Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




4 Mose 2:3 - KYERƐW KRONKRON

3 Wɔn a wɔmmɔ nsra apuei fam, no ne: Yuda nsra frankaa no ase nnipa, sɛ wɔn dɔm te. Yuda mma no safohempanyin ne Aminadab ba Nahasɔn,

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

3 Wɔn a wɔnkyere nsraban apueeɛ fam no ne Yuda nsraban frankaa no ase nnipa sɛdeɛ wɔn dɔm teɛ. Yuda mma no safohempanin Aminadab ba Nahason,

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Apuei fam, baabi a owia pue fi hɔ no na ɛsɛ sɛ Yuda nnipa nkyekyɛmu ahorow no nyinaa bɔ wɔn atenae wɔ wɔn frankaa ase. Yudafo ntuanoni ne Aminadab ba Nahson.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

3 Wɔn a wɔnkyere nsraban apueeɛ fam no ne Yuda nsraban frankaa no ase nnipa sɛdeɛ wɔn dɔm teɛ. Yuda mma no safohempanin Aminadab ba Nahason,

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Apueeɛ fam, baabi a owia pue firi hɔ no na ɛsɛ sɛ Yuda nnipa nkyekyɛmu ahodoɔ no nyinaa bɔ wɔn atenaeɛ wɔ wɔn frankaa ase. Yudafoɔ ntuanoni ne Aminadab ba Nahson.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

3 Wɔn a wɔmmɔ nsra apuei fam, no ne: Yuda nsra frankaa no ase nnipa, sɛ wɔn dɔm te. Yuda mma no safohempanyin ne Aminadab ba Nahasɔn,

Ver Capítulo Copiar




4 Mose 2:3
19 Referencias Cruzadas  

Na Israel te asase no so no, Ruben ne n'agya abaawayere Bilha kɔdae, na Israel tee.


Nso Yakob mmammarima si dumien; Lea mma ne Ruben Yakob abakan ne Simeon, Lewi, Yuda, Isakar ne Sebulon.


Na Ram woo Aminadab, na Aminadab woo Nahson, Yuda mma bapɔmma no,


Na Yuda ho yɛ den ne nuanom mu, na ɔbapɔmma fii no mu de, nanso abakanyɛ no dan Yosef de).


Na Aaron faa Aminadab babea Eliseba a ɔyɛ Nahson ne nua waree, na ɔwoo Nadab, Abihu, Eleasar ne Itamar maa no.


Na mmarima a womfi mmusuakuw no mu mmɛboa mo no din ni: Ruben de ne Sedeur ba Elisur.


Yuda de: Aminadab ba Nahasɔn.


Na sɛ mohyɛn osebɔ nnyigyei a, nsra a ɛdeda apuei fam no ntutu;


na ne dɔm a wɔkan wɔn no, yɛ ɔpeduɔsɔn anan ne ahansia.


Na wɔn a wɔmmɔ nsra, ahyiae ntamadan no anim, apuei no, ne Mose ne Aaron ne ne mmammarima a wɔhwɛ kronkronbea no so ma Israelfo no; na ɔhɔho a otwiw bɛn no, wonkum no.


Na nea ɔde n'ayɛyɛde bae da a edi kan ne Aminadab ba Nahasɔn a ofi Yuda abusuakuw mu no.


ne asomdwoe afɔre de: anantwi abien, adwennini anum, mpapo anum, nguanten mma a wɔadi afe afe anum. Eyi ne Aminadab ba Nahasɔn ayɛyɛde.


Ram woo Aminadab, Aminadab woo Nahson, Nahson woo Salmon,


na Aminadab woo Nahson, na Nahson woo Salmon,


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios