Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




1 Mose 4:8 - KYERƐW KRONKRON

8 Na Kain ka kyerɛɛ ne nua Habel sɛ ɔmma wɔnkɔ afum, na ɛbae sɛ wɔwɔ afum no, Kain sɔre hyɛɛ ne nua Habel, na okum no.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

8 Na Kain ka kyerɛɛ ne nua sɛ, ma yɛn nkɔ afuom. Na ɛbaa sɛ wɔwɔ afuom no, Kain sɔre tiaa ne nua Habel, na ɔkumm no.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 Da bi Kain ka kyerɛɛ ne nua Habel se, “Ma yɛnkɔ afum.” Bere a wɔwɔ afum hɔ no, Kain tow hyɛɛ ne nua Habel so, kum no.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

8 Na Kain ka kyerɛɛ ne nua sɛ, ma yɛn nkɔ afuom. Na ɛbaa sɛ wɔwɔ afuom no, Kain sɔre tiaa ne nua Habel, na ɔkumm no.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 Ɛda bi Kain ka kyerɛɛ ne nua Habel sɛ, “Ma yɛnkɔ afuom.” Ɛberɛ a wɔwɔ afuom hɔ no, Kain to hyɛɛ ne nua Habel so, kumm no.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

8 Na Kain ka kyerɛɛ ne nua Habel sɛ ɔmma wɔnkɔ afum, na ɛbae sɛ wɔwɔ afum no, Kain sɔre hyɛɛ ne nua Habel, na okum no.

Ver Capítulo Copiar




1 Mose 4:8
23 Referencias Cruzadas  

Na Adam ne ne yere dae bio, na ɔwoo babarima, na ɔtoo no din Set a ase ne: Nsiananmu, sɛ Onyankopɔn de ɔba foforo asi me Habel a Kain kum no no anan mu.


Na w’afenaa wɔ mmammarima baanu na wɔn baanu no kɔkoe wuram na ɔpatafo bi nni hɔ na obiako bɔɔ obiako ma owui.


Na Abner san baa Hebron no, Yoab de no man kɔɔ kurow pon no mu, sɛ ɔne no kɔkasa brɛoo, ɛhɔ na ne nua Asahel mogya nti ɔkɔwɔɔ ne yafunum ma owui.


Na Yehoram sɔre dii n’agya ahenni no so no, ɔhyɛɛ ne ho den, na ɔde nkrante kunkum ne nuammarimanom nyinaa ne Israel mmapɔmma mu binom nso.


Sanbalat ne Gesem soma baa me nkyɛn sɛ: Bra ma yenhyia wɔ nkuraa a ɛwɔ Ono Asasetɛtrɛɛ no mu. Na wɔn de, bɔne na wɔredwen me ho.


Ɛno na wobɛma w’ani so a wunni dɛm, na wubetim pintinn a worensuro.


O, Onyankopɔn, sɛ wubekum ɔbɔnefo, na mogyapɛfo afi me so akɔ ɛ!


N’anom nsɛm yɛ ahuhusɛm ne nnaadaa, wagyae nimdeɛ sua ne papayɛ.


N’anom nsɛm yɛ fekɔɔ sen bɔta, nanso ɔko wɔ ne komam. Ne nsɛm mu dwo bɛtɛɛ sen ngo, nanso ɛyɛ mfoa a wɔatwe.


Ntanka ne nkontompo ne awudi ne awi ne awaresɛe na ɛwɔ hɔ; wodi akakabensɛm na mogyahwiegu toa mogyahwiegu so.


Na ɔbabanin bu n’agya ɔsesafo, ɔbabea sɔre hyɛ ne na, osew sɔre hyɛ n’ase, onipa fifo yɛ n’atamfo.


Na sɛ ɔtan so na ɔpem no, anaasɛ ɔboapa tow biribi bɔ no ma owu,


na mogya trenee a wɔahwie agu asase so nyinaa, efi Habel trenee mogya so de besi Barakia ba Sakaria a mukum no asɔredan ne afɔremuka ntam no mogya so aba mo so.


efi Habel mogya so de kosi Sakaria a ɔtɔe afɔremuka ne asɔredan ntam no mogya so. Yiw, mise mo sɛ, wɔbɛhwehwɛ wɔ nnɛ mma yi nsam.


Na Yesu bisaa no sɛ: Yuda, wode mfewano na ɛreyi Onipa Ba no ama?


Gyidi na Habel de bɔɔ afɔre a ɛso kyɛn Kain de maa Onyankopɔn. Ɛno so na ɔnam nyaa adanse sɛ ɔteɛ, efisɛ Onyankopɔn dii n’ayɛyɛde ho adanse, na ɛno so na ɔnam wui a ɔda so kasa.


ne Apam foforo ntamgyinafo Yesu, ne mogya a wɔpete a ɛkasa yiye sen Habel de ho.


Wonnue, efisɛ wɔafa Kain kwan so, na mfaso nti, wɔde wɔn ho akɔhyɛ Bileam nnaadaasɛm mu, na wɔayera Kora atuatew mu.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios