Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




4 Mose 1:2 - KYERƐW KRONKRON

2 Wo ne Aaron mmu Israelfo asafo nyinaa ano, sɛ wɔn mmusua ne wɔn mpanyimfi te, nhu mmarima nyinaa mmiako mmiako ne wɔn din dodow,

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

2 Wo ne Aaron mommu Israel nyinaa ano sɛdeɛ wɔn mmusua ne wɔn mpanimfie teɛ, nhunu mmarima nyinaa mmaako mmaako, wɔn din dodoɔ,

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 “Gyina Israelfo no mmusuakuw ne wɔn mmusua so kan wɔn nyinaa. Kyerɛw ɔbarima biara din.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

2 Wo ne Aaron mommu Israel nyinaa ano sɛdeɛ wɔn mmusua ne wɔn mpanimfie teɛ, nhunu mmarima nyinaa mmaako mmaako, wɔn din dodoɔ,

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 “Gyina Israelfoɔ no mmusuakuo ne wɔn mmusua so kan wɔn nyinaa. Twerɛ ɔbarima biara din.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

2 Wo ne Aaron mmu Israelfo asafo nyinaa ano, sɛ wɔn mmusua ne wɔn mpanyimfi te, nhu mmarima nyinaa mmiako mmiako ne wɔn din dodow,

Ver Capítulo Copiar




4 Mose 1:2
16 Referencias Cruzadas  

wɔn a wɔkan wɔn fraa dodow no mu a wɔadi mfirihyia aduonu anaa nea ɛboro saa a wosi mpem ahansia ne mpensa ne ahanum aduonum no mu biara yii beka biako a ɛyɛ dwetɛbona fa, sɛnea kronkronbea dwetɛbona no te.


Sɛ wubu Israelfo ano hwehwɛ wɔn dodow a, wɔn kan yi mu no wɔn nyinaa mfa wɔn kra mpata ade mma AWURADE, na, sɛ wɔkan wɔn a, owuyare bi amma wɔn mu.


na wohyiaa asafo no nyinaa boaa ano, ɔsram a ɛto so abien no da a edi kan, na wɔkaa wɔn awo ntoatoaso sɛ wɔn mmusua ne wɔn mpanyimfi te, wɔn din dodow, efi wɔn a wɔadi mfirihyia aduonu so de rekɔ, mmiako mmiako;


Simeon mma, wɔn asefo, sɛ wɔn mmusua ne wɔn mpanyimfi te, wɔn a wɔkan wɔn, sɛ wɔn din dodow si, mmiako mmiako, mmarima a wɔadi mfe aduonu ne akyiri nyinaa, wɔn a wobetumi akɔ ɔsa nyinaa,


Na Israelfo no siim fii Rameses kɔɔ Sukot, wɔbɛyɛ mmarima a wɔnam fam mpem ahorow ahansia, mmofra mfra mu.


Na asafo no mu nnipa a wɔkan wɔn no dwetɛ ano si dwetikɛse ɔha ne nnwetɛbona apem ahansɔn aduɔsɔn anum, sɛnea kronkronbea dwetɛbona no te:


sɛnea AWURADE hyɛɛ Mose no, saa ara na ɔkan wɔn Sinai sare so nen.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios