Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




5 Mose 1:1 - KYERƐW KRONKRON

1 Eyi ne nsɛm a Mose ka kyerɛɛ Israel nyinaa Yordan agya sare so, Araba tataw so, Suf ntentenso, Paran ne Tofel, Laban, Haserot ne Di-sahab ntam;

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

1 Yei ne nsɛm a Mose ka kyerɛɛ Israel nyinaa, Yordan agya serɛ soɔ, Araba mpaperɛ so, Suf ntentensoɔ, Paran ne Tofel, Laban, Haserot ne Di-sahab ntam;

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Eyi ne nsɛm a Mose ka kyerɛɛ Israelfo nyinaa wɔ sare no so wɔ Yordan apuei. Wɔbɔɔ atenae wɔ Yordan bon a ɛbɛn Suf, wɔ Paran, Tofel, Laban, Haserot ne Di-Sahab ntam no.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

1 Yei ne nsɛm a Mose ka kyerɛɛ Israel nyinaa, Yordan agya serɛ soɔ, Araba mpaperɛ so, Suf ntentensoɔ, Paran ne Tofel, Laban, Haserot ne Di-sahab ntam;

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Yei ne nsɛm a Mose ka kyerɛɛ Israelfoɔ nyinaa wɔ ɛserɛ no so wɔ Yordan apueeɛ. Wɔbɔɔ atenaeɛ wɔ Yordan bɔnhwa a ɛbɛn Suf, wɔ Paran, Tofel, Laban, Haserot ne Di-Sahab ntam no.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

1 Eyi ne nsɛm a Mose ka kyerɛɛ Israel nyinaa Yordan agya sare so, Araba tataw so, Suf ntentenso, Paran ne Tofel, Laban, Haserot ne Di-sahab ntam;

Ver Capítulo Copiar




5 Mose 1:1
29 Referencias Cruzadas  

Na ɔtenaa Paran sare so; na ne na kɔwaree yere fi Misraim asase so brɛɛ no.


Na wɔsɔre fii Midian na wokoduu Paran; na wɔfaa mmarima bi wɔ Paran kaa wɔn ho, na wɔkɔɔ Misraim, Misraim hene Farao nkyɛn; na ɔmaa no ofi na ɔhyɛɛ aduan a wɔmma no, na wɔmaa no asase nso.


Onyankopɔn fi Teman ba, na ɔkronkronni no fi Paran bepɔw so. Sela N’anuonyam kata ɔsoro, na n’ayeyi yɛ asase so ma.


Na Israelfo no tutuu wɔn nsra siim fii Sinai sare so, na omununkum no kogyinaa Paran sare so.


Na ɔman no tu fii Kibrot-hataawa kɔɔ Haserot, na wɔtenaa Haserot.


Na ɛno akyi no, ɔman no tu fii Haserot, na wɔkɔbɔɔ nsra Paran sare so.


Na wɔbaa Mose ne Aaron ne Israelfo asafo no nyinaa nkyɛn Paran sare so wɔ Kades, na wɔbɔɔ wɔn kaseɛ kyerɛɛ wɔn ne asafo no nyinaa, na wɔde asase no so aba no kyerɛɛ wɔn.


Na Mose nam AWURADE asɛm so somaa wɔn fii Paran sare so, wɔn nyinaa yɛ mmarima a wɔyɛ Israelfo mu atitiriw.


Na yɛne wɔn remfa agyapade wɔ Yordan agya ne akyiri, efisɛ yɛn agyapade abefi Yordan agya ha wɔ apuei fam ama yɛn.


Yɛn de, yebemia adi AWURADE anim atwam akɔ Kanaan asase so, na yɛn agyapade a yɛanya Yordan agya ha no atena yɛn hɔ.


Na wɔkae sɛ: Sɛ yɛn anim aba onyam wɔ w'anim a, ma wɔmfa asase yi mma wo nkoa na yenni so, na mfa yɛn ntwa Yordan.


Na wotu fii Rimon-peres kɔbɔɔ nsra Libna.


Na wotu fii Libna kɔbɔɔ nsra Risa.


Mmusuakuw abien ne fa abusua no anya wɔn kyɛfa Yeriko, Yordan agya, anim fam ne apuei.


Munyi nkurow abiɛsa mma Yordan agya, na munyi nkurow abiɛsa nso mma Kanaan asase no;


Na yetwaa yɛn nuanom Esau mma a wɔte Seir no ho faa Araba tataw so kwan so fii Elat ne Esion-geber dan yɛn ho betwaam Moab sare so kwan so.


Na Mose ne Israel mpanyimfo no hyɛɛ ɔman no sɛ: Munni mmara nsɛm a merehyɛ mo nnɛ yi nyinaa so.


Eyi ne apam a AWURADE hyɛɛ Mose sɛ ɔne Israelfo mpam Moab asase so nka apam a ɔne wɔn pamee Horeb ho no mu nsɛm no ho.


Na Mose kɔe kɔkaa nsɛm yi kyerɛɛ Israel nyinaa.


AWURADE fi Sinai bae, na opue fii Seir maa wɔn, ɔharan fii Paran bepɔw so; ofi akronkronfo pii mu na ɛbae, ogya a ɛyɛ mmara ma wɔn wɔ ne nifa mu.


Yordan agya, obon no mu, Bet-peor ntentenso, Amorifo hene Sihon a ɔtenaa Hesbon a Mose ne Israelfo fi Misraim bae no, wokum no no asase so.


Na Mose frɛɛ Israel nyinaa ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Israel, muntie ahyɛde ne atemmude a mereka magu mo asom nnɛ yi, na munsua, na munni so nyɛ.


Na afei AWURADE mo Nyankopɔn de mo nuanom atena ase dwoodwoo, sɛnea ɔka kyerɛɛ wɔn no; enti monsan nkɔ mo ntamadan mu, mo agyapade asase a AWURADE akoa Mose de maa mo Yordan agya no so.


Na Manase abusuakuw fa no, Mose de wɔn de maa wɔn Basan, na ɔfa no nso, Yosua de wɔn de maa wɔn wɔn nuanom mu, Yordan agya atɔe hɔ. Na Yosua regya wɔn kwan akɔ wɔn ntamadan mu no, ohyiraa wɔn,


na nsu a efi atifi ba no gyinae bɔɔ kuw biako wɔ akyirikyiri, wɔ Adam, kurow a ɛwɔ Saretan nkyɛn no ho; na nsu a esian kɔ tataw mu po a ɛne Nkyene-Po no mu no twa wiei koraa. Na ɔman no twae Yeriko ntentenso.


Na ahene a wɔwɔ Yordan agya ha fam mmepɔw so nyinaa ne Sefela tataw so ne po kɛse no ano nyinaa de kɔ Lebanon ntentenso, Hetifo ne Amorifo, Kanaanfo ne Perisifo ne Hewifo ne Yebusifo no tee no,


ne nea ɔyɛɛ Amorifo ahene baanu a wɔwɔ Yordan agya no, Hesbonhene Sihon ne Basan hene Og a ɔtenaa Astarot no.


Na Samuel wui; na Israel nyinaa boaboaa wɔn ho ano begyam no, na wɔkoraa no ne fi wɔ Rama. Na Dawid sɔre sian kɔɔ Paran sare so.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios