Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




1 Yohane 1:1 - KYERƐW KRONKRON

1 Nea ɛwɔ hɔ fi mfiase, nea yɛate, nea yɛde yɛn aniwa ahu, nea yɛhwɛe na yɛde yɛn nsa kae, wɔ nkwa asɛm no ho,

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

1 Deɛ ɛwɔ hɔ firi mfitiaseɛ, deɛ yɛateɛ, deɛ yɛde yɛn ani ahunu, deɛ yɛhwɛeɛ na yɛde yɛn nsa kaeɛ, wɔ nkwa asɛm no ho,

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Yɛrekyerɛw mo afa Nkwa Asɛm a ɛwɔ hɔ fi mfiase; nea yɛate, nea yɛde yɛn ani ahu, nea yɛhwɛe na yɛde yɛn nsa kae, eyi ne Nkwa Asɛm a yɛreka ho asɛm no.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

1 Deɛ ɛwɔ hɔ firi mfitiaseɛ, deɛ yɛateɛ, deɛ yɛde yɛn ani ahunu, deɛ yɛhwɛeɛ na yɛde yɛn nsa kaeɛ, wɔ nkwa asɛm no ho,

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Yɛretwerɛ mo afa Nkwa Asɛm a ɛwɔ hɔ firi ahyɛaseɛ: Deɛ yɛateɛ, deɛ yɛde yɛn ani ahunu, deɛ yɛhwɛeɛ na yɛde yɛn nsa kaeɛ. Yei ne Nkwa Asɛm a yɛreka ho asɛm no.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

1 Nea ɛwɔ hɔ fi mfiase, nea yɛate, nea yɛde yɛn aniwa ahu, nea yɛhwɛe na yɛde yɛn nsa kae, wɔ nkwa asɛm no ho,

Ver Capítulo Copiar




1 Yohane 1:1
23 Referencias Cruzadas  

Hena na ɔyɛe, na ɔma ɛbae, na ɔfrɛ awo ntoatoaso fi mfiase? Me AWURADE na midi kan, na akyikafo mu nso mene ɔno ara.


Na wo, Betlehem a ɛwɔ Efrata, wo a woka mmusuakuw a wosua wɔ Yuda no ho, wo mu ara na obi bɛba ama me, na wabɛyɛ Israel so difo no; nea n’ase fi tete nteredee, fi tete nna no mu.


sɛnea wɔn a wofi mfiase de wɔn aniwa hui na wɔyɛɛ asɛm no ho asomfo no de abrɛ yɛn no enti,


Monhwɛ me nsa ne me nan sɛ ɛyɛ m’ankasa; momfa mo nsa nka me nhwɛ, efisɛ ɔsaman nni nam ne nnompe sɛnea muhu sɛ mewɔ yi.


Na nea ohui no adi adanse, na n’adanse no yɛ nokware, na ɔno de, onim sɛ ɔka nokware, na mo nso moagye adi.


Ɛnna afei osee Toma sɛ: Fa wo nsatea bra ha na bɛhwɛ me nsam, na fa wo nsa bɛka me mfem, na nyɛ okyinnyegyefo, na gye di!


Na sɛnea Agya no wɔ nkwa n’ankasa mu no, saa ara na ɔde ama Ɔba no nso sɛ onnya nkwa n’ankasa mu;


Yesu see wɔn sɛ: Mereka akyerɛ mo nokware mu sɛ, Abraham nnya mmae no, na mewɔ hɔ.


Wɔn nso na n’amanehunu akyi no, ɔnam adanse bebree so yii ne ho kyerɛɛ wɔn sɛ ɔteasefo adaduanan mu ma wohuu no, na ɔkaa Onyankopɔn ahenni ho asɛm.


Na yɛn de, yentumi, gye sɛ yɛka nea yɛahu na yɛate.


yɛn nso sɛ yɛammu nkwagye kɛse a ɛte sɛɛ yi a, yebeguan afi mu dɛn? Ɛno na Awurade fii ase kae no, wɔn a wɔtee no hyɛɛ mu den de maa yɛn,


Na yɛahu na yedi adanse sɛ: Agya no asoma Ɔba no sɛ wiase Agyenkwa.


Na baasa na edi adanse,


sɛ: Kyerɛw nea wuhu hyɛ nhoma mu, na fa kɔma asafo ahorow ason no, fa kɔ Efeso, Smirna, Pergamum, Tiatira, Sardi, Filadelfia ne Laodikea.


Awurade se: Mene Alfa ne Omega no, nea ɔwɔ hɔ, na ɔwɔ hɔ dedaw, na ɔreba, ade nyinaa so tumfo no.


Na ɔhyɛ atade bi a wɔde abɔ mogya mu, na ne din de: Onyankopɔn Asɛm.


Na Smirna asafo mu bɔfo no, kyerɛw kɔma no sɛ: Sɛɛ na ɔkannifo ne okyikafo, nea owui na ɔte ase bio no se:


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios