Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




3 Mose 4:2 - KYERƐW KRONKRON

2 Kasa kyerɛ Israelfo sɛ: Sɛ obi anhyɛ da na ɔyɛ nneɛma a AWURADE ahyɛ sɛ wɔnnyɛ no mu biara no, na ɔkɔyɛ emu biara a,

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

2 Kasa kyerɛ Israelfoɔ sɛ: Sɛ obi anhyɛda na ɔyɛ nnoɔma a AWURADE ahyɛ sɛ wɔnnyɛ no mu biara,

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 “Ka kyerɛ Israelfo se saa mmara yi na ɛwɔ hɔ ma obiara a wanhyɛ da na obebu me mmara no bi so.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

2 Kasa kyerɛ Israelfoɔ sɛ: Sɛ obi anhyɛda na ɔyɛ nnoɔma a AWURADE ahyɛ sɛ wɔnnyɛ no mu biara,

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 “Ka kyerɛ Israelfoɔ sɛ, ‘saa mmara yi na ɛwɔ hɔ ma obiara a wanhyɛ da na ɔbɛbu Awurade mmara no bi so.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

2 Kasa kyerɛ Israelfo sɛ: Sɛ obi anhyɛ da na ɔyɛ nneɛma a AWURADE ahyɛ sɛ wɔnnyɛ no mu biara no, na ɔkɔyɛ emu biara a,

Ver Capítulo Copiar




3 Mose 4:2
18 Referencias Cruzadas  

Na nea ɛto so abien no de, ɔsɔfo panyin nko na afe biara ɔkɔ hɔ prɛko, ɔde mogya a n’ankasa ne ɔman no mfomso nti ɔde kɔma.


Hena na ohu n’ankasa ne mfomso mu? Me bɔne a ahintaw me, fa kyɛ me.


Na sɛ asase no so nkurɔfo no mu biara anhyɛ da na ɔyɛ nneɛma a AWURADE ahyɛ sɛ wɔnnyɛ no mu ade biako, na odi so, na sɛ wɔma ohu ne bɔne a wayɛ a,


Ano koro no ara mu na nhyira ne nnome fi. Me nuanom, ɛnsɛ sɛ eyinom ba saa!


sɛ obi a obetumi ahu ama wɔn a wonnim na wɔfom so no, esiane sɛ mmerɛwyɛ atwa ɔno nso ho ahyia.


Ɛwom sɛ na anka kan no, meyɛ mmusubɔfo ne ɔtaafo ne onuɔdenfo, nanso wɔahu me mmɔbɔ, efisɛ minnim na meyɛe, ogye a mannye manni mu.


Nso Yonatan de, n’agya reka ɔman no ntam no, wante; na ɔde poma a okurae no ano kaa ɛwo no bi, na ɔde ne nsa kɔɔ n’ano, na n’ani so tetew no.


Na onipakumfo a onguan nkɔ hɔ na onnya nkwa no ho asɛm ni: Nea onnim na ɔbɔ ne yɔnko ade, nanso bere a atwam no ɔntan no,


Sɛ otitiriw bi anhyɛ da na ɔyɛ nneɛma a AWURADE ne Nyankopɔn ahyɛ sɛ wɔnnyɛ no nyinaa mu ade biako, na odi so, na sɛ wɔma ohu ne bɔne a wayɛ no a,


Na sɛ Israel asafo nyinaa fom, na asɛm no ahintaw ɔman no, na wɔyɛ nneɛma a AWURADE ahyɛ sɛ wɔnnyɛ no mu bi, na wodi so,


Na Abimelek frɛɛ Abraham ka kyerɛɛ no sɛ: Dɛn na woayɛ yɛn yi, na bɔne bɛn na mayɛ wo, na wode bɔne kɛse yi aba me ne m'ahenni so? Ade a wɔnyɛ na woayɛ me yi.


Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ:


Na sɛ obi anhyɛ da, na odi akronkronne no bi a, ɔmfa n'abupɛn anum mu biako mpae so, na ɔnnan akronkronne no mma ɔsɔfo no.


munyiyi nkurow a ɛfata na ɛnyɛ guankɔbea nkurow mma mo, na onipakumfo a ne nsa apa obi ho no aguan akɔ hɔ.


Mma w’ano ne wo honam nnyɛ bɔne, na nka ɔbɔfo no anim sɛ: Ɛyɛ mfomso. Ɛdɛn nti na Onyankopɔn bo mfuw wo nne na ɔnsɛe wo nsa ano adwuma.


Nso bɔ w’akoa ho ban wɔ bɔne ho, na anhyɛ me so. Ɛno na medi bem, na me ho afi amumɔyɛ kɛse ho.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios