Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




1 Samuel 1:1 - KYERƐW KRONKRON

1 Na Efraimni barima bi wɔ hɔ a ofi Ramataim a ɛwɔ Efraim bepɔw no so a ne din de Elkana. Ɔyɛ Yeroham ba, na ne nana ne Elihu. Elihu nso yɛ Tohu ba na ne nana ne Suf.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

1 Na Efratini barima bi wɔ hɔ a ɔfiri Ramataim-sofim, Efraim bepɔ soɔ a ne din de Elkana, Suf ba, Tohu ba, Elihu ba, Yeroham ba.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Na ɔbarima bi fi Ramataim-Sofim a ɛwɔ Efraim bepɔw asase so a ne din de Elkana. Na Elkana yi yɛ Yeroham babarima ne Elihu nena nso. Na wofi Tohu fi, a ɛwɔ Suf abusua mu.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

1 Na Efratini barima bi wɔ hɔ a ɔfiri Ramataim-sofim, Efraim bepɔ soɔ a ne din de Elkana, Suf ba, Tohu ba, Elihu ba, Yeroham ba.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Na ɔbarima bi firi Ramataim-Sofim a ɛwɔ Efraim bepɔ asase so a ne din de Elkana. Na Elkana yi yɛ Yeroham babarima ne Elihu nana nso. Na wɔfiri Tohu fie, a ɛwɔ Suf abusua mu.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

1 Na Efraimni barima bi wɔ hɔ a ofi Ramataim a ɛwɔ Efraim bepɔw no so a ne din de Elkana. Ɔyɛ Yeroham ba, na ne nana ne Elihu. Elihu nso yɛ Tohu ba na ne nana ne Suf.

Ver Capítulo Copiar




1 Samuel 1:1
21 Referencias Cruzadas  

Elkana ba, Yeroham ba, Eliel ba, Toa ba,


Na wɔsɔree anɔpatutu kɔsɔree wɔ AWURADE anim, na wɔsan baa wɔn fi wɔ Rama. Na Elkana ne ne yere Hana dae, na AWURADE kaee no;


Ɔbarima no din de Elimelek, na ne yere din de Naomi, na ne mmammarima baanu no din de Mahlon ne Kilion, wɔyɛ Efratifo a wofi Betlehem a ɛwɔ Yuda. Na woduu Moab asase so, na wɔtenaa hɔ.


Nso Efratini bi a wɔfrɛ no Dawid, a ofi Betlehem Yuda, wɔfrɛ n’agya se Yese, na ɔwɔ mmammarima baawɔtwe. Saul bere so no, na ɔbarima no abɔ akora adi mfe ara sann.


Na woduu Suf asase so no, Saul ka kyerɛɛ n’abofra sɛ: Bra ma yɛnsan nkɔ, na m’agya annyae mfurum no ho dwen ammedi yɛn ho nkɔmmɔ.


Na nna no mu a ɔhene bi nni Israel no, Lewini bi wɔ hɔ a wakɔsoɛ hɔho Efraim bepɔw asase no so akyirikyiri baabi, na ɔwaree ɔbea bi fii Betlehem Yuda.


Na ɔbarima bi wɔ hɔ a ofi Efraim bepɔw so a wɔfrɛ no Mika.


Na eduu anwummere no, ɔdefo bi a ofi Arimatea a wɔfrɛ no Yosef a ɔno nso adan Yesu suani bae;


Na Gilead faa Yordan atwae twaree Efraim; na sɛ Efraim aguanfo no mu bi ka sɛ: Ma mintwa, a, ɛnne Gilead mmarima no bisaa no sɛ: Woyɛ Efraimni anaa? Na ose: Dabi,


Na Aaron ba Eleasar nso wui, na wɔkoraa no Gibea, ne ba Pinehas kurow a wɔde maa no, Efraim bepɔw so no mu.


Na Nebat ba Yeroboam, Efraimni a ofi Sereda, a ɔyɛ Solomon akoa, na ne na din de Serua, ɔbea kunafo bi, nso tew ɔhene so atua.


na Obed woo Yese, na Yese woo Dawid.


Na Elkana kɔɔ ne fi Rama; na abofra no som AWURADE, ɔsɔfo Eli anim.


Na ɔsan ba Rama, na ɛhɔ na ne fi wɔ; na odi Israel so wɔ hɔ, na osii afɔremuka wɔ hɔ maa AWURADE.


Kehat mma ne: Ne ba Aminadab, ne ba Kora, ne ba Asir,


Na eyinom ne wɔn a wogyinaa hɔ ne wɔn mma no: Kohat mma no mu: Odwontofo Heman, Yoel ba, Samuel ba,


Na ɔte Debora kyeresia ase, Rama ne Betel ntam, Efraim bepɔw so; na Israelfo foro baa ne nkyɛn sɛ onni wɔn anim.


Na wɔkɔfaa Efraim bepɔw so, na wɔfaa Salisa asase so, nanso wɔanhu wɔn; na wɔfaa Saalim asase so, nanso na wonni hɔ; na wɔfaa Benyamin asase so, nanso wɔanhu wɔn.


na Ahitub woo Sadok, na Sadok woo Salum,


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios