Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




1 Samuel 22:2 - KYERƐW KRONKRON

2 Na wɔn a wɔn ho akyere wɔn ne wɔn a ɛdede aka ne wɔn a wɔn werɛ ahow boaboaa wɔn ho ano baa ne nkyɛn, na odii wɔn so safohene. Mmarima bɛyɛ ahanan na wɔbɛkaa ne ho.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

2 Na wɔn a wɔn ho akyere wɔn ne wɔn a wɔdede aka ne wɔn a wɔn werɛ ahoɔ boaboaa wɔn ano baa ne nkyɛn, na ɔdii wɔn so safohene. Mmarima bɛyɛ ahanan na wɔbɛkaa ne ho.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Afoforo bi nso kɔkaa ne ho wɔ hɔ. Na saa nnipa no yɛ nnipa a ɔhaw da wɔn so anaa wɔn a wɔdede aka ne wɔn a asetena nkɔ wɔn yiye. Wɔbae ara kosii sɛ Dawid bɛyɛɛ ɔkannifo maa nnipa bɛyɛ sɛ ahannan.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

2 Na wɔn a wɔn ho akyere wɔn ne wɔn a wɔdede aka ne wɔn a wɔn werɛ ahoɔ boaboaa wɔn ano baa ne nkyɛn, na ɔdii wɔn so safohene. Mmarima bɛyɛ ahanan na wɔbɛkaa ne ho.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Afoforɔ bi nso kɔkaa ne ho wɔ hɔ. Na saa nnipa no yɛ nnipa a ɔhaw da wɔn so anaa wɔn a wɔdede aka ne wɔn a asetena nkɔ wɔn yie. Wɔbaeɛ ara kɔsii sɛ Dawid bɛyɛɛ ɔkannifoɔ maa nnipa bɛyɛ sɛ ahanan.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

2 Na wɔn a wɔn ho akyere wɔn ne wɔn a ɛdede aka ne wɔn a wɔn werɛ ahow boaboaa wɔn ho ano baa ne nkyɛn, na odii wɔn so safohene. Mmarima bɛyɛ ahanan na wɔbɛkaa ne ho.

Ver Capítulo Copiar




1 Samuel 22:2
22 Referencias Cruzadas  

Mo a moayɛ adwuma abrɛ na wɔasoa mo nnosoa nyinaa, mommra me nkyɛn, na mɛma mo ahome.


Na Dawid ho kyeree no papaapa, efisɛ ɛdɔm no kae sɛ wobesiw no abo, na dɔm no nyinaa kra botowee, wɔn mmammarima ne wɔn mmabea nti; nanso Dawid hyɛɛ ne ho den AWURADE ne Nyankopɔn mu.


Ɛnna Dawid ka kyerɛɛ ne nnipa no sɛ: Mo nyinaa mmobɔ mo nkrante. Na wɔn nyinaa bobɔɔ wɔn nkrante, na Dawid nso bɔɔ ne nkrante, na ɛbɛyɛ mmarima ahanan foro dii Dawid akyi, na ahanu tenaa nneɛma no ho.


Ɛnna Dawid ne ne mmarima a wɔbɛyɛ ahansia no sɔre fii Keila, na wɔkɔɔ baabiara a wobetumi akɔ. Na wɔkɔka kyerɛɛ Saul sɛ Dawid aguan afi Keila no, ogyaee n’akyidi.


Ɔkyena sesɛbere mɛsoma ɔbarima bi afi Benyamin asase so aba wo nkyɛn, na sra no ngo si no me man Israel so panyin, na onnye me man mfi Filistifo nsam; na mahu me man no yaw, efisɛ wɔn su adu m’anim.


Na Hana kra werɛ howee, na ɔbɔɔ AWURADE mpae, na ɔde yaw sui.


Ɛnna Yefta guan fii ne nuanom nkyɛn kɔtenaa Tob asase so, na nnipa ahuhufo bi boaa wɔn ho ano bɛkaa Yefta ho, na wodii n’akyi.


Na ɛfata nea ne nti nneɛma nyinaa wɔ hɔ na ɛnam ne so na nneɛma nyinaa wɔ hɔ, nea ɔde mma bebree baa anuonyam mu no, sɛ ɔde wɔn nkwagye safohene nam amanehunu mu bɛkɔ pɛyɛ mu.


Na efi Osuboni Yohane bere so besi nnɛ, wɔyɛ ɔsoro ahenni ho ade anibere so, na wɔn a wɔn ani abere no fa no anuɔden so.


Fa nsaden ma nea ɔresɛe, ne bobesa ma awerɛhowfo.


San kɔka kyerɛ Hesekia, me man so hwɛfo no, sɛ: Sɛ AWURADE, w’agya Dawid Nyankopɔn se ni: Mate wo mpaebɔ, mahu wo nusu, hwɛ, me na mɛsa wo yare. Da a ɛto so abiɛsa no wobɛforo akɔ AWURADE fi.


Na Husai se: Wo ara wunim w’agya ne ne mmarima sɛ wɔyɛ ahoɔdenfo, na wɔn ani abere sɛ osisi a wɔafa ne mma wuram, na w’agya nso yɛ dɔmmarima, na ɔrenna nkurɔfo no nkyɛn.


Nso kan no a Saul di yɛn so hene no wone nea ɔde Israel fi adi na wode wɔn ba mu; na AWURADE aka akyerɛ wo sɛ: Wo na wobɛyɛn me man Israel, na wo na wubedi Israel so panyin.


Na Danfo no ka kyerɛɛ no sɛ: Mma wɔnnte wo nne wɔ yɛn mu, na mmarima a wɔn bo afuw ammɛtow anhyɛ mo so, na woanhwere wo nkwa ne wo fifo de.


Na Dawid fii hɔ kɔɔ Mispe wɔ Moab, na ɔka kyerɛɛ Moab hene sɛ: Mesrɛ wo, ma m’agya ne me na mmɛtena mo nkyɛn nkosi sɛ mehu nea Onyankopɔn bɛyɛ me ansa.


Na adiyifo mma no mu biako yere teɛɛm frɛɛ Elisa sɛ: W’akoa, me kunu, awu, no wo ara wunim sɛ w’akoa suro AWURADE; na ɔkafo aba rebɛfa me mma baanu akɔyɛ ne nkoa.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios