Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




1 Samuel 1:7 - KYERƐW KRONKRON

7 Na saa na Penina yɛ Hana daa afe, sɛ wɔforo kɔ AWURADE fi a, ɔhyɛ no yamgya sa; na osu ara nko na Hana su na onnidi.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

7 Na saa na na ɔyɛ afe biara. Daa sɛ wɔforo kɔ AWURADE fie a, ɔyi no ahi saa; na ɔsu na ɔnnidi.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 Na saa asɛm yi kɔɔ so afe biara. Bere biara a wɔbɛkɔ Awurade fi no, Penina bɔ Hana akutia. Na eyi ma Hana su na onnidi mpo.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

7 Na saa na na ɔyɛ afe biara. Daa sɛ wɔforo kɔ AWURADE fie a, ɔyi no ahi saa; na ɔsu na ɔnnidi.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 Na saa asɛm yi kɔɔ so afe biara. Ɛberɛ biara a wɔbɛkɔ Awurade fie no, Penina bɔ Hana akutia. Na yei ma Hana su na ɔnnidi mpo.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

7 Na saa na Penina yɛ Hana daa afe, sɛ wɔforo kɔ AWURADE fi a, ɔhyɛ no yamgya sa; na osu ara nko na Hana su na onnidi.

Ver Capítulo Copiar




1 Samuel 1:7
7 Referencias Cruzadas  

Nso ne na pam batakari kumaa bi ma no, na ɔde brɛ no daa afe a ɔne ne kunu rebɛbɔ daa afe afɔre no.


Na ne kora no yi no ahii pii, de huru ne bo, efisɛ AWURADE ato ne yafunu mu.


Na ne kunu Elkana bisaa no sɛ: Hana, ɛdɛn na wusu, na ɛdɛn na wunnidi, na ɛdɛn na wo bo nnwo? So minnye memma wo mensen mmammarima du?


Me koma abow na akisa sɛ fan, na m’ani apa m’aduan di so.


mmarima bi fi Sekem ne Silo ne Samaria bae, wosi aduɔwɔtwe, wɔayiyi wɔn bogyesɛ asunsuane wɔn ntade mu abobɔ wɔn ho akam, na wokura aduan afɔre ne aduhuam sɛ wɔde reba AWURADE fi.


Ɛnna Hana bɔɔ mpae sɛ: Me koma di AWURADE mu ahurusi, AWURADE mu na wɔama m’abɛn so; m’anom atrɛw m’atamfo so, efisɛ m’ani gye wo nkwagye mu.


M’apinisi nne nti me nnompe afomfam me werem.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios