Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




1 Samuel 1:5 - KYERƐW KRONKRON

5 Na Hana de, ɔma no baanu kyɛfa, efisɛ ɔdɔ no nanso AWURADE ato ne yafunu mu.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

5 Na Hana deɛ, ɔma no baanu kyɛfa, ɛfiri sɛ ɔdɔ Hana, nanso AWURADE ato ne yafunu mu.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Nanso Hana de, na ne kyɛfa yɛ sononko, efisɛ na ɔdɔ no yiye.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

5 Na Hana deɛ, ɔma no baanu kyɛfa, ɛfiri sɛ ɔdɔ Hana, nanso AWURADE ato ne yafunu mu.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Nanso, Hana deɛ, na ne kyɛfa yɛ soronko, ɛfiri sɛ, na ɔdɔ no yie, ɛwom sɛ na Awurade mmaa no mma.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

5 Na Hana de, ɔma no baanu kyɛfa, efisɛ ɔdɔ no nanso AWURADE ato ne yafunu mu.

Ver Capítulo Copiar




1 Samuel 1:5
9 Referencias Cruzadas  

Na Yakob bo fuw Rahel bisaa no sɛ: So misi Nyankopɔn a ɔkame wo wo yam mma no ananmu anaa?


Ɔmaa wɔn nyinaa ntade nsakraho mmiako mmiako, na Benyamin de, ɔmaa no nnwetɛbona ahasa ne ntade nsakraho anum.


Esiane Abraham yere Sara ho asɛm no nti, na AWURADE ato Abimelek fifo mmea nyinaa yafunu mu.


Na Abram yere Sarai nwo mma no. Na ɔwɔ afanaa bi a ɔyɛ Misraimni a ne din de Hagar.


Na wogyigyee aduan no fii n'anim brɛɛ wɔn, na Benyamin de boroo wɔn nyinaa de so mpɛn anum. Na wɔnonnomee, na wɔne no ani gyei.


Sɛ ɔbarima bi wɔ yerenom baanu, na ɔdɔ obiako, na ɔnnɔ obiako, na nea ɔdɔ no no ne nea ɔnnɔ no no wowo mma ma no, na abakan no ne nea ɔnnɔ no no ba a,


Na Rahel hui sɛ ɔnwo mma Yakob no, ɔtwee ne nuabea no ho kora, na ɔka kyerɛɛ Yakob sɛ: Ma me mma, na anyɛ saa a, mewu.


Na Sarai yɛ obonin, onni ba.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios