Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




4 Mose 1:1 - KYERƐW KRONKRON

1 Na Israelfo fii Misraim asase so akyi afe a ɛto so abien no, ɔsram a ɛto so abien no da a edi kan no, AWURADE kasa kyerɛɛ Mose Sinai sare so wɔ ahyiae ntamadan no mu sɛ:

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

1 Na Israelfoɔ firii Misraimfoɔ asase so akyi afe a ɛtɔ so mmienu, ne bosome a ɛtɔ so mmienu no da a ɛdi kan no, AWURADE kasa kyerɛɛ Mose wɔ Sinai serɛ so wɔ ahyiaeɛ ntomadan mu sɛ:

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Awurade kasa kyerɛɛ Mose wɔ Ahyiae Ntamadan a ɛwɔ Sinai nweatam so. Eyi sii wɔ mfe abien a Israelfo fii Misraim no akyi, ɔsram a ɛto so abien no da a edi kan. Ɔkae se:

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

1 Na Israelfoɔ firii Misraimfoɔ asase so akyi afe a ɛtɔ so mmienu, ne bosome a ɛtɔ so mmienu no da a ɛdi kan no, AWURADE kasa kyerɛɛ Mose wɔ Sinai serɛ so wɔ ahyiaeɛ ntomadan mu sɛ:

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Awurade kasa kyerɛɛ Mose wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan a ɛwɔ Sinai anweatam so. Yei siiɛ wɔ mfeɛ mmienu a Israelfoɔ firii Misraim no akyi, ɔbosome a ɛtɔ so mmienu no no ɛda a ɛdi ɛkan. Ɔkaa sɛ:

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

1 Na Israelfo fii Misraim asase so akyi afe a ɛto so abien no, ɔsram a ɛto so abien no da a edi kan no, AWURADE kasa kyerɛɛ Mose Sinai sare so wɔ ahyiae ntamadan no mu sɛ:

Ver Capítulo Copiar




4 Mose 1:1
15 Referencias Cruzadas  

Na ɛhɔ na me ne wo behyia, na mafi mpata agua no so wɔ kerubim abien a wɔwɔ Adanse adaka no so no ntam maka wo nneɛma a mɛhyɛ wo sɛ fa kyerɛ Israelfo no nyinaa.


Da a Israelfo siim fii Misraim asase so no, ne sram a ɛto so abiɛsa so pɛpɛɛpɛ na woduu Sinai sare so.


Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose Sinai sare so, wɔn Misraim asase so fi afe a ɛto so abien sram a edi kan no mu sɛ


Eyinom ne mmara nsɛm a AWURADE de hyɛɛ Mose, Sinai bepɔw so, ma ɔde kɔmaa Israelfo no.


Na AWURADE frɛɛ Mose, na ofi ahyiae ntamadan no mu kasa kyerɛɛ no sɛ:


Na afe a ɛto so abien no sram a edi kan no da a edi kan no, wosii tenabea no.


Ɔsram a edi kan no da a edi kan no na si ahyiae ntamadan no tenabea no.


Na Israelfo fii Misraim asase so bae no akyi afe a ɛto so ahanan aduɔwɔtwe so no, Solomon dii Israel so hene afe a ɛto so anan mu, ɔsram Siw a ɛne ɔsram a ɛto so abien a ɛte sɛ Ogyefo no so no, osii AWURADE dan no.


na wohyiaa asafo no nyinaa boaa ano, ɔsram a ɛto so abien no da a edi kan, na wɔkaa wɔn awo ntoatoaso sɛ wɔn mmusua ne wɔn mpanyimfi te, wɔn din dodow, efi wɔn a wɔadi mfirihyia aduonu so de rekɔ, mmiako mmiako;


Na wotu fii Refidim no, wɔbaa Sinai sare so bɛbɔɔ nsra sare no so; na Israel bɔɔ nsra bepɔw no anim hɔ.


Ɛnna AWURADE ka kyerɛɛ: Mose ne Aaron ne Miriam mpofirim sɛ: Mo baasa mumfi adi mmra ahyiae ntamadan no ho.


Na afe a ɛto so aduanan no, ɔsram a ɛto so dubiako, ɔsram no ara da a edi kan no, Mose kasa kyerɛɛ Israelfo, sɛnea AWURADE hyɛɛ no sɛ ɔnka nkyerɛ wɔn no nyinaa;


na AWURADE wo Nyankopɔn ahyira wo, wo nsa ano adwuma nyinaa mu, wahu wo sare kɛse yi so nantew yi; mfirihyia aduanan yi AWURADE wo Nyankopɔn adi w’akyi, biribiara nhiaa wo ɛ.


Na nna dodow a yɛde nantew fi Kades-barnea besii sɛ yetwaa Sered subon no si mfirihyia aduasa awotwe, besii sɛ akofofo awo ntoatoaso no nyinaa wiee sa fii nsra no mu, sɛnea AWURADE kaa wɔn ntam no.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios