Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




1 Samuel 1:16 - KYERƐW KRONKRON

16 Mfa w’abaawa nto ɔbea sansani bi ho, efisɛ m’awerɛhow ne me yaw dodow mu na makasa mabesi sesɛɛ yi.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

16 mfa w’abaawa nto ɔbaa huhuni bi ho, ɛfiri sɛ m’awerɛhoɔ ne m’ayamgya dodoɔ mu na makasa abɛsi sɛsɛɛ yi.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

16 Mesrɛ wo, mfa no sɛ meyɛ ɔbea omumɔyɛfo. Na anibere ne awerɛhow so na merebɔ mpae.”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

16 mfa w’abaawa nto ɔbaa huhuni bi ho, ɛfiri sɛ m’awerɛhoɔ ne m’ayamgya dodoɔ mu na makasa abɛsi sɛsɛɛ yi.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

16 Mesrɛ wo, mfa no sɛ meyɛ ɔbaa omumuyɛfoɔ. Na anibereɛ ne awerɛhoɔ so na merebɔ mpaeɛ.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

16 Mfa w’abaawa nto ɔbea sansani bi ho, efisɛ m’awerɛhow ne me yaw dodow mu na makasa mabesi sesɛɛ yi.

Ver Capítulo Copiar




1 Samuel 1:16
11 Referencias Cruzadas  

Na Eli mma no yɛ mmahuhufo; wommu AWURADE.


Mesrɛ wo, mma me wura mmfa ne koma nnto onipa huhuni Nabal yi so, na sɛ ne din te no, sɛ ɔte ara ne no, Nabal ne ne din, agyennyentwisɛm wɔ ne mu; na me, w’afenaa de, manhu me wura mmerante a wosomaa wɔn no.


Na nnipahunu bi kae sɛ: Oyi bɛyɛ dɛn na wagye yɛn? Na wobuu no animtiaa, na wɔamfa ayɛyɛde ammrɛ no. Nanso ɔyɛɛ sɛ nea ɔnte.


Mmarima mmabusufo bi asɔre wo mu adaadaa wɔn nkurɔfo sɛ: Momma yɛnkɔ nkɔsom anyame foforo a munnim wɔn, a,


Na Hana buae sɛ: Dabi, me wura, meyɛ ɔbea werɛhowfo. Bobesa ne nsa biara de, mennom bi ɛ, na mihwiee me kra miguu AWURADE anim.


Ɛnna Eli buae sɛ: Fa asomdwoe kɔ, na Israel Nyankopɔn bɛma wo w’ade a wosrɛɛ no hɔ no.


Wɛn w’aso ma me, na gye me so. M’adwene nnwam me nkɔmmɔ mu, na misi apini,


ɛnne pɛ mu hwehwɛ mu na bisabisa mu yiye; na hwɛ, sɛ asɛm no wom ampa sɛ wɔayɛ saa akyide yi wɔ wo mu a,


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios