Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




2 Samuel 7:9 - KYERƐW KRONKRON

9 Na midii w’akyi baabiara a wokɔe na matwitwa w’atamfo nyinaa afi w’anim, na mɛma woanya din kɛse sɛ asase so nnipa akɛse din.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

9 Na medii w’akyi baabiara a wokɔeɛ, na matwitwa w’atamfo nyinaa afiri w’anim, na mɛma woanya din kɛseɛ sɛ asase so nnipa akɛseɛ din.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 Na baabiara a wokɔ no, meka wo ho, na matwa wʼatamfo nyinaa afi wʼanim. Na mɛma woagye din wɔ asase yi nyinaa so.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

9 Na medii w’akyi baabiara a wokɔeɛ, na matwitwa w’atamfo nyinaa afiri w’anim, na mɛma woanya din kɛseɛ sɛ asase so nnipa akɛseɛ din.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 Na baabiara a wokɔ no, meka wo ho, na matwa wʼatamfoɔ nyinaa afiri wʼanim. Na mɛma wɔagye din wɔ asase yi nyinaa so.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

9 Na midii w’akyi baabiara a wokɔe na matwitwa w’atamfo nyinaa afi w’anim, na mɛma woanya din kɛse sɛ asase so nnipa akɛse din.

Ver Capítulo Copiar




2 Samuel 7:9
23 Referencias Cruzadas  

Na Dawid kɔɔ so yɛɛ kɛse ara na AWURADE, asafo Nyankopɔn, dii n’akyi.


na madi w’akyi baabiara a wokɔe, na matwitwa w’atamfo nyinaa afi w’anim, na mayɛ wo din sɛ asase so nnipa akɛse din.


Ɛnna Dawid de bansifo kɔtenaa Damasko a ɛwɔ Aram, na Siriafo yɛɛ Dawid nkoa a wɔsoa ayɛyɛde ba. Na AWURADE boaa Dawid ma odii nim nea ɔkɔe nyinaa.


Na Dawid kɔɔ so n’akwan nyinaa mu, na AWURADE dii n’akyi.


Na ɔde bansifo tenaa Edom; Edom nyinaa mu na ɔde bansifo tenatenae na Edomfo nyinaa yɛɛ Dawid nkoa. Na AWURADE boaa Dawid ma odii nim nea ɔkɔe nyinaa.


Na mɛyɛ wo ɔman kɛse, na mehyira wo, na mama wo din so, na woayɛ nhyira.


Watu atumfo afi wɔn nhengua so, na wapagyaw ahiafo


Na mebubu n’anim ahohiafo, na mabobɔ wɔn a wɔtan no.


Na wo na mede wo metow mehyɛ asafo so, mede me Nyankopɔn mihuruw metra ɔfasu.


Ɔma ɔbrɛfo so fi mfutuma mu, na ɔma ohiani so fi sumina so, sɛ ɔde no bɛtena mmapɔmma mu, na wama wanya anuonyam agua so atena. Na asase nnyinaso yɛ AWURADE dea, na ɔde wiase asi so.


Na da a AWURADE yii Dawid n’atamfo nyinaa nsam ne Saul nsam no, ɔkaa dwom yi mu nsɛm kyerɛɛ AWURADE,


Saa na Saul ne ne mma baasa ne n’akodekurafo ne ne mmarima nyinaa nso wuwui prɛko da no ara.


Na wɔma wɔde Onyankopɔn adaka no kɔɔ Ekron. Na wɔde Onyankopɔn adaka no duu Ekron no, Ekronfo no teɛɛm sɛ: Wɔde Israel Nyankopɔn adaka no aba yɛn nkyɛn de rebekunkum yɛn ne yɛn man!


Na Dawid san fii Siriafo kum no, ogyee din Nkyene-bon mu sɛ okum Edomfo mpem dunwɔtwe.


Na eyinom ne Dawid nsɛm a edi akyiri. Yese ba Dawid asɛm a wanya sɛ ɔreka, ɔbarima a wɔmaa no so, nea Yakob Nyankopɔn asra no ne Israel dwom dɛdɛ tofo asɛm a ɔreka ni:


Na AWURADE dii Yosua akyi, na wɔtee ne nka asase no nyinaa so.


Na Filistifo mmapɔmma no fii adi bɛkoe. Na da biara a wofi adi ba no, Dawid di nkonim pii sen Saul nkoa nyinaa; ɛno nti, na wɔbɔ ne din nidi mu sɛ.


Na mepɛtɛw wɔn pasaa sɛ fam mfutuma, mitiatiaa wɔn so mewɔw wɔn sɛ mmorɔn so dɔte.


Yiw wode no asi hɔ sɛ nhyira nko ara daa, wode w’anim anigye ama ne ho asɛpɛw no.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios