Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




1 Samuel 1:8 - KYERƐW KRONKRON

8 Na ne kunu Elkana bisaa no sɛ: Hana, ɛdɛn na wusu, na ɛdɛn na wunnidi, na ɛdɛn na wo bo nnwo? So minnye memma wo mensen mmammarima du?

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

8 Na ne kunu Elkana ka kyerɛɛ no sɛ: Hana, adɛn na wosu, na adɛn na wonnidie, na adɛn na wo bo nnwoɔ? Menyɛ memma wo nsene mmammarima du anaa?

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 Ɛba saa a, ne kunu Elkana bisa no se, “Hana, adɛn na woresu? Adɛn nti na wunnidi? Adɛn nti na wo werɛ ahow? So mensom bo mma wo nsen sɛ anka wowɔ mmabarima du mpo?”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

8 Na ne kunu Elkana ka kyerɛɛ no sɛ: Hana, adɛn na wosu, na adɛn na wonnidie, na adɛn na wo bo nnwoɔ? Menyɛ memma wo nsene mmammarima du anaa?

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 Ɛba saa a, ne kunu Elkana bisa no sɛ, “Hana, ɛdeɛn asɛm? Adɛn enti na wonnidie? Adɛn enti na wo werɛ ahoɔ, sɛ wonni mma nti? Mensom bo mma wo, nsen sɛ anka wowɔ mmammarima edu mpo?”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

8 Na ne kunu Elkana bisaa no sɛ: Hana, ɛdɛn na wusu, na ɛdɛn na wunnidi, na ɛdɛn na wo bo nnwo? So minnye memma wo mensen mmammarima du?

Ver Capítulo Copiar




1 Samuel 1:8
11 Referencias Cruzadas  

Na ɔnyɛ wo nkwamafo ne wo mmerewabere mu hwɛfo, efisɛ wo sew a ɔdɔ wo a oye ma wo sen mmammarima baason no na awo no.


Na AWURADE afrɛ wo sɛ ɔbea a wɔagyaw no na ɔredi honhom mu yaw, sɛ mmerantebere mu yere a wɔapa no, wo Nyankopɔn na ose.


Nea n’ahome tew no no, ɛsɛ no ne yɔnko nsam adɔe; anyɛ saa a, ogyaa Otumfo no suro.


Afei yetu mo fo, anuanom, sɛ monkasa nkyerɛ wɔn a wɔnam basabasa, monkyekye wɔn a wɔn koma atu werɛ, munso wɔn a wɔyɛ mmerɛw mu, montɔ mo bo ase mma nnipa nyinaa.


Yesu see no sɛ: Ɔbea, adɛn na woresu? Wohwehwɛ hena? Na ɔno de, osusuwii sɛ ɛyɛ turom hɔ hwɛfo nti, osee no sɛ: Owura, sɛ woafa no afi ha a, kyerɛ me faako a wode no akɔto, na menkɔfa no!


Na wobisaa no sɛ: Ɔbea, adɛn na wusu? Osee wɔn sɛ: Efisɛ wɔafa me wura kɔ, na minnim faako a wɔde no akɔto ntia.


Na makɔ Onyankopɔn afɔremuka ho, na mede ahurusi ne anigye mmoroso akɔ Nyankopɔn nkyɛn, na mede sanku mada wo ase, Onyankopɔn, me Nyankopɔn.


To dwom, wo bonin a woanwo; to anigye dwom na fa ahosan teɛm, wo a wonkyem mma ɛ! Na onnibie mma bɛdɔɔso asen nea ɔwɔ okunu mma, AWURADE na ose.


Na Hasael kae sɛ: Ɛdɛn nti na me wura resu? Na ose: Efisɛ minim bɔne a wobɛyɛ Israelfo. Wɔn nkurow a ɛyɛ den no wobɛtoto mu gya, na wode nkrante bekunkum wɔn mmerante, na woatetew wɔn nkokoaa ahwehwe fam, na woapaapae wɔn apemfo mu.


Na saa na Penina yɛ Hana daa afe, sɛ wɔforo kɔ AWURADE fi a, ɔhyɛ no yamgya sa; na osu ara nko na Hana su na onnidi.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios