Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




1 Samuel 7:9 - KYERƐW KRONKRON

9 Na Samuel faa oguanten ba a onum de no bɔɔ ɔhyew afɔre mu maa AWURADE, na Samuel su frɛɛ AWURADE maa Israel, na AWURADE gyee no so.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

9 Na Samuel faa odwanten ba a ɔnum de no bɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ mu maa AWURADE; na Samuel su frɛɛ AWURADE maa Israel, na AWURADE gyee no so.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 Enti Samuel faa oguan ba a onnyinii de ne mua no bɔɔ ɔhyew afɔre maa Awurade. Ɔsrɛɛ Awurade maa Israelfo, na Awurade tiei.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

9 Na Samuel faa odwanten ba a ɔnum de no bɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ mu maa AWURADE; na Samuel su frɛɛ AWURADE maa Israel, na AWURADE gyee no so.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 Enti, Samuel faa odwan ba a ɔnyiniiɛ de ne mua no bɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ maa Awurade. Ɔsrɛɛ Awurade maa Israelfoɔ, na Awurade tieeɛ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

9 Na Samuel faa oguanten ba a onum de no bɔɔ ɔhyew afɔre mu maa AWURADE, na Samuel su frɛɛ AWURADE maa Israel, na AWURADE gyee no so.

Ver Capítulo Copiar




1 Samuel 7:9
16 Referencias Cruzadas  

na frɛ me hiada mu, na megye wo na woahyɛ me anuonyam.


Mose ne Aaron wɔ n’asɔfo mu, na Samuel wɔ wɔn a wɔbɔ ne din mu, wɔfrɛɛ AWURADE, na ogyee wɔn so.


Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Sɛ Mose ne Samuel po begyina m’anim a, me kra renkom nkɔ ɔman yi so; ma womfi m’anim na wɔnkɔ.


Nantwi, oguanten anaa abirekyi, sɛ wɔwo no a, ɔntena ne na ase nnansɔn, na efi da a ɛto so awotwe de rekɔ no, wɔde yɛ ayɛyɛde ma AWURADE gya afɔre a, ɛbɛsɔ ani.


na mepaa AWURADE kyɛw sɛ: AWURADE, nsɛe wo man ne w’agyapade a wode wo kɛseyɛ agye wɔn na wode nsa a ɛyɛ den ayi wɔn afi Misraim no.


Monkeka mo mfomso nkyerɛkyerɛ mo ho mo ho, na munyiyi mpae mmoma mo ho mo ho, na wɔasa mo yare. Onipa trenee adesrɛ a emu yɛ den tumi yɛ ade bebree.


Na si afɔremuka ma AWURADE wo Nyankopɔn, bepɔw a ɛyɛ den yi atifi, sɛ ɛho nhyehyɛe te. Na fa nantwinini a ɔto so abien no bɔ ɔhyew afɔre Asera nnua a wubetwa no nnyina no so.


Na kurom hɔfo no sɔree anɔpa no, na hwɛ, wɔaburuw Baal afɔremuka no, na wɔatwitwa ɛho Asera nnua no, na wɔahyew nantwinini a ɔto so abien no, afɔremuka a wɔasi no so.


Na di m’anim sian kɔ Gilgal, na hwɛ, me nso meresian maba wo nkyɛn mabɛbɔ ɔhyew afɔre ne asomdwoe afɔre. Tena hɔ twɛn nnansɔn kosi sɛ mɛba wo nkyɛn mabɛkyerɛ wo nea yɛ.


So ɛnyɛ awitwa bere ne nnɛ? Mɛfrɛ AWURADE na wama ɔprannaa ne osu aba, na moahwɛ ahu sɛ mo bɔne a moayɛ AWURADE anim sɛ moabisa ɔhene afa no so.


Na Samuel se: Mɛyɛ dɛn makɔ? Na Saul te a, obekum me. Na AWURADE se: Fa nantwi ba kura na kɔka sɛ: AWURADE afɔrebɔ na mebae.


Na mɛma ɔsɔfo nokwafo so mafa: Ɔbɛyɛ nea ɛwɔ me koma ne me kra mu, na mɛkyekye ofi a etim hɔ mama no, na wanantew nea masra no no anim nna nyinaa.


Na ɔsan ba Rama, na ɛhɔ na ne fi wɔ; na odi Israel so wɔ hɔ, na osii afɔremuka wɔ hɔ maa AWURADE.


Na wobuaa wɔn sɛ: Ɔwɔ hɔ, hwɛ, ɔwɔ mo anim ha yi ara; monyɛ ntɛm, na ɛnnɛ waba kurow no mu, na ɔman no bɔ afɔre nnɛ sorɔnsorɔmmea hɔ.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios