Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




3 Mose 1:5 - KYERƐW KRONKRON

5 Na onkum nantwi ba no, AWURADE anim, na Aaron mma, asɔfo no, mfa mogya no mmra, na wɔmfa mpete afɔremuka a ɛwɔ ahyiae ntamadan no ano no so nhyia.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

5 Na ɔnkum nantwinini no, AWURADE anim, na Aaron mma asɔfoɔ no, mfa mogya no mmra, na wɔmfa mpete afɔrebukyia a ɛwɔ ahyiaeɛ ntomadan no so nhyia.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Afɔrebɔni no bekum aboa no wɔ hɔ wɔ Awurade anim. Na Aaron mmabarima asɔfo no asɔw aboa no mogya de akyerɛ Awurade. Na wɔde mogya no apete afɔremuka a esi Ahyiae Ntamadan no kwan no ano no ne ho nyinaa.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

5 Na ɔnkum nantwinini no, AWURADE anim, na Aaron mma asɔfoɔ no, mfa mogya no mmra, na wɔmfa mpete afɔrebukyia a ɛwɔ ahyiaeɛ ntomadan no so nhyia.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Afɔrebɔni no bɛkum aboa no wɔ hɔ wɔ Awurade anim. Na Aaron mmammarima asɔfoɔ no asɔ aboa no mogya de akyerɛ Awurade. Na wɔde mogya no apete afɔrebukyia a ɛsi Ahyiaeɛ Ntomadan no kwan no ano no ne ɛho nyinaa.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

5 Na onkum nantwi ba no, AWURADE anim, na Aaron mma, asɔfo no, mfa mogya no mmra, na wɔmfa mpete afɔremuka a ɛwɔ ahyiae ntamadan no ano no so nhyia.

Ver Capítulo Copiar




3 Mose 1:5
25 Referencias Cruzadas  

na ɔmfa ne nsa nto n'ayɛyɛde no atifi, na onkum no ahyiae ntamadan no ano, na Aaron mma no mfa ne mogya mpete afɔremuka no so nhyia.


Na onkum no afɔremuka no nkyɛn mu atifi fam, AWURADE anim, na Aaron mma, asɔfo no, mfa ne mogya mpete afɔremuka no so nhyia.


Na ɔmfa ne nsa nto n'ayɛyɛde no atifi, na onkum no, ahyiae ntamadan no ano, na Aaron mma no, asɔfo no, mfa mogya no mpete afɔremuka no so nhyia.


sɛnea Agya Onyankopɔn nim a onim dedaw no te no, wɔ honhom ahotew mu, de akɔ asoɔmmerɛw ne Yesu Kristo mogya dwira mu: Adom ne asomdwoe mmoroso nka mo.


ne Apam foforo ntamgyinafo Yesu, ne mogya a wɔpete a ɛkasa yiye sen Habel de ho.


Na wokunkum Twam nguan no, na asɔfo no de wɔn mogya no bi petee, na Lewifo no guaa nam no.


na ɔmfa ne nsa nto n'atifi, na onkum no, ahyiae ntamadan no ano, na Aaron mma no mfa ne mogya mpete afɔremuka no so nhyia.


Na kum odwennini no, na fa ne mogya pete afɔremuka no ho hyia.


Na ɔsɔfo biara sɔfo gyina hɔ daa resom, na ɔtaa bɔ afɔre koro no ara a entumi nyi bɔne mfi hɔ da.


Dɛn na memfa memmra AWURADE anim na menkotow ɔsorosoro Nyankopɔn no? So memfa ɔhyew afɔre memmra n’anim, ne nantwi mma a wɔadi afe afe?


Na mede nsu kurunnyen mɛpete mo so na mo ho atew. Mo ho fi nyinaa ne mo abosonhuhuw nyinaa mu na mɛtew mo ho afi,


saa ara na ɔbɛma amanaman pii abobɔ piriw, na ahene bemuamua wɔn ano wɔ ne ho, efisɛ nea wɔnka nkyerɛɛ wɔn no, wohu, na nea wɔntee da no, wɔte ase.


Na nantwi abakan anaa oguanten abakan anaa abirekyi abakan de, mma wonnnye: wɔyɛ kronkron; fa wɔn mogya pete afɔremuka no so na hyew wɔn srade ma ɛnyɛ ogya afɔre a eyi hua huamhuam ma AWURADE.


Na onkum bɔne ho afɔre papo a ɔyɛ ɔman de no, na ɔmfa ne mogya nkɔ ntwamu mmɔhɔɔ no akyi, na ɔmfa mogya no nyɛ sɛnea ɔde nantwinini no mogya yɛe no, na ɔmfa mpete mpata agua no so ne mpata agua no anim,


Na ɔsɔfo no mfa mmra afɔremuka no ho, na ɔntew ne ti, na ɔnhyew afɔremuka no so, na wonkyi ne mogya ngu afɔremuka no ho.


Na kum nantwi no AWURADE anim, ahyiae ntamadan no ano.


na ɔmfa ne nsa nto bɔne ho afɔre no atifi, na onkum bɔne ho afɔre no, nea wokum ɔhyew afɔre hɔ.


na ɔmfa ne nsa nto bɔne ho afɔre no atifi, na onkum no nyɛ bɔne ho afɔre, nea wokum ɔhyew afɔre hɔ.


Efisɛ ɔhonam biara nkwa wɔ mogya no mu, na mede ama mo, afɔremuka no so sɛ wɔmfa mpata mma mo ho; na mogya na wɔde pata ma ɔkra.


Na wokum nantwinini no, na wɔde abofra no brɛɛ Eli.


Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Onipa ba, sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Eyinom ne afɔremuka no ho ahyɛde, da a wɔbɛyɛ no sɛ wɔmmɔ so hyew afɔre na wɔmpete so mogya no:


Na fa ɔhyew afɔremuka no si ahyiae ntamadan tenabea no ano.


Na ɔsɔfo no mfa mogya no bi nkeka aduhuamhyew muka a ɛwɔ AWURADE anim, ahyiae ntamadan mu no mmɛn ho, na onhwie nantwi no mogya nyinaa ngu ɔhyew afɔremuka a ɛwɔ ahyiae ntamadan ano no ase.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios