Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




1 Yohane 1:2 - KYERƐW KRONKRON

2 na nkwa no yii ne ho kyerɛe, na yɛahu, na yedi ho adanse, na yɛka daa nkwa a ɛne Agya no wɔ hɔ na eyii ne ho kyerɛɛ yɛn no ho asɛm kyerɛ mo,

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

2 na nkwa no yii ne ho kyerɛe, na yɛahunu, na yɛdi ho adanseɛ, na yɛka daa nkwa a ɛne Agya no wɔ hɔ na ɛyii ne ho kyerɛɛ yɛn no ho asɛm kyerɛ mo,

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Nkwa no daa ne ho adi; yɛahu na yɛadi ho adanse, na yɛka nkwa a enni awiei a na ɛwɔ Agya no nkyɛn na wɔada no adi akyerɛ yɛn no kyerɛ mo.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

2 na nkwa no yii ne ho kyerɛe, na yɛahunu, na yɛdi ho adanseɛ, na yɛka daa nkwa a ɛne Agya no wɔ hɔ na ɛyii ne ho kyerɛɛ yɛn no ho asɛm kyerɛ mo,

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Nkwa no daa ne ho adi no, yɛhunuiɛ. Ɛno enti, yɛka ho asɛm kyerɛ mo, ɛne nkwa a ɛnni awieeɛ a na ɛwɔ Agya no nkyɛn na wɔdaa no adi kyerɛɛ yɛn no.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

2 na nkwa no yii ne ho kyerɛe, na yɛahu, na yedi ho adanse, na yɛka daa nkwa a ɛne Agya no wɔ hɔ na eyii ne ho kyerɛɛ yɛn no ho asɛm kyerɛ mo,

Ver Capítulo Copiar




1 Yohane 1:2
37 Referencias Cruzadas  

Obi nhuu Nyankopɔn pɛn; Ɔba a ɔwoo no koro no a ɔda Agya no kokom no, ɔno na wayi no adi akyerɛ.


Ne mu na nkwa wɔ, na nkwa no ne nnipa hann;


na mema wɔn daa nkwa, na wɔrenyera, na obi renhuam wɔn mfi me nsam da.


Yesu see no sɛ: Mene kwan ne nokware ne nkwa; obi mma Agya no nkyɛn, gye sɛ ɔnam me so.


na mo nso mubedi adanse, efisɛ moka me ho fi mfiase.


Mifii Agya no nkyɛn na mebaa wiase; na bio, merefi wiase na makɔ Agya no nkyɛn.


Na eyi ne daa nkwa, sɛ wobehu wo, nokware Nyankopɔn koro no, ne nea wosomaa no, Yesu Kristo no.


Na afei, Agya, fa anuonyam a mewɔ wo nkyɛn ansa na wɔbɔɔ wiase no hyɛ me wo ankasa nkyɛn!


Na nea ohui no adi adanse, na n’adanse no yɛ nokware, na ɔno de, onim sɛ ɔka nokware, na mo nso moagye adi.


Eyi ne ne mprɛnsa a Yesu nyan fii awufo mu no, oyii ne ho kyerɛɛ asuafo no.


Na obi mforoo soro, gye nea ofi soro sianee no, Onipa Ba a ɔwɔ ɔsoro no.


Na me de, minim no; efisɛ mifi ne nkyɛn, na ɔno na ɔsomaa me.


Nea mahu Agya no nkyɛn na meka; na mo nso moyɛ nea moate mo agya no nkyɛn.


fi Yohane asubɔ so de besi da a wɔfaa no yɛn nkyɛn kɔɔ ɔsoro no mu biako ne yɛn yɛ ne sɔre ho adansefo.


ɛnyɛ ɔman no nyinaa, na mmom adansefo a Onyankopɔn ayi wɔn ato hɔ dedaw no, ɛne yɛn a ne sɔre a ɔsɔre fii awufo mu no akyi no, yɛne no didii na yɛnomee;


Yesu yi ara na Onyankopɔn anyan no; na yɛn nyinaa yɛ ɛho adansefo.


Na nkwa hene no de, mukum no. Ɔno na Onyankopɔn anyan no afi awufo mu; ɛho adansefo ne yɛn.


Yiw, yɛn nso yɛyɛ eyinom ho adansefo na saa ara nso na Honhom Kronkron a Onyankopɔn de ma wɔn a wotie no no nso yɛ.


Na nea mmara no antumi anyɛ, ɛnam sɛ honam maa no yɛɛ mmerɛw nti, Onyankopɔn somaa n’ankasa ne Ba, bɔne honam suban mu, ɛne bɔne nti, na ɔde buu bɔne no fɔ ɔhonam no mu,


na bere no wiee odu no, Onyankopɔn somaa ne ba a ɔbea woo no ma wɔwoo no mmara ase,


Na ade a wɔpae mu ka sɛ ɛso ne onyamesom pa ahintasɛm no: Onyankopɔn yii ne ho adi ɔhonam mu, wobuu no bem honhom mu, oyii ne ho kyerɛɛ abɔfo, wɔkaa ne ho asɛm amanaman mu, wogyee no dii ewiase, wɔfaa no kɔɔ ɔsoro, anuonyam mu.


na afei wɔnam yɛn agyenkwa Kristo Yesu ahoyi so ayi adi no ho. Ɔno na wayi owu hɔ, na ɔnam asɛmpa no so ayi nkwa ne ade a ɛmporɔw adi hann.


daa nkwa anidaso so, nkwa a Onyankopɔn a onni atoro no de fi teteete hyɛɛ bɔ,


Me a meyɛ ɔpanyin bi ne Kristo amanehunu ho dansefo ne anuonyam a wɔrebeyi adi no fafafo nso, mitu mpanyimfo a ɛwɔ mo mu no fo sɛ:


Nea ɛwɔ hɔ fi mfiase, nea yɛate, nea yɛde yɛn aniwa ahu, nea yɛhwɛe na yɛde yɛn nsa kae, wɔ nkwa asɛm no ho,


Na ɛbɔ a ɔde ahyɛ yɛn ne daa nkwa no.


Na munim sɛ ɔno de, oyii ne ho adi sɛ ɔrebɛsoa bɔne, na bɔne nni ne mu.


Nea ɔyɛ bɔne no fi bonsam, efisɛ ɔbonsam na ofi mfiase yɛɛ bɔne. Eyi nti na Onyankopɔn Ba no beyii ne ho adi sɛ ɔbɛsɛe ɔbonsam nnwuma.


Na yɛahu na yedi adanse sɛ: Agya no asoma Ɔba no sɛ wiase Agyenkwa.


Eyi mu na munhu Nyankopɔn honhom. Honhom biara a ɔpae mu ka sɛ Yesu Kristo aba honam mu no fi Nyankopɔn mu.


Na eyi ne adanse no, sɛ Onyankopɔn ama yɛn daa nkwa, na nkwa yi wɔ ne ba no mu.


Eyinom na makyerɛw mabrɛ mo a mugye Onyankopɔn ba no din di, na moahu sɛ mowɔ daa nkwa, na moagye Onyankopɔn ba no din adi.


Na yenim sɛ Onyankopɔn Ba no aba na wabɛma yɛn ntease a yɛde hu ɔnokwafo no. Na yɛwɔ ɔnokwafo no mu, ne ba Yesu Kristo no mu. Oyi ne nokware Nyankopɔn ne daa nkwa no.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios