Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




3 Mose 1:4 - KYERƐW KRONKRON

4 Na ɔmfa ne nsa nto ɔhyew afɔre no atifi, na ɛnsɔ ani mma no na ɛmpata mma no.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

4 Na ɔmfa ne nsa nto ɔhyeɛ afɔdeɛ no atifi, na ɛnsɔ ani mma no na ɛmpata mma no.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Ɛsɛ sɛ onipa a ɔde aboa no reba no de ne nsa gu aboa no ti so sɛ mpata ma afɔrebɔni no. Onyankopɔn bɛpɛ aboa no wu sen sɛ afɔrebɔni a ɔde saa aboa no bɛba no bewu sɛ ne bɔne so akatua.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

4 Na ɔmfa ne nsa nto ɔhyeɛ afɔdeɛ no atifi, na ɛnsɔ ani mma no na ɛmpata mma no.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Ɛsɛ sɛ onipa a ɔde aboa no reba no de ne nsa gu aboa no tiri so sɛ mpatadeɛ ma afɔrebɔni no. Onyankopɔn bɛpɛ aboa no wuo sene sɛ afɔrebɔni a ɔde saa aboa no bɛba no bɛwu sɛ ne bɔne so akatua.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

4 Na ɔmfa ne nsa nto ɔhyew afɔre no atifi, na ɛnsɔ ani mma no na ɛmpata mma no.

Ver Capítulo Copiar




3 Mose 1:4
44 Referencias Cruzadas  

Na ɔnhyew ne srade nyinaa wɔ ɔhyew afɔremuka no so sɛ asomdwoe afɔre srade no; na ɔsɔfo no mpata mma no, ne bɔne no ho, na wɔde bɛkyɛ no.


Na sɛnea ɔyɛɛ bɔne ho afɔre nantwinini no, saa ara na ɔnyɛ eyi nso; na ɔsɔfo no mpata mma wɔn, na wɔde bɛkyɛ wɔn.


na ɔmfa ne nsa nto n'ayɛyɛde no atifi, na onkum no ahyiae ntamadan no ano, na Aaron mma no mfa ne mogya mpete afɔremuka no so nhyia.


Na ɔmfa ne nsa nto n'ayɛyɛde no atifi, na onkum no, ahyiae ntamadan no ano, na Aaron mma no, asɔfo no, mfa mogya no mpete afɔremuka no so nhyia.


Na fa odwennini biako, na Aaron ne ne mma no mfa wɔn nsa ngu odwennini no atifi.


Na ma wɔmfa nantwinini no mmra ahyiae ntamadan no anim, na Aaron ne ne mma no mfa wɔn nsa ngu nantwi no atifi.


Na ɔno ne yɛn bɔne ho mpata, na ɛnyɛ yɛn de ho nko, na mmom wiase nyinaa de ho bi.


Enti, anuanom, migyina Onyankopɔn mmɔborohunu so mitu mo fo sɛ momfa mo nipadua nsi hɔ sɛ afɔre a ɛte ase a ɛyɛ kronkron a ɛsɔ Onyankopɔn ani a ɛne mo nyamesom a adwene wɔ mu no.


Na onyi ɛho srade sɛnea woyi asomdwoe afɔre de no, na ɔsɔfo no nhyew wɔ ɔhyew afɔremuka no so, na enyi hua huamhuam mma AWURADE; na ɔsɔfo no mpata mma no, na wɔde bɛkyɛ no.


Na fa odwennini biako no, na Aaron ne ne mma mfa wɔn nsa ngu odwennini no atifi.


Na manya ade nyinaa ama aboro so. Na efii sɛ me nsa kaa nea mode menaa Epafrodito no, mayɛ ma, ɛyɛ ohua a ɛyɛ dɛ, ɛyɛ afɔrebɔ a wogye a ɛsɔ Onyankopɔn ani.


mede wɔn mɛba me bepɔw kronkron no so, na mama wɔn ani agye me mpaebɔ fi, wɔn hyew afɔre ne wɔn kum afɔre bɛsɔ m’ani, m’afɔremuka so; na me fi no, wɔbɛfrɛ no mpaebɔ fi ama aman nyinaa.


Na ɔsɔfo no mpata mma Israelfo asafo no nyinaa, na wɔde bekyɛ wɔn; efisɛ ɛyɛ ɔfom; na wɔn de, wɔn fom no nti wɔde wɔn ayɛyɛde aba de rebɛbɔ AWURADE gya afɔre ne wɔn bɔne ho afɔre, AWURADE anim;


Na ɔmfa nsu nguare ne ho, nea ɛhɔ yɛ kronkron, na ɔnhyɛ ne ntade na omfi adi nkɔbɔ ne hyew afɔre ne ɔman no hyew afɔre, na ɔmpata mma n'ankasa ne ho ne ɔman no.


Na Aaron mfa ne nsa abien ngu ɔpapo animono no atifi, na ɔnka Israelfo no mfomso nyinaa ne wɔn mmarato nyinaa sɛ wɔn bɔne nyinaa te no ngu ɔpapo no so, na ɔmma ɔbarima bi a ɔwɔ hɔ nkogyaa no nkɔ sare so,


Na Mose ka kyerɛɛ Aaron sɛ twiw bɛn afɔremuka no ho, na bɔ wo hyew afɔre ne wo bɔne ho afɔre, na pata ma wo ho ne ɔman no; na fa ɔman no ayɛyɛde bra, na pata ma wɔn, sɛnea AWURADE hyɛe no.


Na ɔde odwennini a ɔto so abien no, nsamhyɛ afɔre dwennini no bae, na Aaron ne ne mma no de wɔn nsa guu odwennini no atifi.


Na ɔma wɔde bɔne ho afɔre nantwinini no bae, na Aaron ne ne mma no de wɔn nsa guu bɔne ho afɔre nantwinini no atifi.


Na onyi ne srade nyinaa, sɛnea woyi asomdwoe afɔre guammaa ho srade no, na ɔsɔfo no nhyew wɔ afɔremuka no so, sɛnea AWURADE gya afɔrebɔ te no; na ɔsɔfo no mpata mma no, ne bɔne a wayɛ no ho, na wɔde bɛkyɛ no.


na ɔmfa ne nsa nto bɔne ho afɔre no atifi, na onkum bɔne ho afɔre no, nea wokum ɔhyew afɔre hɔ.


na ɔmfa ne nsa nto ɔpapo no atifi, na onkum no nea wokum ɔhyew afɔre no wɔ AWURADE anim: bɔne ho afɔre nen.


Na asafo no mu mpanyimfo mfa wɔn nsa ngu nantwinini no atifi, na wonkum nantwi no, AWURADE anim.


Na ɔmfa nantwinini no mmra ahyiae ntamadan no ano, na ɔmfa ne nsa nto n'atifi, na onkum no, AWURADE anim.


na ɔmfa ne nsa nto n'atifi, na onkum no, ahyiae ntamadan no ano, na Aaron mma no mfa ne mogya mpete afɔremuka no so nhyia.


efisɛ anantwinini ne mmerekyi mogya ntumi nyi bɔne mfi hɔ.


Na ɛnyɛ eyi nko, na mmom yɛhoahoa yɛn ho wɔ Onyankopɔn mu, esiane Awurade Yesu Kristo a yɛnam no so seisei anya mpata yi.


Ɔno na Onyankopɔn de no asi hɔ sɛ mpatade, a ɛnam gyidi so ne mogya mu, na ɔde akyerɛ ne trenee, sɛ nnebɔne a wɔayɛ kan no wama atwam Onyankopɔn boasetɔ mu no nti.


Wɔahyɛ mfe aduɔsɔn ahorow asɔn, wɔ wo man ne wo kurow kronkron no so, sɛ wonwie mmarato na wɔmma bɔne nwie odu, na wɔmpata amumɔyɛ na wɔmfa daa trenee mmra, na wɔnsɔ anisoadehu ne adiyisɛm ano na wɔnsra akronkronne mu ade kronkron.


na ayɛ ɔno ne n'asefo a wɔbɛba n'akyi no daa asɔfodi apam, efisɛ watwe ninkunu ama ne Nyankopɔn, na wapata ama Israelfo.


na ɔsɔfo no mpata mma ɔkra a ɔfomee awerɛfirim no, AWURADE anim, sɛ ɔrepata ama no; na wɔde bɛkyɛ no.


Na Lewifo no mfa wɔn nsa ngu anantwi no atifi, na fa biako bɔ bɔne ho afɔre, na fa biako nso bɔ AWURADE hyew afɔre, na pata ma Lewifo no.


Nantwi, oguanten anaa abirekyi, sɛ wɔwo no a, ɔntena ne na ase nnansɔn, na efi da a ɛto so awotwe de rekɔ no, wɔde yɛ ayɛyɛde ma AWURADE gya afɔre a, ɛbɛsɔ ani.


Na obiara a ɔde asomdwoe afɔre bɛbrɛ AWURADE sɛ ɔde rewie n'aboade ma anaa ayamye ade a efi anantwi anaa nguan mu no, ɔmma enni mu, na ɛnsɔ ani; ennni dɛm biara.


Na ɔsɔfo no mpata mma no wɔ AWURADE anim, na wɔde ade biara a wayɛ a odi ho so no bɛkyɛ no.


na ne bɔne a wayɛ no nti, ɔmfa n'asodi ho afɔre mmrɛ AWURADE, nguan mu ɔbere, oguanten anaa abirekyi, na ɛnyɛ bɔne ho afɔre, na ɔsɔfo no mpata mma no wɔ ne bɔne no ho.


Na ɛmfam Aaron moma so, na Aaron nsoa mmusu biara a aba akronkronne a Israelfo yɛ no kronkron, wɔn ayɛyɛde kronkron nyinaa mu no; na ɛntena ne moma so daa, na ama AWURADE ani asɔ wɔn.


Na wonni nneɛma a wɔde pata maa wɔn de hyɛɛ wɔn asɔfo na wɔde dwiraa wɔn no, nanso ɔhɔho nnni bi, efisɛ ɛyɛ kronkron.


na ɔmfa ne nsa nto bɔne ho afɔre no atifi, na onkum no nyɛ bɔne ho afɔre, nea wokum ɔhyew afɔre hɔ.


na fa Lewifo no bra AWURADE anim, na Israelfo no mfa wɔn nsa ngu Lewifo no so:


na oguan biako a ofi nguankuw mu, nguan ahanu a ɛwɔ Israel adidibea a ɛhɔ afɔw no mu, na ɛnyɛ aduan afɔre ne ɔhyew afɔre ne asomdwoe afɔre, na wɔmfa mpata mma wɔn, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni.


Na ɔde ɔhyew afɔre dwennini no bae, na Aaron ne ne mma de wɔn nsa guu odwennini no atifi.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios