Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




3 Mose 1:1 - KYERƐW KRONKRON

1 Na AWURADE frɛɛ Mose, na ofi ahyiae ntamadan no mu kasa kyerɛɛ no sɛ:

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

1 Na AWURADE frɛɛ Mose, na ɔfiri ahyiaeɛ ntomadan no mu kasa kyerɛɛ no sɛ:

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Afei, Awurade kasa fii Ahyiae Ntamadan no mu kyerɛɛ Mose se,

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

1 Na AWURADE frɛɛ Mose, na ɔfiri ahyiaeɛ ntomadan no mu kasa kyerɛɛ no sɛ:

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Afei, Awurade kasa firii Ahyiaeɛ Ntomadan no mu kyerɛɛ Mose sɛ,

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

1 Na AWURADE frɛɛ Mose, na ofi ahyiae ntamadan no mu kasa kyerɛɛ no sɛ:

Ver Capítulo Copiar




3 Mose 1:1
19 Referencias Cruzadas  

Na ɔhyew ne hyew afɔre ne n’aduan afɔre, na ohwiee n’ahwiesa, na ɔde n’asomdwoe afɔre mogya petee afɔremuka no so.


Na ɔhyew afɔre a bagua no de bae no ano si anantwi aduɔsɔn, adwennini ɔha, nguammaa ahannu. Eyi nyinaa wɔde bɔɔ AWURADE ɔhyew afɔre.


Na Mose foro kɔɔ Onyankopɔn nkyɛn, na AWURADE fi bepɔw no so frɛɛ no sɛ: Sɛnea ka kyerɛ Yakob fi, na ka kyerɛ Israelfo no ni:


Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Foro bra me nkyɛn bepɔw no so bɛtena ha, na mɛma wo abo pon ne mmara ne ahyɛde a makyerɛw, na woakyerɛkyerɛ wɔn.


Na ɛhɔ na me ne wo behyia, na mafi mpata agua no so wɔ kerubim abien a wɔwɔ Adanse adaka no so no ntam maka wo nneɛma a mɛhyɛ wo sɛ fa kyerɛ Israelfo no nyinaa.


Ɛnyɛ daa hyew afɔre mo awo ntoatoaso nyinaa mu a mommɔ no ahyiae ntamadan no ano, AWURADE anim, nea me ne mo behyia na me ne wo akasa hɔ.


Na AWURADE hui sɛ waman rehwɛ no, Onyankopɔn fi nkyɛkyerɛ no mu frɛe sɛ: Mose, Mose! Na ose: Mini!


Na Mose faa ntamadan no de kosii nsra no akyi akyirikyiri, na ɔfrɛɛ no ahyiae ntamadan. Na obiara a ɔhwehwɛ AWURADE no fi adi kɔ ahyiae ntamadan no a ɛwɔ nsra no akyi no ho.


Na wɔyɛɛ ahyiae ntamadan no ho adwuma nyinaa wiei, na Israelfo yɛe sɛnea AWURADE hyɛɛ Mose no nyinaa; saa ara na wɔyɛe.


na ɔde ɔhyew afɔremuka no sii ahyiae ntamadan tenabea no ano, na ɔbɔɔ so ɔhyew afɔre ne aduan afɔre, sɛnea AWURADE hyɛɛ Mose no.


a AWURADE hyɛɛ Mose, Sinai bepɔw so, ɛda a ɔhyɛɛ Israelfo sɛ wɔmfa wɔn ayɛyɛde mmrɛ AWURADE, Sinai sare so no.


Na ɔde ɔhyew afɔre no bae, na ɔbɛyɛɛ no sɛnea yɛbea te no.


Na Israelfo fii Misraim asase so akyi afe a ɛto so abien no, ɔsram a ɛto so abien no da a edi kan no, AWURADE kasa kyerɛɛ Mose Sinai sare so wɔ ahyiae ntamadan no mu sɛ:


nantwinini biako, odwennini biako, oguanten ba biako a wadi afe a wɔde wɔn rekɔbɔ ɔhyew afɔre;


Na Mose hyɛn ahyiae ntamadan no mu sɛ ɔne AWURADE rekɔkasa no, ɔtee ɛnne no sɛ ɛkasa kyerɛ no fi mpata agua a ɛwɔ adanse adaka no so no so wɔ kerubim abien no ntam; na Awurade kasa kyerɛɛ no.


Na mmara no de, wɔnam Mose so na ɛmae; na adom ne nokware no de, ɛnam Yesu Kristo so na ɛbae.


abo amuamu na fa si AWURADE wo Nyankopɔn afɔremuka, na bɔ so hyew afɔre ma AWURADE wo Nyankopɔn;


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios