Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




1 Samuel 4:9 - KYERƐW KRONKRON

9 Mo Filistifo, monhyɛ mo ho den, na monyɛ mmarima, na moansom Hebrifo sɛnea wɔsom mo no; enti monyɛ mmarima na monko.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

9 Mo Filistifoɔ, monyɛ den, na monyɛ mmarima, na moansom Hebrifoɔ sɛdeɛ wɔsom mo no; enti monyɛ mmarima na monko.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 Monyere mo ho, Filistifo! Munnyina sɛ mmarima; anyɛ saa a, Hebrifo no bɛfa mo nkoa sɛnea wɔyɛɛ yɛn nkoa no.”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

9 Mo Filistifoɔ, monyɛ den, na monyɛ mmarima, na moansom Hebrifoɔ sɛdeɛ wɔsom mo no; enti monyɛ mmarima na monko.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 Monnyere mo ho, Filistifoɔ! Monnyina sɛ mmarima; anyɛ saa a, Hebrifoɔ no bɛfa mo nkoa sɛdeɛ wɔyɛɛ yɛn nkoa no.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

9 Mo Filistifo, monhyɛ mo ho den, na monyɛ mmarima, na moansom Hebrifo sɛnea wɔsom mo no; enti monyɛ mmarima na monko.

Ver Capítulo Copiar




1 Samuel 4:9
10 Referencias Cruzadas  

Monwɛn, munnyina gyidi mu, monyɛ mmarima, momma mo ho nyɛ den.


Na Israelfo kɔɔ so yɛɛ nea ɛyɛ AWURADE ani so bɔne, na AWURADE de wɔn hyɛɛ Filistifo nsa mfirihyia aduanan.


Hyɛ wo ho den na ma yɛnhyɛ yɛn ho den mma yɛn man ne yɛn Nyankopɔn nkurow. Na AWURADE nyɛ nea eye n’ani so.


Due, ɔsɛefo a wo de, wɔnsɛee wo ɛ, wo ɔfatwafo a wɔmfaa wo ntwae ɛ! Sɛ wuwie ɔsɛe no a, wɔbɛsɛe wo na sɛ wunya wie ɔfatwa a, wɔde wo betwa so.


Na AWURADE abufuw dɛw hyɛɛ Israel, na ɔtɔn wɔn hyɛɛ Filistifo ne Amonfo nsa.


Na aman bɛfa wɔn de wɔn aba wɔn tenabea, na Israel fi afa wɔn adi AWURADE asase no so ma wɔayeyɛ nkoa ne mfenaa, na wɔafa wɔn nnommumfafo nnommum, na wɔahom wɔn ahoguanfo so.


Buei, yennue! Hena na obeyi yɛn afi anyame atumfo yi nsam? Eyinom ne anyame a wɔde ɔhaw ahorow haw Misraimfo wɔ sare so no.


Nso Hebrifo a wɔka Filistifo no ho kan a wɔne wɔn foro baa nsra no mu fi asase a atwa ho ahyia no so no, wɔn nso bɛkaa Israelfo a wɔka Saul ne Yonatan ho no ho.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios