Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




1 Samuel 1:9 - KYERƐW KRONKRON

9 Ɛnna wodidii Silo na wɔnom wiei no, Hana sɔree na ɔkɔɔ AWURADE anim nanso na ɔsɔfo Eli te agua so, AWURADE asɔredan ano apongua ho.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

9 Na wɔdidiiɛ na wɔnom wieeɛ wɔ Silo no, Hana sɔreeɛ; nanso na Ɔsɔfoɔ Eli te adwa so AWURADE asɔredan ano aponnwa ho.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 Da koro bi a na wɔwɔ Silo no, Hana fii adi anwummere bi a wɔadidi awie sɛ ɔrekɔ Awurade fi akɔbɔ mpae. Na ɔsɔfo Eli te baabi a ɔtena daa wɔ Awurade fi pon ano hɔ.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

9 Na wɔdidiiɛ na wɔnom wieeɛ wɔ Silo no, Hana sɔreeɛ; nanso na Ɔsɔfoɔ Eli te adwa so AWURADE asɔredan ano aponnwa ho.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 Ɛda koro bi na wɔwɔ Silo no, Hana firii adi anwummerɛ bi a wɔadidi awie sɛ ɔrekɔ Awurade fie akɔbɔ mpaeɛ. Na ɔsɔfoɔ Eli te baabi a ɔtena daa wɔ Awurade fie ɛpono ano hɔ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

9 Ɛnna wodidii Silo na wɔnom wiei no, Hana sɔree na ɔkɔɔ AWURADE anim nanso na ɔsɔfo Eli te agua so, AWURADE asɔredan ano apongua ho.

Ver Capítulo Copiar




1 Samuel 1:9
9 Referencias Cruzadas  

na Onyankopɔn kanea no nnya nnumii na Samuel da AWURADE asɔredan mu, nea Onyankopɔn adaka no si hɔ no.


Ade biako na masrɛ AWURADE, ɛno na mɛhwehwɛ akyi kwan, sɛ me nna a midi nyinaa mɛtena AWURADE fi, na mahwɛ AWURADE animtew, na madwen me tirim, n’asɔrefi.


Na me de, menam wo dom bebree so mɛba wo fi. Na wo ho suro mu na mɛsɔre makyerɛ w’asɔrefi kronkron no, na makotow.


ɔhene ka kyerɛɛ Odiyifo Natan sɛ: Hwɛ, me de, mete kyeneduru dan mu, na Onyankopɔn adaka no si ntamadan mu.


Na Samuel dae koduu anɔpa, na ohiɛhiɛɛ AWURADE fi apon no. Na Samuel suroe sɛ ɔbɛka ade a ohui no akyerɛ Eli.


AWURADE nne ma aforote ko awo, na ɛma kwae mu da hɔ, na n’asɔrefi mufo nyinaa ka sɛ: Anuonyam nka Nyankopɔn.


ɛnne ne wura no mfa no mmra Onyankopɔn anim, na ɔmfa no mmra ɔpon ho anaa apongua ho, na ne wura no mfa fitii mfiti n'asom, na ɔnsom no daa.


Na Hana kra werɛ howee, na ɔbɔɔ AWURADE mpae, na ɔde yaw sui.


Na odui no, na hwɛ, Eli te agua so kwankyɛn rehwɛ kwan; na Onyankopɔn adaka no nti na ne bo ntɔ ne yam. Na ɔbarima no ba bɛkae, na kurow mu no nyinaa sui.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios