Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




1 Samuel 4:8 - KYERƐW KRONKRON

8 Buei, yennue! Hena na obeyi yɛn afi anyame atumfo yi nsam? Eyinom ne anyame a wɔde ɔhaw ahorow haw Misraimfo wɔ sare so no.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

8 Buei, yɛnnue! Hwan na ɔbɛyi yɛn afiri anyame atumfoɔ yi nsam? Yeinom ne anyame a wɔde haw nyinaa haa Misraim ɛserɛ so no.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 Hena na obegye yɛn afi saa Israel anyame atumfo yi nsam? Wɔne anyame a wɔde owu ɔyare ahorow nyinaa bi sɛee Misraimfo, bere a Israelfo wɔ sare so hɔ no.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

8 Buei, yɛnnue! Hwan na ɔbɛyi yɛn afiri anyame atumfoɔ yi nsam? Yeinom ne anyame a wɔde haw nyinaa haa Misraim ɛserɛ so no.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 Hwan na ɔbɛgye yɛn afiri saa Israel anyame atumfoɔ yi nsam? Wɔne anyame a wɔde owu yadeɛ ahodoɔ nyinaa bi sɛee Misraimfoɔ, ɛberɛ a Israelfoɔ wɔ ɛserɛ so hɔ no.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

8 Buei, yennue! Hena na obeyi yɛn afi anyame atumfo yi nsam? Eyinom ne anyame a wɔde ɔhaw ahorow haw Misraimfo wɔ sare so no.

Ver Capítulo Copiar




1 Samuel 4:8
8 Referencias Cruzadas  

Na afei de, merema me haw nyinaa aba wo koma so ne wo nkoa ne wo man mu, na woahu sɛ obiara nni hɔ a ɔte sɛ me wɔ asase nyinaa so.


Na sɛ meteɛ me nsa wɔ Misraim so na miyi Israelfo mifi wɔn mu a, na Misraimfo behu sɛ mene AWURADE.


Eyinom wɔ tumi sɛ wɔto ɔsoro mu na osu ntɔ wɔn adiyi nna no mu, na wɔwɔ nsu so tumi sɛ wɔma ɛdan mogya, ne sɛ wɔde haw biara haw asase da biara a wɔpɛ.


Ɛnna Filistifo no suroe, na wose: Onyankopɔn aba nsra no mu. Na wɔkae sɛ: Buei, yennue! Na ɛmmae sɛɛ pɛn.


Mo Filistifo, monhyɛ mo ho den, na monyɛ mmarima, na moansom Hebrifo sɛnea wɔsom mo no; enti monyɛ mmarima na monko.


Aman tee, na wɔn ho wosowee, ahopopo kaa wɔn a wɔte Filistia.


Na nnipa a wɔte Asdod hui saa no, wɔkae sɛ: Mommma Israel Nyankopɔn adaka no nntena yɛn nkyɛn, efisɛ ɛde ɔhaw pii abrɛ yɛn ne yɛn nyame Dagon.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios