Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




5 Mose 1:2 - KYERƐW KRONKRON

2 efi Horeb, Seir bepɔw kwan so, kɔ Kades-barnea yɛ dadu dabiako kwan.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

2 ɛfiri Horeb, Seir bepɔ kwan so, kɔ Kades-barnea yɛ dadu dabaako kwan.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Efi Horeb de kɔ Kades-Barnea no, ɔkwan a ɛfa bepɔw Seir no, yɛ nnafua dubaako kwan.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

2 ɛfiri Horeb, Seir bepɔ kwan so, kɔ Kades-barnea yɛ dadu dabaako kwan.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Ɛfiri Horeb de kɔ Kades-Barnea no, ɛkwan a ɛfa bepɔ Seir no yɛ nnafua dubaako kwan.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

2 efi Horeb, Seir bepɔw kwan so, kɔ Kades-barnea yɛ dadu dabiako kwan.

Ver Capítulo Copiar




5 Mose 1:2
15 Referencias Cruzadas  

Na wɔbaa Mose ne Aaron ne Israelfo asafo no nyinaa nkyɛn Paran sare so wɔ Kades, na wɔbɔɔ wɔn kaseɛ kyerɛɛ wɔn ne asafo no nyinaa, na wɔde asase no so aba no kyerɛɛ wɔn.


Saa na mo agyanom yɛe bere a mesomaa wɔn fi Kades-barnea sɛ wɔnkɔhwɛ asase no,


Na AWURADE somaa mo fi Kades-barnea kae sɛ: Momforo nkɔfa asase a mede mama mo no, motew AWURADE mo Nyankopɔn anom asɛm no atua, na moannye no anni, na moantie ne nne.


Na Yudafo no baa Yosua nkyɛn wɔ Gilgal; na Kenisini Yefune ba Kaleb ka kyerɛɛ no sɛ: Wo ara wunim me ne wo ho asɛm a AWURADE ka kyerɛɛ Onyankopɔn nipa Mose wɔ Kades-barnea no.


Na yetwaa yɛn nuanom Esau mma a wɔte Seir no ho faa Araba tataw so kwan so fii Elat ne Esion-geber dan yɛn ho betwaam Moab sare so kwan so.


na hyɛ ɔman no sɛ: Morebetwam mo nuanom Esau mma a wɔte Seir no hye so, na wosuro mo, monhwɛ mo ho yiye,


Na Amorifo a wɔte bepɔw no so no fi behyiaa mo na wɔtaa mo sɛnea nnowa yɛ, na wokunkum mo Seir koduu Horma.


Na Mose ne Aaron hyɛn ahyiae ntamadan no mu; na wofii adi no, wohyiraa ɔman no. Ɛnna AWURADE anuonyam yii ne ho kyerɛɛ ɔman no nyinaa.


Na sɛ wode aba a edi kan ayɛyɛde rebrɛ AWURADE a, fa aburow mmɛtem a wɔato no ogya mu atutu apa ho yɛ w'aba a edi kan mu ayɛyɛde;


Bere bi a Mose rehwɛ n'ase Yetro, Midian sɔfo no, nguan, na ɔkaa wɔn de wɔn kɔɔ sare no akyi noho, na oduu Onyankopɔn bepɔw Horeb ho.


Na Yakob tutuu abɔfo dii n'anim kɔɔ ne nua Esau nkyɛn Seir asase so wɔ Edom wuram.


Hwɛ, megyina w'anim wɔ Horeb ɔbotan no so hɔ, na bɔ ɔbotan no, na nsu befi mu aba, na ɔman no anom. Na Mose yɛɛ sa wɔ Israel mpanyin no anim.


Na yetu fii Horeb, na yɛnantew faa sare kɛse a ɛso yɛ hu a muhui nyinaa so, Amorifo bepɔw kwan so, sɛnea AWURADE yɛn Nyankopɔn hyɛɛ yɛn no, na yeduu Kades-barnea.


Ɛnna yɛdan yɛn ho tuu yɛn kwan kɔɔ sare so, Mmɛw-Po kwan so, sɛnea AWURADE ka kyerɛɛ me no, na yɛkɔntɔn faa Seir bepɔw ho nna pii.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios