Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




2 Samuel 7:2 - KYERƐW KRONKRON

2 ɔhene ka kyerɛɛ Odiyifo Natan sɛ: Hwɛ, me de, mete kyeneduru dan mu, na Onyankopɔn adaka no si ntamadan mu.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

2 ɔhene ka kyerɛɛ Odiyifoɔ Natan sɛ: Hwɛ, me deɛ, mete tweneduro dan mu, na Nyankopɔn adaka si ntomadan mu.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Dawid frɛɛ odiyifo Natan se, “Hwɛ, mete ahemfi a wɔde sida asi mu, na Onyankopɔn Adaka no nso si ntamadan mu.”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

2 ɔhene ka kyerɛɛ Odiyifoɔ Natan sɛ: Hwɛ, me deɛ, mete tweneduro dan mu, na Nyankopɔn adaka si ntomadan mu.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Dawid frɛɛ nkɔmhyɛni Natan sɛ, “Hwɛ, mete ahemfie a wɔde ntweneduro asi mu, na Onyankopɔn Adaka no nso si ntomadan mu.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

2 ɔhene ka kyerɛɛ Odiyifo Natan sɛ: Hwɛ, me de, mete kyeneduru dan mu, na Onyankopɔn adaka no si ntamadan mu.

Ver Capítulo Copiar




2 Samuel 7:2
24 Referencias Cruzadas  

Na Tiro hene Hiram somaa abɔfo ma wɔde nkyeneduru nnua ne nnuasenfo ne abantofo baa Dawid nkyɛn na wɔkyekyeree ofi maa Dawid.


Na AWURADE somaa Natan kɔɔ Dawid nkyɛn. Na ɔbaa ne nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ: Mmarima baanu tenaa kurow bi mu, obiako yɛ ɔdefo na obiako yɛ ohiani.


Ɔno na onyaa Onyankopɔn anim adom, na ɔsrɛe sɛ wɔmma onsi ofi mma Yakob Nyankopɔn.


Na n’asuafo no kaee sɛ wɔakyerɛw sɛ: Wo fi ho mmɔdemmɔ amene me.


So mo de, ɛbere adu ama mo sɛ motete mo adan a wɔaduradura mu mu, na ofi yi de, ɛnna hɔ ntuw?


Na ɔhene Dawid nsɛm a edi kan ne nea edi akyiri no, hwɛ, wɔakyerɛw ɔdehufo Samuel nsɛm ne odiyifo Natan nsɛm ne ɔdehwɛfo Gad nsɛm mu;


Na wɔde Onyankopɔn adaka no baa mu de besii ntamadan a Dawid asi ama no no mu, na wɔbobɔɔ ɔhyew afɔre ne asomdwoe afɔre, Onyankopɔn anim.


kosi sɛ menya baabi mama AWURADE, tenabea bi ama Yakob Tumfo no ansa.


Nso Onyankopɔn adaka no de, Dawid kɔfa fii Kiriat-yearim de baa nea Dawid siesie maa no no, na osii ntamadan maa no Yerusalem.


Na Tiro hene Hiram somaa abɔfo baa Dawid nkyɛn, wɔde nkyeneduru nnua ne abantofo ne nnuapaefo bae sɛ wommesi ɔdan mma no.


Sɛ nsɛm yi nyinaa ne anisoadehu yi nyinaa te no, saa ara na Natan ka kyerɛɛ Dawid.


Na wɔde AWURADE adaka no bae de besii ne sibere, ntamadan a Dawid asi ama no no mu. Na Dawid bɔɔ ɔhyew afɔre ne asomdwoe afɔre, AWURADE anim.


na ɔde adaka no kɔɔ tenabea no mu, na osii ntwamu mmɔhɔɔ no, na ɔde kataa adanse adaka no ano, sɛnea AWURADE hyɛɛ Mose no.


Na Uria ka kyerɛɛ Dawid sɛ: Onyankopɔn Adaka no, ne Israel ne Yuda tete asese mu na me wura Yoab ne me wura nkoa abobɔ wuram nsra na me de, menkɔ me fi minkodidi na mennom na me ne me yere nna anaa? Sɛ wote ase na wo kra te ase yi, merenni saa asɛm yi.


Na hwɛ, ɔda so ne ɔhene rekasa no, odiyifo Natan nso baa hɔ.


Na ɛwɔ m’agya Dawid komam sɛ anka obesi dan ama AWURADE Israel Nyankopɔn din.


Na Dawid ka kyerɛɛ ne ba Solomon sɛ: Me de, ɛwɔ me koma mu sɛ mesi ofi mama AWURADE me Nyankopɔn din,


Na Solomon ho nsɛm nkae, kan de ne akyiri de no, so wɔankyerɛw odiyifo Natan nsɛm ne Siloni Ahia adiyisɛm ne ɔdehwɛfo Ido adehwɛ a ɔhwɛe Nebat ba Yeroboam ho no mu?


Na ɔde Lewifo no gyinagyinaa AWURADE fi, wokurakura nnawuru ne mmɛnta asanku ne asankuten sɛ Dawid ne ɔhene no dehwɛfo Gad ne odiyifo Natan hyɛe no; efisɛ AWURADE nam n’adiyifo so na ɔhyɛe.


Na Ɔsɔfo Sadok ne Yoiada ba Benaia ne odiyifo Natan ne Simei ne Rei ne Dawid nnɔmmarima no de, wonni Adonigya fam.


Natan ba Asaria di tow sohwɛfo so, na Natan ba Sabud yɛ ɔsɔfo ne ɔhene adamfo;


sɛnea ɔkaa AWURADE ntam na ɔhyɛɛ Yakob tumfo no bɔ sɛ:


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios