Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Adiyisɛm 1:6 - KYERƐW KRONKRON

6 na wayɛ yɛn ahemman sɛ yɛnyɛ asɔfo mma n’Agya Onyankopɔn no, ɔno na wɔmfa anuonyam ne tumi mma no daa daa. Amen.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

6 na wayɛ yɛn ahemman sɛ yɛnyɛ asɔfoɔ mma n’Agya Nyankopɔn no, ɔno na wɔmfa animuonyam ne tumi mma no daa daa. Amen.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 Wayɛ yɛn ahemman ne asɔfo sɛ yɛnsom ne Nyankopɔn ne nʼAgya. Ɔno na wɔmfa anuonyam ne tumi mma no daa daa! Amen.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

6 na wayɛ yɛn ahemman sɛ yɛnyɛ asɔfoɔ mma n’Agya Nyankopɔn no, ɔno na wɔmfa animuonyam ne tumi mma no daa daa. Amen.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 Wayɛ yɛn ahemman ne asɔfoɔ sɛ yɛnsom ne Onyankopɔn ne nʼAgya. Ɔno na wɔmfa animuonyam ne tumi mma no daa daa! Amen.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

6 na wayɛ yɛn ahemman sɛ yɛnyɛ asɔfo mma n’Agya Onyankopɔn no, ɔno na wɔmfa anuonyam ne tumi mma no daa daa. Amen.

Ver Capítulo Copiar




Adiyisɛm 1:6
23 Referencias Cruzadas  

Na mo de, mobɛyɛ me asɔfo ahemman ne ɔman kronkron. Eyinom ne nsɛm a ka kyerɛ Israelfo.


Na mo de, wɔbɛfrɛ mo AWURADE asɔfo, na wɔase mo sɛ: Yɛn Nyankopɔn asomfo; mubedi amanaman ahonyade, na mode wɔn adedodow ahoahoa mo ho.


Na nna no akyi no, me, Nebukadnesar, memaa m’ani so mehwɛɛ ɔsoro, na m’adwene san ba maa me, Na mihyiraa ɔsorosoroni no, na mekamfoo nea ɔte ase daadaa no, na miyii no ayɛ sɛ: Ne tumi yɛ daa tumi na n’ahenni wɔ awo ntoatoaso nyinaa so;


Na ɔno na wɔde tumi ne anuonyam ne ahenni maa no ma aman, nkurɔfo ne ɔkasa horow nyinaa som no; ne tumi yɛ daa tumi a ɛrentwam da, na n’ahenni yɛ nea ɛrensɛe da.


Na mfa yɛn nkɔ sɔhwɛ mu, na yi yɛn fi bɔne mu. [Na wo na ahenni ne ahoɔden ne animuonyam yɛ wo dea daa, Amen.]


sɛ wɔn nyinaa nni Ɔba no ni, sɛnea wodi Agya no ni no. Nea onni Ɔba no ni no nni Agya a ɔsomaa no no ni.


Efisɛ ade nyinaa fi ne mu, na ɛnam no so ba, na ewie ne mu; ɔno na anuonyam wɔ no daa daa. Amen.


na mode koma koro ne nokoro ahyɛ Onyankopɔn, yɛn Awurade Yesu Kristo n’Agya, anuonyam.


Na tɛkrɛma nyinaa mpaemu nka sɛ Yesu Kristo ne Awurade nhyɛ Agya Onyankopɔn anuonyam.


nea ɔno nko wɔ daa nkwa a owu nnim, te hann a obi nnya ho kwan mu, nea nnipa mu biara nhuu no da, na obiara ntumi nhu no no, ɔno na nidi ne daa tumi wɔ no. Amen.


onsiesie mo adepa biara mu mma monyɛ nea ɔpɛ, na ɔmfa Yesu Kristo so nyɛ mo mu ade a ɛsɔ n’ani. Ɔno na anuonyam wɔ no daa daa. Amen.


Sɛ obi ka asɛm a, ma no nka no sɛ Onyankopɔn nsɛm. Sɛ obi som a, ɔnsom sɛ efi ahoɔden a Onyankopɔn de ma mu, na wɔnam Yesu Kristo so ahyɛ Onyankopɔn anuonyam, ade nyinaa mu. Ɔno na ayeyi ne tumi wɔ no daa daa. Amen.


Ɔno na tumi wɔ no daa daa. Amen.


Na munnyin yɛn Awurade ne agyenkwa Yesu Kristo adom ne nimdeɛ mu. Ɔno na anuonyam nka no afei ne daa. Amen.


Onyankopɔn koro a ɔnam yɛn Awurade Yesu Kristo so yɛ yɛn Agyenkwa no, ɔno na anuonyam ne kɛseyɛ ne ahoɔden ne tumi nka no mmeresanten, seisei ne daa nyinaa. Amen.


Me, Yohane a meyɛ mo nua ne Yesu ahohia ne ahenni ne boasetɔ no mu yɔnko no, esiane Nyankopɔn asɛm ne Yesu adanse nti, mewɔ supɔw a wɔfrɛ no Patmo no so, Onyankopɔn asɛm ne Yesu adanse nti.


Nhyira ne kronkron ne nea onya kyɛfa ɔsɔre a edi kan no mu. Saa nkurofo no so na owuprenu no nni tumi, na mmom wɔbɛyɛ Onyankopɔn ne Kristo asɔfo, na wɔne no bedi ahene mfirihyia apem.


Awurade, wofata sɛ wugye anuonyam ne nidi ne tumi, efisɛ wo na wobɔɔ nneɛma nyinaa, na wo pɛ nti na wɔwɔ hɔ na wɔbɔe.


na woayɛ wɔn ahemman ne asɔfo ama yɛn Nyankopɔn, na wobedi asase so ahene.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios