Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




3 Mose 1:2 - KYERƐW KRONKRON

2 Kasa kyerɛ Israelfo, na ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ mo mu bi de ayɛyɛde rebrɛ AWURADE a, afieboa a ofi anantwi ne nguan mu na momfa nyɛ mo ayɛyɛde mmra.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

2 Kasa kyerɛ Israelfoɔ, na ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ mo mu nipa bi de ayɛyɛdeɛ rebrɛ AWURADE a, afieboa a ɔfiri anantwie ne nnwan mu na momfa nyɛ mo ayɛyɛdeɛ mmra.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 “Kyerɛ Israelfo no se, ‘sɛ morebɔ Awurade afɔre a, momfa mo anantwi ne mo nguan no bi na mommɔ saa afɔre no.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

2 Kasa kyerɛ Israelfoɔ, na ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ mo mu nipa bi de ayɛyɛdeɛ rebrɛ AWURADE a, afieboa a ɔfiri anantwie ne nnwan mu na momfa nyɛ mo ayɛyɛdeɛ mmra.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 “Kyerɛ Israelfoɔ no sɛ, ‘sɛ morebɔ Awurade afɔdeɛ a, momfa mo anantwie ne mo nnwan no bi na mommɔ saa afɔdeɛ no.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

2 Kasa kyerɛ Israelfo, na ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ mo mu bi de ayɛyɛde rebrɛ AWURADE a, afieboa a ofi anantwi ne nguan mu na momfa nyɛ mo ayɛyɛde mmra.

Ver Capítulo Copiar




3 Mose 1:2
13 Referencias Cruzadas  

Na ɛbae sɛ nna bi akyi no, Kain de afum nneɛma bɛyɛɛ AWURADE ayɛ.


nanso Kain ne n'ayɛyɛde de, n'ani ansɔ. Na Kain bo fuwii pii, na omunae.


Momfa AWURADE din anuonyam no mma no, monsoa ayɛyɛde mmra n’anim. Monsɔre AWURADE ahokeka kronkron mu.


Na ɛno akyi no, wɔbɔɔ daa hyew afɔre ne asram foforo de ne AWURADE afahyɛ a wɔahyɛ no kronkron no nyinaa de no, ne wɔn a wɔde ayamye ade brɛɛ AWURADE no nyinaa de nso.


Dɔte afɔremuka na yɛ ma me, na wode hyew afɔre ne w'asomdwoe afɔre, wo nguan ne w'anantwi no abɔ so afɔre; baabiara a mɛma wɔakae me din no mɛba wo nkyɛn mabehyira wo.


na morebɔ ogya afɔre a efi anantwi anaa nguan mu ama AWURADE a, sɛ ɛyɛ ɔhyew afɔre anaa okum afɔre a mode reyɛ aboade, anaa ɛyɛ ayamye afɔre anaa mo afahyɛ ase de, sɛ morema ayi hua huamhuam ama AWURADE a,


ɛnne ɔbarima no mfa ne yere no mmra ɔsɔfo no anim. Na ɔmfa ɔbea no ho ayɛyɛde, atokosam olonka abupɛn du mu biako, mmra: onngu so ngo nanso ɔnnto so ohuamfufu, na ɛyɛ ninkuntwe ho aduan afɔre, nkae aduan afɔre a wɔde kae amumɔyɛ.


nantwinini biako, odwennini biako, oguanten ba biako a wadi afe a wɔde wɔn rekɔbɔ ɔhyew afɔre;


Na mo de, muse: Sɛ onipa bi ka kyerɛ n’agya anaa ne na sɛ: Ade a anka wode benya me ho mfaso no yɛ Korban (Ɛne sɛ, wɔde ma Onyankopɔn)


Enti, anuanom, migyina Onyankopɔn mmɔborohunu so mitu mo fo sɛ momfa mo nipadua nsi hɔ sɛ afɔre a ɛte ase a ɛyɛ kronkron a ɛsɔ Onyankopɔn ani a ɛne mo nyamesom a adwene wɔ mu no.


Na yɛwowɔ adom akyɛde a nsonsonee deda mu, sɛnea adom a wɔde adom yɛn no te. Sɛ ɛyɛ nkɔmhyɛ a, ma no nhyɛ no sɛnea gyidi nsusuwii pa no te.


na monnantew ɔdɔ mu, sɛnea Kristo nso dɔɔ mo na ɔde ne ho mae maa yɛn sɛ ayɛyɛde ne afɔrebɔde a wɔbɔ ma Onyankopɔn a eyi hua a ɛyɛ dɛ no.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios