Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Adiyisɛm 1:10 - KYERƐW KRONKRON

10 Mewɔ honhom mu, Awurade da no, na metee nne kɛse bi wɔ m’akyi sɛ torobɛnto

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

10 Mewɔ honhom mu, Awurade da no, na metee nne kɛseɛ bi wɔ m’akyiri sɛ totorobɛnto

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 Awurade da no, Honhom no faa me na metee nne dennen bi a ɛte sɛ torobɛnto a ɛrebɔ wɔ mʼakyi.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

10 Mewɔ honhom mu, Awurade da no, na metee nne kɛseɛ bi wɔ m’akyiri sɛ totorobɛnto

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 Awurade da no, Honhom no faa me na metee nne denden bi a ɛte sɛ totorobɛnto a ɛrebɔ wɔ mʼakyi.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

10 Mewɔ honhom mu, Awurade da no, na metee nne kɛse bi wɔ m’akyi sɛ torobɛnto

Ver Capítulo Copiar




Adiyisɛm 1:10
13 Referencias Cruzadas  

Na Bileam maa n'ani so, na ohuu Israel sɛ wogu hɔ mmusua mmusua; na Onyankopɔn honhom baa no so,


Obisaa wɔn sɛ: Na afei adɛn na Dawid nam honhom mu frɛ no owura ka sɛ:


Ɛnna da a edi nnawɔtwe kan no ara, eduu anwummere na Yudafo ho hu nti wɔatoto apon mu faako a asuafo no ahyia hɔ no, Yesu ba begyinaa wɔn mfinimfini, na osee wɔn sɛ: Asomdwoe nka mo!


Na ɛno akyi nnawɔtwe, n’asuafo no wɔ ɔdan mu bio, na Toma ka wɔn ho. Na Yesu bae, nso apon no mu atoto, na obegyinaa wɔn mfinimfini, na ɔkae sɛ: Asomdwoe nka mo!


Na nnawɔtwe mu da a edi kan no a yehyiae sɛ yɛrebubu abodoo no, Paulo kasa kyerɛɛ wɔn, efisɛ ade kye a, ɔbɛkɔ, na ɔtoaa asɛm no so ara kosii ɔdasum.


Enti merema moahu sɛ, obiara a ɔnam Onyankopɔn honhom mu kasa no mfrɛ Yesu abusude; na obiara ntumi mfrɛ Yesu Awurade, gye sɛ Honhom Kronkron so.


Daa nnawɔtwe mu da a edi kan no, mo mu biara mfa nea ebesi no yiye ama wanya no nsie, na mamma ansa na wɔayi tow no.


Na ɔde me nam honhom mu kɔɔ sare so. Na mihuu ɔbea bi a ɔte aboa kɔkɔɔ a abususɛm din ahyɛ no ma na ɔwɔ ti ason ne mmɛn du so.


Na ɔde me nam honhom mu kɔɔ bepɔw kɛse tenten bi so, na ɔkyerɛɛ me kurow kronkron Yerusalem no sɛ efi soro Onyankopɔn nkyɛn resian.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios