Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




1 Mose 9:2 - KYERƐW KRONKRON

2 Na mo ho hu ne mo ho suro mmra asase so mmoadoma nyinaa ne wim nnomaa nyinaa, nea ɛwea fam nyinaa ne ɛpo mu mpataa nyinaa so; mo nsa na wɔde wɔn ahyɛ.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

2 Na mo ho hu ne mo ho suro mmra asase so mmoadoma nyinaa ne ewiem nnomaa nyinaa, deɛ ɛwea fam nyinaa ne ɛpo mu mpataa nyinaa so; mo nsa na wɔde wɔn ahyɛ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Mo ho hu ne mo ho suro bɛtɔ mmoa a wɔwɔ asase so nyinaa ne wim nnomaa nyinaa ne abɔde a wɔwɔ asase so ne nsu mu mpataa nyinaa so. Wɔn nyinaa hyɛ mo nsa.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

2 Na mo ho hu ne mo ho suro mmra asase so mmoadoma nyinaa ne ewiem nnomaa nyinaa, deɛ ɛwea fam nyinaa ne ɛpo mu mpataa nyinaa so; mo nsa na wɔde wɔn ahyɛ.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Mo ho hu ne mo ho suro bɛtɔ mmoa a wɔwɔ asase so nyinaa ne ewiem nnomaa nyinaa ne abɔdeɛ biara a wɔnam asase so ne nsuo mu mpataa nyinaa so. Wɔn nyinaa hyɛ mo nsa.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

2 Na mo ho hu ne mo ho suro mmra asase so mmoadoma nyinaa ne wim nnomaa nyinaa, nea ɛwea fam nyinaa ne ɛpo mu mpataa nyinaa so; mo nsa na wɔde wɔn ahyɛ.

Ver Capítulo Copiar




1 Mose 9:2
16 Referencias Cruzadas  

Na ntɔteboa ne ntakraboa ne mmoa a wɔwea ne mmoa a ɛwɔ po mu su nyinaa, nnipa de wɔn su dwudwo wɔn, na wɔadwudwo wɔn.


Na Onyankopɔn hyiraa wɔn, na Onyankopɔn ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monwo, na monnɔre, na monyɛ asase so ma, na monni so tumi, na munni ɛpo mu mpataa ne wim nnomaa ne mmoa a wɔkeka wɔn ho wɔ asase so nyinaa so.


Na mɛpam apam bi mama wɔn ɛda no, me ne wuram mmoadoma ne wim nnomaa ne mmoa a wɔwea fam, na mebubu ɔta ne nkrante ne akodi afi asase no so, na mama wɔatena dwoodwoo.


Na me ne wɔn bɛpam asomdwoe apam, na matɔre mmoa bɔne ase, asase no so, na wɔatena sare so dwoodwoodwoo, na wɔadeda kwae mu.


Na mɛma ɔmannwoe aba asase no so, na moada na obiara anyi mo hu; na mɛsɛe mmoa bɔne afi asase no so, na nkrante remfa mo asase so.


Na wosiim sɛ wɔrekɔ no; Onyankopɔn ho hu baa nkurow a atwa wɔn ho ahyia no so, na wɔantiw Yakob mma no.


Na AWURADE Nyankopɔn de dɔte nwenee wuram mmoadoma nyinaa ne wim nnomaa nyinaa, na ɔde wɔn baa onipa no nkyɛn sɛ obehu sɛnea ɔbɛfrɛ wɔn. Na nea onipa de frɛɛ abɔde a ɛte ase biara no, ɛno ara ne ne din.


Na mɛsoma wuram mmoa aba mo mu, na wɔagye mo nsam mma, na wɔasɛe mo afieboa, na wɔama moasua, na mo akwan ayɛ akwan fo.


Na Onyankopɔn bɔɔ nsuboa akɛse ne abɔde a ɛte ase a ɛkeka ne ho a ɛyɛ nsu mu manyamanya nyinaa, sɛnea wɔn su te, ɛne nnomaa a wɔwɔ ntaban nyinaa, sɛnea wɔn su te. Na Onyankopɔn hui sɛ eye.


Na Onyankopɔn hyiraa Noa ne ne mma, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ Monwo na monnɔɔso, na monhyɛ asase so ma.


Nea ɛkeka ne ho a ɛwɔ nkwa nyinaa, ɛnyɛ mo aduan; mede ne nyinaa mama mo, sɛnea mede nhabanmono memaa mo no.


Na Onyankopɔn kae sɛ: Momma yɛnyɛ onipa wɔ yɛn suban so sɛ yɛn sɛso, na wonni ɛpo mu mpataa ne wim nnomaa ne ntɔteboa ne mmoa a wɔwea asase so nyinaa so.


So n’ahoɔden so nti, wode wo ho bɛto no so, na woagyaw w’adwuma ama no anaa?


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios