Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




3 Mose 10:3 - KYERƐW KRONKRON

3 Na Mose ka kyerɛɛ Aaron sɛ ɛno ne nea AWURADE kae sɛ: Wɔn a wotwiw bɛn me no mu na mɛyɛ me ho kronkron, na ɔman no nyinaa anim na mɛhyɛ me ho anuonyam.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

3 Na Mose ka kyerɛɛ Aaron sɛ: Ɛno ne deɛ AWURADE kaa sɛ: Wɔn a wɔtwe pini me no mu na mɛyɛ me ho kronkron, na ɔman no nyinaa anim na mɛhyɛ me ho animuonyam.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Mose ka kyerɛɛ Aaron se, Awurade kae se, “ ‘Mɛda me ho kronkronyɛ adi akyerɛ wɔn a wɔba me nkyɛn; wɔbɛhyɛ me anuonyam wɔ nnipa nyinaa anim no, na nea ɔrekyerɛ nen.’” Na asɛm no tɔɔ Aaron mum.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

3 Na Mose ka kyerɛɛ Aaron sɛ: Ɛno ne deɛ AWURADE kaa sɛ: Wɔn a wɔtwe pini me no mu na mɛyɛ me ho kronkron, na ɔman no nyinaa anim na mɛhyɛ me ho animuonyam.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Mose ka kyerɛɛ Aaron sɛ, “Awurade kaa sɛ, “ ‘Mede me ho kronkron bɛkyerɛ wɔn a wɔbɛn me na nnipa nyinaa ahyɛ me animuonyam no, aseɛ ne no.’” Na asɛm no tɔree Aaron mumu.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

3 Na Mose ka kyerɛɛ Aaron sɛ ɛno ne nea AWURADE kae sɛ: Wɔn a wotwiw bɛn me no mu na mɛyɛ me ho kronkron, na ɔman no nyinaa anim na mɛhyɛ me ho anuonyam.

Ver Capítulo Copiar




3 Mose 10:3
46 Referencias Cruzadas  

Eyi mpare wo sɛ wubedi saa asɛm yi, sɛ wubekum ɔtreneeni ne ɔbɔnefo afra, na ɔtreneeni ayɛ sɛ ɔbɔnefo; eyi mpare wo. Nea obu asase nyinaa atɛn no remmu atɛntrenee anaa?


Na Hiob buaa no sɛ: Sɛ mmea nnyennyentwi no mu bi kasa na wokasa yi. Yɛagye Onyankopɔn hɔ adepa, na adebɔne na yɛrennye anaa? Eyi nyinaa mu no Hiob amfa n’ano anyɛ bɔne.


Wo ho hu ma me honam popo, na misuro w’atemmude.


Na wama abɛn so ama ne man, ama n’ahotefo nyinaa ayeyi, ama Israel mma, ɔman a wɔbɛn no no. Munyi AWURADE ayɛ!


Yi wo haw fi me so. Wo nsa ano hwe rehyew me.


Matɔ mum, mimmue m’ano, efisɛ wo na woayɛ.


Monyɛ komm na munhu sɛ mene Nyankopɔn. Wɔmma me so, amanaman mu, wɔmma me so, asase so.


Onyankopɔn a ne ho yɛ hu, kronkronfo guabɔ kɛse no mu, na wosuro no sen wɔn a wɔatwa ne ho asi nyinaa.


W’adansesɛm yɛ nokware pii; kronkronyɛ na ɛfata wo fi, AWURADE, nnasanten nyinaa.


Na me de, hwɛ, mepirim Misraimfo koma, na wɔabedi wɔn akyi, na mɛhyɛ m'anim nyam wɔ Farao ne ne dɔm nyinaa, ne nteaseɛnam ne n'apɔnkɔfo no so,


Na mepirim Farao koma ma watiw wɔn, na mɛhyɛ m'anim nyam Farao ne ne dɔm nyinaa so, na Misraimfo ahu sɛ mene AWURADE. Na wɔyɛɛ saa.


Na asɔfo nso a wɔbɛn AWURADE no nnwira wɔn ho, na AWURADE antow anhyɛ wɔn so.


Na AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: Sian kɔ, na wo ne Aaron mforo mmra; na mma asɔfo no ne ɔman no nnhwirew mu mmforo mmma AWURADE nkyɛn, na wantow anhyɛ wɔn so.


Na sra Aaron ne ne mma no ngo yɛ wɔn kronkron, na wonni me asɔfo.


Ɛnna Hesekia ka kyerɛɛ Yesaia sɛ: AWURADE asɛm a woaka no, eye. Efisɛ ose: Ɛnne na asomdwoe ne ɔmannwoe bɛba me bere so.


Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: M’akoa ne wo, Israel a menya wo ho anuonyam.


Montwe mo ho, montwe mo ho mfi hɔ nkɔ, monnka ade a ɛho ntew; mumfi adi mfi ne mu, montew mo ho, mo a mosoa AWURADE nnwinne no.


Mobɛsɔ m’ani sɛ hua huamhuam, ɛbere a meyi mo afi aman no mu, na maboa mo ano afi nsaase a wɔabɔ mo apete so no so no, mo mu na mɛma wɔayɛ me kronkron, amanaman no anim.


na ka sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Hwɛ, me ne wo anya, Sidon, na menya wo mu anuonyam, na sɛ meyɛ no mu atemmude na miyi me kronkronyɛ adi no mu a, wɔahu sɛ mene AWURADE.


na wubetu aba me man Israel so sɛ omununkum abɛkata asase no so? Nna a edi akyiri no mede wo mɛba m’asase so, na amanaman ahu me, bere a meyi me kronkronyɛ adi wɔ wo ho, wɔn anim no, oo, Gog!


na ɔdammaa a ani kyerɛ atifi fam no yɛ asɔfo a wɔhwɛ afɔremuka no so no dea. Wɔne Sadok mma a wofi Lewifo no mu a wɔbɛn AWURADE bɛsom no no.


Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Atifi fam adammaa ne anafo fam adammaa a esisi afikyikuaa no anim no ne adammaa kronkron a asɔfo a wɔbɛn AWURADE no bedi akronkronne mu akronkronne hɔ no; ɛhɔ na wɔmfa akronkronne mu kronkronne ngugu, aduan afɔre ne bɔne ho afɔre ne asodi ho afɔre no, na ɛhɔ yɛ kronkron.


Na onnhura n'asefo ho ne man mu; na mene AWURADE a meyɛ no kronkron.


Kasa kyerɛ Aaron sɛ: W'asefo awo ntoatoaso mu ɔbarima a dɛm wɔ ne ho biara mmma mmmɛfa aduan mmmrɛ ne Nyankopɔn.


ɔsɔfo Aaron asefo mu biara a odi dɛm no nntwiw mmmɛn mmfa AWURADE gya afɔre no mmma; dɛm wɔ ne ho, ɔmmfa ne Nyankopɔn aduan no nntwiw mmma.


Wɔnyɛ kronkron mma wɔn Nyankopɔn, na wonnhura wɔn Nyankopɔn din ho, efisɛ wɔn na wɔde AWURADE gya afɔre, wɔn Nyankopɔn aduan, no ba; enti wɔnyɛ kronkron.


Na bu no kronkron, efisɛ wo Nyankopɔn aduan na ɔde ba; ɔnyɛ onipa kronkron mma wo, efisɛ kronkron ne me AWURADE a ɔyɛ mo kronkron no.


Na wɔnhwɛ m'ahwɛde na wɔansoa ɛho bɔne, na sɛ wohura ho a, wɔanwuwu: Mene AWURADE a meyɛ wɔn kronkron no.


Na montena ahyiae ntamadan no ano awia ne anadwo nnansɔn, na monwɛn sɛnea AWURADE ahyɛ no, na moanwuwu; na saa na wɔahyɛ me.


na ɔkasa kyerɛɛ Kora ne n'asafo no nyinaa sɛ ɔkyena nko ara AWURADE bɛma wɔahu nea ɔyɛ ne de ne nea ɔyɛ kronkron a ɔbɛma wabɛn no; na nea ɔbɛfa no no, ɔno na ɔbɛma wabɛn no.


Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ: Sɛ moannye me anni, na moanyɛ me kronkron, Israelfo anim nti, moremfa ɔman asafo yi nnu asase a mede mama wɔn no so.


Nea ɔpɛ agya anaa ɛna kyɛn me no, ɔmfata me; na nea ɔpɛ ɔbabarima anaa ɔbabea kyɛn me no, ɔmfata me,


Agya, hyɛ wo din anuonyam! Ɛnna ɛnne bi fi soro bae sɛ: Mahyɛ no anuonyam dedaw, na mɛhyɛ no bio!


Na biribiara a mobɛsrɛ me din mu no, ɛno na mɛyɛ, na Agya no anya anuonyam ɔba no mu.


efisɛ mofom me Israelfo mu, ɔham nsu a ɛwɔ Kades, Sin sare so no ho, esiane sɛ moanyɛ me kronkron Israelfo mu.


bere a ɔbɛba sɛ wɔnhyɛ no anuonyam n’ahotefo mu. Na wɔnhwɛ n’anwonwade wɔ wɔn a wɔagye adi nyinaa mu, efisɛ wɔagye yɛn adanse a yedii mo no adi, ɛda no ara mu.


Na bere no adu sɛ atemmu fi ase Onyankopɔn fi. Na sɛ efi yɛn so kan a, ebewie wɔn a wontie Onyankopɔn asɛmpa no dɛn?


Enti AWURADE Israel Nyankopɔn asɛm a ɔka ni: Mekae ampa sɛ: Wo fi ne w’agya ofi nnantew m’anim daa; nanso afei nea AWURADE ka ni: Ɛmpare me koraa! Na wɔn a wodi me ni no, medi wɔn ni, na wɔn a wobu me animtiaa no bɛbɔ ahohora.


Ɛnna Samuel kaa nsɛm no nyinaa kyerɛɛ no, na wansiw no bi so. Na Eli se: Ɛyɛ AWURADE, nea eye n’ani so no, ɔnyɛ.


Na Bet-semesfo no kae sɛ: Hena na obetumi agyina AWURADE, Onyankopɔn kronkronni yi anim, na hena nkyɛn na omfi yɛn nkyɛn nkɔ?


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios