Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




1 Samuel 3:2 - KYERƐW KRONKRON

2 Na ɛbere no mu, ɛbae sɛ da bi a Eli da ne dabere no, nso na n’ani so afi ase ayɛ kusukusu a onhu ade yiye,

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

2 Na ɛberɛ no mu, ɛbaa sɛ da bi a Eli da ne daberɛ no, — nso na n’ani afiri aseɛ ayɛ kusukusu a ɔnhunu adeɛ yie, —

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Anadwo bi, na Eli a nʼani reyɛ afura koraa no kɔdae nkyɛe koraa.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

2 Na ɛberɛ no mu, ɛbaa sɛ da bi a Eli da ne daberɛ no, — nso na n’ani afiri aseɛ ayɛ kusukusu a ɔnhunu adeɛ yie, —

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Anadwo bi, na Eli a nʼani reyɛ afira koraa no kɔdaeɛ nkyɛree koraa.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

2 Na ɛbere no mu, ɛbae sɛ da bi a Eli da ne dabere no, nso na n’ani so afi ase ayɛ kusukusu a onhu ade yiye,

Ver Capítulo Copiar




1 Samuel 3:2
8 Referencias Cruzadas  

Nso na Eli adi mfe aduakron awotwe, na n’ani so ayɛ wusiwusi, na onhu ade yiye.


Yɛn mfirihyiam nna, emu wɔ mfe aduɔsɔn, na sɛ ɛboro so a, na ɛredu aduɔwɔtwe, na emu ahohoahoade yɛ ɔbrɛ ne ahuhude, na etwam ntɛm so, na yetu kɔ.


Na onyin nti, Israel ani so ayɛ no kusukusu a onhu ade yiye. Na ɔde wɔn bɛn no; na ofew wɔn ano yɛɛ wɔn atuu.


Bere a na Isak abɔ akwakoraa na n'ani so ayɛ no kusukusu na onhu ade yiye no, ɔfrɛɛ ne ba panyin Esau ka kyerɛɛ no sɛ: Me ba! Na osee no sɛ: Agya, mini.


Na n'agya ampene na ose: Minim, me ba, minim; ɔno nso bɛyɛ ɔman, na ɔno nso adɔ, nanso ɛnyɛ dɛn ara a, ne nua kumaa no bɛso asen no, na n'asefo bɛyɛ aman pii.


ɛda a ofie awɛmfo ho bɛpopo, na mmarima ahoɔdenfo no mu akurum, na awiyamfo agyae, sɛ wɔasua nti, na wɔn a wɔhwɛ mfɛnsere mu ani so ayɛ wɔn kusuu;


Nso Eli abɔ akora sɛ, na ɔtee nea ne mma de yɛ Israel nyinaa, no nyinaa ne sɛnea wɔne mmea a wɔyɛ ahyiae ntamadan ano adwuma no da.


Na Yeroboam yere no yɛɛ saa, na osiim kɔɔ Silo, na oduu Ahia fi. Nso Ahia nhu ade, na akorabɔ nti n’aniwa agyen.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios