Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




1 Mose 6:2 - KYERƐW KRONKRON

2 Onyankopɔn mma huu nnipa mmabea sɛ wɔn ho yɛ fɛ, na wɔwarewaree wɔn mu biara a wɔpɛ.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

2 Nyankopɔn mma hunuu nnipa mmammaa sɛ wɔn ho yɛ fɛ, na wɔwarewaree wɔn mu biara a wɔpɛ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Onyankopɔn mmabarima no huu sɛ nnipa mmabea no ho yɛ fɛ, nti nea obiara pɛ no no, ɔfaa no waree.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

2 Nyankopɔn mma hunuu nnipa mmammaa sɛ wɔn ho yɛ fɛ, na wɔwarewaree wɔn mu biara a wɔpɛ.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Onyankopɔn mmammarima no hunuu sɛ nnipa mmammaa no ho yɛ fɛ enti, deɛ obiara pɛ no no, ɔfaa no wareeɛ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

2 Onyankopɔn mma huu nnipa mmabea sɛ wɔn ho yɛ fɛ, na wɔwarewaree wɔn mu biara a wɔpɛ.

Ver Capítulo Copiar




1 Mose 6:2
31 Referencias Cruzadas  

Na nea ɛwɔ wiase nyinaa, honam akɔnnɔ ne aniwa akɔnnɔ ne asetena mu ahohoahoa, emfi Agya no, na mmom efi wiase.


wɔwɔ aniwa a awaresɛe ahyɛ no mama, a ɛrennwo wɔ bɔne ho da, wɔdaadaa akra a wɔn ase nnya ntimii ɛ, wɔwɔ koma a aben anibere mu, wɔyɛ nnome mma,


Na afei mommfa mo mmabea mmma wɔn mmammarima, na munnnye wɔn mmabea mmma mo mmammarima, na monnhwehwɛ wɔn ɔmannwoe ne wɔn yiyedi ara da, nea ɛbɛyɛ na moayɛ den na moadi asase no so nnepa, na mode agyaw mo mma ma wɔadi so akosi daa.


Na ɛbae sɛ da bi anwummere a Dawid asɔre afi ne nnae so na ɔnenam ɔhene dan atifi no, ofi ɔdan no atifi hɔ huu ɔbea bi sɛ ɔreguare na ɔbea no, wohwɛ no a, ne ho yɛ fɛ sɛ.


AWURADE mo Nyankopɔn mma ne mo, monnsesa mo ho nkamaa na mommmɔ tikwaw mmma owufo biara;


na woanware ne mmabea no bi amma wo ba, na ne mmabea no anni wɔn anyame no akyi ammɔ aguaman, na wɔamma wo mmammarima nso ankodi wɔn anyame no akyi ammɔ aguaman.


Na Rebeka ka kyerɛɛ Isak sɛ: Het mmabea nti m'asetena afono me. Sɛ Yakob kɔware yere Het mmabea mu, sɛ eyinom a wɔwɔ ha yi a na memmrɛ ngui ɛ, na mete ase yɛ dɛn?


na mɛma woaka AWURADE, ɔsoro ne asase Nyankopɔn, ntam sɛ: Worenware Kanaanfo a mete wɔn mu yi mmabea mu bi mma me ba.


Na Set nso, wɔwoo ba maa no, na ɔtoo no din Enos. Ɛbere no mu na wofii ase bɔɔ AWURADE din sɔree no.


Na ɔbea no hui sɛ dua no ye sɛ wodi, na ɛyɛ aniwa fɛ, na dua no dɔ kɔn na ɛbɛtew ani no, ɔtew n'aba no bi, na odii, na ɔde bi maa ne kunu a ɔka ne ho no nso, na odii.


na mayɛ mo agya, na moayɛ me mmammarima ne mmabea, Awurade Tumfo na ose.


Ɔbea kunu te ase no, na mmara akyekyere no; na sɛ ne kunu no ka baabi a, na ɔde ne ho, na ɔwɔ ho kwan sɛ ɔware obiara a ɔpɛ, na mmom Awurade mu nko na ɔnyɛ.


Adɛn, Onyankopɔn ammɔ mo biako a ne su wɔ mo mu, so, mobɛwo mma a wɔyɛ Nyamesurofo? Enti monhwɛ mo ho yiye mo honhom ho, na ntwa wo mmerantebere mu yere nkontompo.


Yuda atwa nkontompo na wɔayɛ akyide Israel ne Yerusalem mu. Na Yuda ahura Awurade kronkronbea a ɔdɔ no ho, na wakɔware onyame nanani babea.


Na wo ara wone yɛn agya; na Abraham nnim yɛn, na Israel nhu yɛn: Wo, AWURADE ara ne yɛn agya, yɛn gyefo ne wo din fi tete bemee.


Apam na me ne m’aniwa apam, na adɛn na memfa m’ani menkari ɔbaabun?


Na nnipa fii ase redɔɔso wɔ asase so na wɔwoo mmabea maa wɔn no,


Na AWURADE kae sɛ: Me honhom rentena onipa mu nkosi daa, efisɛ wɔyɛ ɔhonam, enti wɔn nna nyɛ mfe ɔha aduonu.


Na ɔreyɛ adu Misraim asase so no, ɔka kyerɛɛ ne yere Sarai sɛ: Hwɛ, minim sɛ woyɛ ɔbea a wo ho yɛ fɛ,


Na wɔhyɛɛ Isak ne Rebeka awerɛhow.


Na ɛbae sɛ da bi Onyankopɔn mma no bae begyinaa AWURADE anim, na Satan nso dii wɔn mu bae.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios