anadwo adehu no mu ara, na hwɛ, obi a ɔte sɛ onipa ba nam ɔsoro amununkum mu reba, na oduu nea ne nna akyɛ no nkyɛn, na wɔma ɔbɛn n’anim.


Na kyerɛwsɛm foforo bio se: Wobɛhwɛ nea wɔwɔɔ no no.


Na Yesu kae sɛ: Mene no; na mubehu onipa ba no sɛ ɔte tumi nifa, na ɔreba ɔsoro mununkum mu.


Ɛnna wobehu Onipa Ba no sɛ ɔde tumi ne anuonyam kɛse reba omununkum mu.


ansa na wɔaba abɛfa yɛn a yɛtete ase na yɛaka yi ne wɔn nyinaa amununkum mu sɛ yenkohyia Awurade ewim, na saa na yɛne Awurade bɛtena daa.


na moatwɛn ne Ba a onyan no fii awufo mu no afi soro, ɔne Yesu a oyi yɛn fi abufuw a ɛreba no mu.


Na ɛno na wobehu Onipa Ba no sɛ ɔde tumi kɛse ne anuonyam reba omununkum mu.


Eyinom ho na Enok nso a ɔto Adam so ason hyɛɛ nkɔm de too hɔ sɛ: Hwɛ, Awurade ne n’ahotefo mpempem reba


Yesu see no sɛ: Woaka; nanso mise mo sɛ, efi nnɛ mubehu Onipa Ba no sɛ ɔte nea ɔwɔ tumi no nifa, na ɔreba ɔsoro mununkum so.


Nea odi nneɛma yi ho adanse no se: Yiw, mereba ntɛm. Amen. Awurade Yesu, bra!


Nnipa bɔne te sɛ akraman atwa me ho ahyia, na wɔbobom ba me so, wɔahwirew me nsa ne me nan mu.


Adɔfo, afei yɛyɛ Onyankopɔn mma, na nea yɛbɛyɛ no nnya nnaa adi. Na yenim sɛ, sɛ oyi ne ho adi a, yɛbɛyɛ sɛ ɔno, efisɛ yebehu no sɛnea ɔte.


Omununkum ne sum atwa ne ho ahyia, trenee ne atemmu ne n’ahengua nnyinaso.


Akatua a enye koraa bɛn na mususuw sɛ, ɛsɛ sɛ wɔde betua nea watiatia Onyankopɔn Ba no so, na wabu apam mogya a wɔde atew ne ho no ahuhude, na wasopa adom honhom no?


Ɔkotɔ Onyankopɔn a, n’ani sɔ no, na ohu n’anim anigye mu, na ɔdan ɔdesani trenee ma no,


Misraim ho atemmusɛm. Hwɛ, AWURADE te mununkum harehare so reba Misraim, na Misraim abosonhuhuw ho bɛpopo n’anim, na Misraim koma anan wɔ ne mu.


AWURADE bo kyɛ fuw, na n’ahoɔden so, na ɔremmu ɔbɔnefo bem ara da. AWURADE no, ahum ne kyinhyia mframa mu na ne kwan wɔ, na amununkum yɛ ne nan ase mfutuma.


Na asraafo no mu biako de peaw wɔɔ ne mfem, na ntɛm ara na mogya ne nsu fii mu bae.


Mihu no, nso ɛnyɛ mprempren, mehwɛ no, nso ɔmmɛn: Nsoromma bepue Yakob mu, na ahempoma befi Israel mu asɔre, na wadwerɛw Moab afanan nyinaa na wabubu ɔko huuyɛ mma no nyinaa.


Ma Onyankopɔn nsɔre na n’atamfo nhwete, na ma wɔn a wokyi no nguan n’anim.


Ao! AWURADE saa na ma w’atamfo nyinaa nsɛe, na w’adɔfo nyɛ sɛ owia a efi n’ahoɔden mu. Na asase no so dwoe mfe aduanan.


na wobehu n’anim, na ne din wɔ wɔn moma so.


na wɔafi ho ahwe ase no, wɔbɛdan wɔn foforo akɔ adwensakra mu, wɔn a wɔsɛn Onyankopɔn Ba no bio ma wɔn ho na wɔde no kɔ animguase mu.


Ɛda no, abubuwbɔ bɛso Yerusalem sɛ Hadad-rimon abubuwbɔ no, Megido bon mu,


Na Onipa Ba no de n’agya anuonyam ne n’abɔfo na ɛbɛba; ɛno na obetua onipa biara ka sɛnea ne nneyɛe te.


Nokware mise mo sɛ: Nnipa bi gyina ha a wɔrenka owu nhwɛ kosi sɛ wobehu Onipa Ba no sɛ ɔreba n’ahenni mu.


Na Onipa Ba no bɛba n’anuonyam mu a n’abɔfo nyinaa ka ne ho no, ɔbɛtena n’anuonyam ahengua so.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios