Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Adiyisɛm 1:4 - KYERƐW KRONKRON

4 Yohane de kɔma asafo horow ason a ɛwɔ Asia no: Adom ne asomdwoe mfi nea ɔwɔ hɔ seisei, nea na ɔwɔ hɔ dedaw, nea ɔreba no ne ahonhom ason a ɛwɔ n’ahengua anim,

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

4 Yohane de kɔma asafo ahodoɔ nson a ɛwɔ Asia no: Adom ne asomdwoeɛ mfiri deɛ ɔwɔ hɔ seesei, deɛ na ɔwɔ hɔ dada, deɛ ɔreba no ne ahonhom nson a ɛwɔ n’ahennwa anim,

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Yohane, Nkyia a okyia asafo ahorow ason a ɛwɔ Asia no ni: Adom ne asomdwoe a efi nea ɔwɔ hɔ, na ɔtenaa hɔ, na ɔreba no ne ahonhom ason a wɔwɔ nʼahengua anim,

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

4 Yohane de kɔma asafo ahodoɔ nson a ɛwɔ Asia no: Adom ne asomdwoeɛ mfiri deɛ ɔwɔ hɔ seesei, deɛ na ɔwɔ hɔ dada, deɛ ɔreba no ne ahonhom nson a ɛwɔ n’ahennwa anim,

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Yohane, Nkyea a ɔkyea asafo ahodoɔ nson a ɛwɔ Asia no nie: Adom ne asomdwoeɛ a ɛfiri deɛ ɔwɔ hɔ, na ɔtenaa hɔ, na ɔreba no ne ahonhom nson a wɔwɔ nʼahennwa anim,

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

4 Yohane de kɔma asafo horow ason a ɛwɔ Asia no: Adom ne asomdwoe mfi nea ɔwɔ hɔ seisei, nea na ɔwɔ hɔ dedaw, nea ɔreba no ne ahonhom ason a ɛwɔ n’ahengua anim,

Ver Capítulo Copiar




Adiyisɛm 1:4
41 Referencias Cruzadas  

Wo de, wonnya nwoo mmepɔw na wunnya nyii asase ne wiase adi no, na wufi tete akyirikyiri kosi daakye akyirikyiri yɛ Onyankopɔn.


Na Onyankopɔn ka kyerɛɛ Mose sɛ: ME ARA NE NEA MENE. Na ose: Sɛnea ka kyerɛ Israelfo no ni: ME ARA na asoma me mo nkyɛn yi.


Na AWURADE honhom besi no so, nyansa ne nhumu honhom, afotu ne mmaninyɛ honhom, nimdeɛ ne AWURADE suro honhom.


Hena na ɔyɛe, na ɔma ɛbae, na ɔfrɛ awo ntoatoaso fi mfiase? Me AWURADE na midi kan, na akyikafo mu nso mene ɔno ara.


Na sɛ nea ɔkorɔn na wɔama no so, nea ɔte hɔ daa na ne din yɛ kronkron no se ni: Mete soro ne nea ɛhɔ yɛ kronkron, ne nea wabubu na ne honhom brɛ ase no nkyɛn nso, sɛ mɛma ahobrɛasefo honhom anya nkwa, na mama wɔn a wɔabubu wɔn no koma anya nkwa.


Na wo, Betlehem a ɛwɔ Efrata, wo a woka mmusuakuw a wosua wɔ Yuda no ho, wo mu ara na obi bɛba ama me, na wabɛyɛ Israel so difo no; nea n’ase fi tete nteredee, fi tete nna no mu.


Na hwɛ, ɔbo a mede mato Yosua anim no, ɔbo biako so na aniwa ason gu, hwɛ, ɛso na mekurukyerɛw ne nkurukyerɛwee, asafo Awurade asɛm ni, na mɛpopa asase yi amumɔyɛ da koro.


Na kan no obi buu adwuma yi mfiase animtiaa mpo a wɔn ani begye bere a wobehu kyerebennyɛ bo no Serubabel nsam, Kanea ason a wohui no ne Awurade aniwa a edi akɔneaba asase nyinaa so no.


Na ɔbɔfo no bua see me sɛ: Eyinom ne ɔsoro mframa anan a efi adi fi nea wɔde wɔn ho gyinagyinaa asase nyinaa wura anim hɔ ba no.


Mfiase no na Asɛm no wɔ hɔ, na Asɛm no ne Nyankopɔn na ɛwɔ hɔ, na Asɛm no yɛ Onyankopɔn.


Na saa ade yi kɔɔ so mfirihyia abien, na ɛmaa wɔn a wɔte Asia nyinaa, Yudafo ne Helafo, tee Awurade asɛm.


Partifo ne Medifo ne Elamfo ne wɔn a wɔte Mesopotamia ne Yudea ne Kapadokia, Ponto ne Asia,


Me Paulo, mekyerɛw de kɔma Onyankopɔn adɔfo a wɔwɔ Roma nyinaa, a wɔafrɛ wɔn sɛ wɔmmɛyɛ ahotefo no: Adom ne asomdwoe a efi yɛn Agya Onyankopɔn ne Awurade Yesu nka mo.


Ɔdom ne asomdwoe a efi yɛn agya Onyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo nka mo.


Adom ne asomdwoe a efi yɛn Agya Onyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo nka mo.


Yesu Kristo no ara wɔ hɔ nnɛra, ɛnnɛ, ɛne daapem nyinaa.


Akyɛde pa nyinaa ne adekyɛde a ɛyɛ pɛ nyinaa fi soro, efi hann agya no nkyɛn na ɛba. Ɔno na nsakrae ne adannan sunsuma nni ne mu.


Yesu Kristo adiyi a Onyankopɔn de maa no sɛ ɔnkyerɛ ne nkoa nea etwa sɛ ɛba ntɛm, na ɔnam ne bɔfo so de bɛkyerɛɛ n’akoa Yohane


sɛ: Kyerɛw nea wuhu hyɛ nhoma mu, na fa kɔma asafo ahorow ason no, fa kɔ Efeso, Smirna, Pergamum, Tiatira, Sardi, Filadelfia ne Laodikea.


Na mihuu no no, mehwee ne nan ase sɛ owufo, na ɔde ne nsa nifa too me so ka kyerɛɛ me sɛ: Nsuro, mene ɔkannifo ne okyidifo,


Nsoromma ason a wuhui no me nifa so no ahintasɛm no, ne sika akaneadua ason no: Nsoromma ason no yɛ asafo ason no abɔfo, na akaneadua ason a wuhui no yɛ asafo ason no.


Awurade se: Mene Alfa ne Omega no, nea ɔwɔ hɔ, na ɔwɔ hɔ dedaw, na ɔreba, ade nyinaa so tumfo no.


Me, Yohane a meyɛ mo nua ne Yesu ahohia ne ahenni ne boasetɔ no mu yɔnko no, esiane Nyankopɔn asɛm ne Yesu adanse nti, mewɔ supɔw a wɔfrɛ no Patmo no so, Onyankopɔn asɛm ne Yesu adanse nti.


Na metee sɛ nsu so bɔfo no se: Wo a wowɔ hɔ, na wowɔ hɔ dedaw, na woyɛ kronkron, woteɛ, efisɛ woabu atɛn saa,


Na Pergamum asafo mu bɔfo no, kyerɛw kɔma no sɛ: Sɛɛ na nea okura afoa anofanu nnamnam no se:


Na Tiatira asafo mu bɔfo no, kyerɛw kɔma no sɛ: Sɛɛ na Onyankopɔn ba a n’ani te sɛ ogyaframa na ne nan te sɛ ayowa fɛfɛ no se:


Na Smirna asafo mu bɔfo no, kyerɛw kɔma no sɛ: Sɛɛ na ɔkannifo ne okyikafo, nea owui na ɔte ase bio no se:


Me, Yesu, na masoma me bɔfo sɛ ommedi mo nneɛma yi ho adanse asafo no mu. Mene Dawid ntini ne n’aseni, adekyee nsoromma a ɛharan no.


Na me, Yohane, ne nea ohuu nneɛma yi na ɔtee. Na metee na mihui no, mehwee ase sɛ merekotow ɔbɔfo a ɔkyerɛɛ me nneɛma yi nan ase.


Na Sardi asafo mu bɔfo no, kyerɛw kɔma no sɛ: Sɛɛ na nea ɔwɔ Onyankopɔn ahonhom ason ne nsoromma ason no se: Minim wo nnwuma, sɛ wowɔ din sɛ wote ase, nanso woawu.


Na Laodikea asafo mu bɔfo no, kyerɛw kɔma no sɛ: Sɛɛ na Amen, ɔdansefo a ɔsɛ sɛ wogye no di na ɔyɛ ɔnokwafo no, Onyankopɔn abɔde farebae no, se:


Na Filadelfia asafo mu bɔfo no, kyerɛw kɔma no sɛ: Sɛɛ na ɔkronkronni ne ɔnokwafo no, nea okura Dawid safe, na ohiɛ na obi ntom, na ɔtom na obi nhiɛ no,


Na anyinam ne ɛnne horow ne aprannaa fi ahengua no mu fii adi, na ogya akanea ason a ɛyɛ Onyankopɔn ahonhom ason no redɛw ahengua no anim.


Na ateasefo baanan no mu biara wɔ ntaban asia, na aniwa ahyehyɛ wɔn ho ne wɔn mu mama, na wɔto dwom daa awia ne anadwo sɛ: Kronkron, kronkron, kronkron ne Awurade Nyankopɔn, ade nyinaa so tumfo a ɔtenaa hɔ, na ɔwɔ hɔ, na ɔrebɛba.


Na mehwɛe, na ahengua no ne ateasefo baanan no ntam ne mpanyimfo no ntam no, oguammaa bi gyina hɔ a ɔte sɛ wɔakum no. Ɔwɔ mmɛn ason ne aniwa ason a ɛyɛ Onyankopɔn ahonhom ason a wɔasoma wɔn akɔ asase nyinaa so no.


Na mihuu abɔfo baasɔn a wogyinagyina Onyankopɔn anim no, na wɔmomaa wɔn ntorobɛnto asɔn.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios