Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Adiyisɛm 1:1 - KYERƐW KRONKRON

1 Yesu Kristo adiyi a Onyankopɔn de maa no sɛ ɔnkyerɛ ne nkoa nea etwa sɛ ɛba ntɛm, na ɔnam ne bɔfo so de bɛkyerɛɛ n’akoa Yohane

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

1 Yesu Kristo adiyie a Onyankopɔn de maa no sɛ ɔnkyerɛ ne nkoa deɛ ɛtwa sɛ ɛba ntɛm, na ɔnam ne bɔfoɔ so de bɛkyerɛɛ n’akoa Yohane

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Saa nhoma yi fa adiyisɛm a Onyankopɔn de maa Yesu Kristo sɛ ɔnkyerɛ nʼasomfo nea ɛrebɛba no ho. Kristo somaa ne bɔfo kɔɔ nʼakoa Yohane nkyɛn kɔdaa asɛm yi adi kyerɛɛ no,

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

1 Yesu Kristo adiyie a Onyankopɔn de maa no sɛ ɔnkyerɛ ne nkoa deɛ ɛtwa sɛ ɛba ntɛm, na ɔnam ne bɔfoɔ so de bɛkyerɛɛ n’akoa Yohane

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Nwoma yi fa adiyisɛm a Onyankopɔn de maa Yesu Kristo sɛ ɔnkyerɛ nʼasomfoɔ deɛ ɛrebɛba no ho. Kristo somaa ne ɔbɔfoɔ kɔɔ nʼakoa Yohane nkyɛn kɔdaa asɛm yi adi kyerɛɛ no,

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

1 Yesu Kristo adiyi a Onyankopɔn de maa no sɛ ɔnkyerɛ ne nkoa nea etwa sɛ ɛba ntɛm, na ɔnam ne bɔfo so de bɛkyerɛɛ n’akoa Yohane

Ver Capítulo Copiar




Adiyisɛm 1:1
30 Referencias Cruzadas  

AWURADE yi ne tirim asɛm kyerɛ wɔn a wosuro no, na ɔma wohu n’apam no mu.


na metee onipa nne, Ulai asukɔn so a ɔfrɛe sɛ: Gabriel, ma oyi nte adehu no ase.


na meda so merekasa me mpaebɔ mu no, ɔbarima Gabriel a mihuu no anisoadehu mu kan no tuu ntɛmntɛm bɛkaa me, anwummere afɔrebɔ bere mu.


Wo nkotɔsrɛ mfiase mu no, asɛm bi fi bae, na maba rebɛka akyerɛ wo, efisɛ wɔdɔ w’asɛm sɛ; enti te asɛm no ase, na hu adehu no mu.


Ampa ara AWURADE Nyankopɔn renyɛ biribi gye sɛ wayi n’agyina adi akyerɛ ne nkoa adiyifo no ansa.


efisɛ me de, ɛnyɛ me na mehyɛɛ me ho mekasae, na Agya a ɔsomaa me no na ɔhyɛɛ me nea menka ne sɛnea menkasa.


Memfrɛ mo nkoa bio, efisɛ akoa nnim nea ne wura reyɛ; na mafrɛ mo nnamfo, efisɛ nneɛma a mate m’Agya nkyɛn no nyinaa maka makyerɛ mo.


efisɛ nsɛm a wode ama me no, mede mama wɔn; na wɔn nso wɔagye, na wɔahu ampa sɛ mifi wo nkyɛn na mebae, na wɔagye adi sɛ wo na wosomaa me.


na nea wahu na wate no, ɛno ho adanse na odi; na obi nnye n’adanse no.


Mewɔ mo ho nsɛm pii a mɛka na mabu atɛn; na nea ɔsomaa me no yɛ ɔnokwafo. Na nea metee ne nkyɛn no, ɛno na meka mekyerɛ wiase.


Nea otumi sɛ ɔhyɛ mo den, sɛnea m’asɛmpa ne Yesu Kristo ho asɛnka te, sɛnea ahintasɛm a kan teteete no wɔanka,


efisɛ ɛnyɛ nnipa nkyɛn na migyee no, nso wɔamfa ankyerɛkyerɛ me, na mmom Yesu Kristo na ɔdaa no adi kyerɛɛ me.


sɛ ɔnam adiyi so ma mihuu ahintasɛm no, sɛnea makyerɛw no tiaam dedaw no.


Paulo, Onyankopɔn akoa, ne Yesu Kristo somafo, ma wɔn a Onyankopɔn ayi wɔn no gyidi ne onyamesom pa ho nokware no nimdeɛ,


Kyerɛw nea woahu, ne nea ɛwɔ hɔ, ne nea eyi akyi no ɛrebɛba:


Me, Yohane a meyɛ mo nua ne Yesu ahohia ne ahenni ne boasetɔ no mu yɔnko no, esiane Nyankopɔn asɛm ne Yesu adanse nti, mewɔ supɔw a wɔfrɛ no Patmo no so, Onyankopɔn asɛm ne Yesu adanse nti.


Na abɔfo baason a wokurakura nkuruwa ason no mu biako bae ne me bɛkasae sɛ: Bra na menkyerɛ wo aguamammɔfo kɛse a ɔte nsu pii no so no atemmu.


Na mehwee ne nan ase mekotow no. Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Hwɛ, nyɛ sa, meyɛ w’awurakwaa ne wo nuanom a wokura Yesu adanse no mu bi. Kotow Nyankopɔn! Na Yesu adanse ne adiyi honhom no.


Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Kyerɛw: Nhyira ne wɔn a wɔahyia wɔn Oguammaa no ayeforo ase. Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Onyankopɔn nsɛm a ɛyɛ nokware ni.


Na mihuu kurow kronkron no, Yerusalem foforo, sɛ efi soro Onyankopɔn nkyɛn resian, na wɔasiesie no sɛ ayeforo a wɔahyehyɛ no ama ne kunu.


Na abɔfo baason a wokurakura nkuruwa ason a ɔhaw mmusu ason a edi akyiri no ahyehyɛ mu mama no mu biako baa me nkyɛn ne me bɛkasae sɛ: Bra na menkyerɛ wo ayeforo, Oguammaa no yere no.


Na ɔkyerɛɛ me nkwa nsu asubɔnten a ani tew sɛ ahwehwɛ a efi Nyankopɔn ne Oguammaa no ahengua no mu,


Me, Yesu, na masoma me bɔfo sɛ ommedi mo nneɛma yi ho adanse asafo no mu. Mene Dawid ntini ne n’aseni, adekyee nsoromma a ɛharan no.


Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Nsɛm yi wom, na ɛyɛ nokware, na Awurade, adiyifo ahonhom Nyankopɔn no, asoma ne bɔfo sɛ ɔmmɛkyerɛ ne nkoa ade a etwa sɛ ɛba ntɛm.


Na me, Yohane, ne nea ohuu nneɛma yi na ɔtee. Na metee na mihui no, mehwee ase sɛ merekotow ɔbɔfo a ɔkyerɛɛ me nneɛma yi nan ase.


Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Hwɛ, nyɛ saa, meyɛ wo ne wo nuanom adiyifo ne wɔn a wokura nhoma yi mu nsɛm mu no awurakwaa. Kotow sɔre Nyankopɔn!


Eyi akyi no, mehwɛe, na hwɛ, wɔahiɛ ɔpon ɔsoro, na ɛnne a metee kan sɛ torobɛnto a ɛne me kasae no se: Foro bra ha na mɛkyerɛ wo nea etwa sɛ eyinom akyi no ɛba.


Na ɔbae begyee nhoma no fii nea ɔte ahengua no so no nifa mu.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios