Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




1 Samuel 12:3 - KYERƐW KRONKRON

3 Hwɛ, mini, munni me adanse, AWURADE ne nea wasra no yi anim: Hena nantwi na mafa? Na hena afurum na mafa? Na hena na mahyɛ no so? Na hena na madi no amim? Anaa hena hɔ na magye ademmude na mede mamua m’ani mama no? Na mennan memma mo. Momfa nto gua na metua onipa ko ka

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

3 Hwɛ, menie, monni me adanseɛ AWURADE ne deɛ wasra no yi anim, hwan nantwie na mafa? Na hwan afunumu na mafa? Na hwan na madi no amim? Na hwan na mahyɛ ne soɔ anaa hwan hɔ na magye adanmudeɛ na mede mamua m’ani mama no? Na mennane memma mo.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Afei, monka nkyerɛ me, bere a migyina Awurade ne nea wɔasra no wɔ ne din mu anim yi, hena nantwi anaa nʼafurum na mawia? Masisi mo mu bi pɛn ana? Madi mo nya pɛn ana? Magye adanmude bi pɛn ana? Sɛ mayɛ bɔne bi a, monka nkyerɛ me, na mesiesie nea manyɛ no.”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

3 Hwɛ, menie, monni me adanseɛ AWURADE ne deɛ wasra no yi anim, hwan nantwie na mafa? Na hwan afunumu na mafa? Na hwan na madi no amim? Na hwan na mahyɛ ne soɔ anaa hwan hɔ na magye adanmudeɛ na mede mamua m’ani mama no? Na mennane memma mo.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Afei, monka nkyerɛ me, ɛberɛ a megyina Awurade ne deɛ wɔasra no wɔ ne din mu anim yi, hwan nantwie anaa nʼafunumu na mawia? Masisi mo mu bi pɛn anaa? Madi mo nya pɛn anaa? Magye adanmudeɛ bi pɛn anaa? Sɛ mayɛ bɔne bi a, monka nkyerɛ me, na mɛtenetene deɛ manyɛ no yie.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

3 Hwɛ, mini, munni me adanse, AWURADE ne nea wasra no yi anim: Hena nantwi na mafa? Na hena afurum na mafa? Na hena na mahyɛ no so? Na hena na madi no amim? Anaa hena hɔ na magye ademmude na mede mamua m’ani mama no? Na mennan memma mo. Momfa nto gua na metua onipa ko ka

Ver Capítulo Copiar




1 Samuel 12:3
29 Referencias Cruzadas  

Na mehwɛɛ AWURADE akwan, na menyɛɛ bɔne mimfii me Nyankopɔn ho ɛ.


Ɛnnɛ ara monnan wɔn mfuw ne wɔn bobe nturo ne wɔn ngo nnua ne wɔn afi mma wɔn, ne sika ne aduan ne nsa ne ngo no ɔha mu abupɛn a mugyee wɔn hɔ yɛɛ mfɛntom no.


Ɔmfa ne sika mma nnye mfɛntom, na onnye nea odi bem hɔ adammude. Nea ɔyɛ eyinom no, ɔrenhinhim ara da.


Mma w'ani mmmere wo yɔnko fi. Mma w'ani mmmere wo yɔnko yere anaa n'akoa anaa n'afenaa anaa ne nantwi anaa n'afurum anaa biribiara a ɛyɛ wo yɔnko dea.


Sɛ wohu akorɔnne wɔ ne nsam, sɛ nantwi oo, afurum oo, oguan oo, na ɔyɛ anikan a, ommu mmɔ ho nsi ananmu.


Nso nnye ayɛyɛde, na ayɛyɛde fura aniwa a ehu ade, na ɛkyea treneefo nsɛm.


Amim mu mfasopɛfo sɛe ne fi, na nea okyi akyɛde bɛtena ase.


na sɛ ɛba sɛ wayɛ bɔne na odi so saa a, ɔmfa ade a owiae, anaa ade a odii mu amim, anaa ade a wɔde maa no asie, anaa ade a ɛyerae a ohui,


anaa ade biara a ɔkaa ho ntanhunu no nsan mmra, ɔmfa ne nyinaa mmra, na ɔmfa abupɛn anum mu biako mpae so mma ɔdede, n'asodi ho afɔrebɔ da no ara;


Ɛnna Mose bo fuwii pii, na ɔka kyerɛɛ AWURADE sɛ: Nnan w'ani nkyerɛ wɔn aduan afɔre. Minnyee wɔn nsam afurum biako po ɛ, nanso menyɛɛ wɔn mu biara bɔne bi ɛ.


Wose: Kaesare dea. Ɛnna osee wɔn sɛ: Ɛnne momfa Kaesare de mma Kaesare ne Nyankopɔn de mma Onyankopɔn!


Na Sakeo gyina ka kyerɛɛ Awurade sɛ: Ao! Awurade, hwɛ, mede m’ahode fa mɛkyɛ ahiafo, na sɛ menam nkontompo so magye obi biribi a, mɛbɔ ho mpɛn anan matua ka.


M’ani ammere obiara dwetɛ anaa sika anaa atade.


Hwɛ, mprɛnsa ni a masiesie me ho sɛ mereba mo nkyɛn, na meremmɛyɛ mo so adesoa; efisɛ menhwehwɛ mo biribiara, na mmom mo ankasa. Na ɛnyɛ mma na ɛpɛ ade sie ma awofo, na mmom awofo na ɛpɛ ade sie ma mma.


Nnan atemmu ani, nhwɛ nnipa anim na nnye adammude; na ademmude fura anyansafo aniwa, na ɛdan treneefo nsɛm ani butuw.


Mo ne Nyankopɔn ne adansefo, sɛnea yɛyɛɛ yɛn ho kronkron ne trenee ne nnipa a wɔn ho nni asɛm maa mo agyidifo.


Na sɛnea munim no, Onyankopɔn ne dansefo, yɛanka adɛfɛdɛfɛsɛm da, nso yɛamfa nsɛm anyɛ anibere nkataso,


Monyɛn Onyankopɔn nguankuw a wɔwɔ mo mu no. Monhwɛ wɔn so, ɛnyɛ ɔhyɛ so, na mmom ɔdɔ mu, sɛnea Onyankopɔn pɛ; ɛnyɛ adifudepɛ nti, na mmom koma a ɛpɛ nti;


Ɛnna Samuel faa ngo toa hwie guu Saul atifi, na ofew n’ano kae sɛ: AWURADE asra wo asi ne man Israel so panyin. Na wobedi AWURADE nkurɔfo anim, agye wɔn afi wɔn atamfo a atwa wɔn ho nyinaa nsam. Na eyi ne wo nsɛkyerɛnne sɛ AWURADE asra wo ngo adi ne nkurɔfo ne n’agyapade so.


Na wose: Dabi wunnii yɛn amim na wonhyɛɛ yɛn so na wunnyee obiara hɔ biribi ɛ.


Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: AWURADE ne mo dansefo, na nea wasra no yi ne ɔdansefo nnɛ, sɛ moanhu biribiara me nsam. Na wɔkae sɛ: Ɔne dansefo.


Na mɛma ɔsɔfo nokwafo so mafa: Ɔbɛyɛ nea ɛwɔ me koma ne me kra mu, na mɛkyekye ofi a etim hɔ mama no, na wanantew nea masra no no anim nna nyinaa.


Nso, m’agya, ampa ara, hwɛ sɛ mikura wo batakari ano. Na sɛ matwa wo batakari ano na mankum wo yi, hu na hwɛ sɛ bɔne anaa mmarato bi nni me nsam; na menyɛɛ wo bɔne bi ɛ, nso wo de, worepɛ me akum me.


Na ɔka kyerɛɛ ne nnipa no sɛ: AWURADE mma ɛmpare me sɛ mɛyɛ me wura a AWURADE asra no no ade a ɛte sɛɛ, sɛ mɛteɛ me nsa maka no, efisɛ nea AWURADE asra no ne no.


Na Dawid de nsɛm yi bɔɔ ne nnipa no pem, na wampene amma wɔansɔre anhyɛ Saul. Na Saul sɔre fii ɔbodan no mu sii ne kwan so.


AWURADE mma ɛmpare me sɛ mɛteɛ me nsa maka nea AWURADE asra no no. Na afei fa peaw a ɛwɔ n’atifi no ne nsu kuruwa no na yɛnkɔ.


Na Dawid ka kyerɛɛ Abisai sɛ: Nkum no, na hena na ɔteɛ ne nsa ka nea AWURADE asra no na odi bem?


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios