Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




1 Mose 48:3 - KYERƐW KRONKRON

3 Na Yakob ka kyerɛɛ Yosef sɛ: Onyankopɔn Tweaduampɔn yii ne ho kyerɛɛ me wɔ Lus a ɛwɔ Kanaan asase so, na ohyiraa me,

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

3 Na Yakob ka kyerɛɛ Yosef sɛ: Onyankopɔn Tweaduampɔn yii ne ho kyerɛɛ me wɔ Lus a ɛwɔ Kanaan asase soɔ, na ɔhyiraa me

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Yakob ka kyerɛɛ Yosef se, “Otumfo Nyankopɔn yii ne ho adi kyerɛɛ me wɔ Lus a ɛwɔ Kanaan asase so. Ɛhɔ na ohyiraa me,

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

3 Na Yakob ka kyerɛɛ Yosef sɛ: Onyankopɔn Tweaduampɔn yii ne ho kyerɛɛ me wɔ Lus a ɛwɔ Kanaan asase soɔ, na ɔhyiraa me

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Ɛnna Yakob ka kyerɛɛ Yosef sɛ, “Otumfoɔ Onyankopɔn yii ne ho adi kyerɛɛ me wɔ Lus a ɛwɔ Kanaan asase so. Ɛhɔ na ɔhyiraa me,

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

3 Na Yakob ka kyerɛɛ Yosef sɛ: Onyankopɔn Tweaduampɔn yii ne ho kyerɛɛ me wɔ Lus a ɛwɔ Kanaan asase so, na ohyiraa me,

Ver Capítulo Copiar




1 Mose 48:3
12 Referencias Cruzadas  

Na Abram dii mfirihyia aduakron akron no, AWURADE yii ne ho adi kyerɛɛ no sɛ: Mene Nyankopɔn, Tweaduampɔn, nantew m'anim, na yɛ pɛ.


Na mɛma woadɔ pii pa, na mɛyɛ wo aman, na ahene afi wo mu.


Na Onyankopɔn Tweaduampɔn nhyira wo, na ɔmma wonnɔ, na ɔmma wonyɛ bebree, na woayɛ aman asafo;


Na wɔkɔka kyerɛɛ Yakob sɛ: Hwɛ, wo ba Yosef reba wo nkyɛn. Na Israel miaa n'ani tenaa ne mpa so.


Efi w'agya Nyankopɔn, ɔmmoa wo, na efi Tweaduampɔn hɔ, onhyira wo, ɔmfa ɔsorosoro nhyira, ne ebun a ɛtrɛtrɛw ase mu nhyira, ne nufu ne yafunu mu nhyira, nhyira wo.


na miyii me ho mekyerɛɛ Abraham, Isak ne Yakob sɛ Onyankopɔn Tweaduampɔn, na me din YHWH (AWURADE) no de, mamma wɔamfa anhu me.


ɔne ɔbɔfo no koe, na otumii; osui na ɔpaa no kyɛw; ohuu no Betel, na ɛhɔ na ɔne yɛn kasae.


Ekura Onyankopɔn anuonyam. Nea ɛmaa no hyerɛn no te sɛ ɔbo a ne bo yɛ den papa, te sɛ ahwehwɛbo a emu tew sɛ ahwehwɛ.


Na Yosef mma no soma ma wɔkɔsraa Betel, kan no na kurow no din de Lus.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios